Walewale (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Walewale
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniWest Mamprusi District
MantamNorth East Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
Created2021
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPLariba Abudu

Walewale (About this soundPronunciation of "Walewale" ) yɛ mpesua nom baako a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbedwam. Wɔyi mmarahyɛbedwanii baako a ne din wɔ abatoɔ nkrataa nom a ɔgyina hɔ ma saa mpɛsoa no. Walewale wɔ West Mamprusi mansini adantam a ɛwɔ atifi apueɛ mantam wɔ Ghana. Ɛyɛ mansini adantam ahenkuro a ɛwɔ West Mamprusi mansini nom.[1] Ɛnkane no na wɔfrɛ mpesua no West Mamprusi mpesua.

Ɛhyeɛ[sesa]

Mpesua no akonnwa no hyɛ Nanumba South mansini a ɛwɔ atifi mantam wɔ Ghana.

Mmarahyɛbadwafoɔ[sesa]

Wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu (1992) nom no, Ben Baluri Saibu a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress mu na ɔdii nkunim wɔ abatoɔ nom. Sussana Adams a ɔno nso wɔ National Democratic Congress nso peree mpesua no akonnwa no afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) a ɔnyaeɛ. People's National convention anamusini Issifu Asumah nso gyinaa maa mpesua no wɔ mfeɛ mpem mmienu (2000). Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan (2004) mu no kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress de anamusini foforɔ, Alidu Iddrisu Zakari ba ma no bɛperee akonnwa.

Abatoɔ[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ wɔ Walewale no, nnipa num na ɛgyina maa mpesua no. Alidu Iddrisu Zakari a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nyaa mma mpem du mmiɛnsa, ahannwɔtwe ne aduasa nkron (13,839) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduanan akyirepɔ nsia(40.6). Ɔsono amanyɔkuo New patriotic party anamusini Nabila Sulemana nso nyaa mma mpem du mmienu, ahannwɔtwe ne aduonu nnwɔtwe (12,828) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduasa nson akyirepɔ nsia(37.6). Mma mpem nson ne aduonu(7,020) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonu akyirepɔ nsia(20.6) na people's National convention anamusini Abdallah Abubakar nyaeɛ. Akokɔ amanyɔkuo convention people's party anamsini Azaratu Iddrisu Sampa nyaa ahanu ne aduosia num(265) a ɛyɛ akyirepɔ nnwɔtwe (0.8). Adam Mampaya Dadimsugru a ɔwɔ Democratic freedom party nyaa mma no ɔha ne aduosia baako (161) a ɛyɛ akyirepɔ num(0.5).

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan (2004) Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ wɔ Walewale no nnipa nan na ɛperee mpesua no akonnwa no. Alidu Iddrisu Zakari a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress sane peree akonnwa no wɔ saa afe nom a ɔnyaa mma mpem du baako, ahanu ne aduonum num(11,255) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduasa num akyirepɔ mmiɛnsa (35.3). Ɔsono amanyɔkuo New patriotic party anamusini Nabila Sulemana nso nyaa mma mpem du, ahanan ne aduokron (10,490) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduasa mmienu akyirepɔ nsia(32.6). Mma mpem du ne nson(10,007) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduasa baako akyirepɔ baako (31.1) na people's National convention anamusini Mbah Jacob Kanzoni nyaeɛ. Ahmed Issahaku a ɔwɔwɔ akokɔ amanyɔkuo convention people's party anamsini nyaa mma ahasa ne aduonum nkron(359) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu baako akyirepɔ baako (1.1).

Wɔ mfeɛ mpem mmienu (2000) Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ West Mamprusi mpesua so no, nnipa num na ɛperee mpesua no akonnwa no. people's National convention anamusini Issifu Asumah nyaa mma mpem du nnwɔtwe, ahankron ne nson (18,907) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonum num akyirepɔ nan(55.4) National Democratic Congress anamusini Sussana Adams nso nyaa mma mpem du mmienu,ahanson ne aduasa num(12,735) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduasa nson akyirepɔ mmiɛnsa (37.3). Mma apem, ahanum ne nkron (1,509) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu nan akyirepɔ nan(4.4) na ɔsono amanyɔkuo New patriotic party anamsini Amadu Abdul-Karim nyaeɛ. Akokɔ amanyɔkuo convention people's party anamsini Shani Danladi nyaa ahansia ne aduasa baako (631) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu baako akyirepɔ nnwɔtwe (1.8).IIiasu Yusif a ɔwɔ National Reform Party nso nyaa mma ahasa ne aduasa nkron (339) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu baako (1.0).

Wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ wɔ Walewale no nnipa nan na ɛperee mpesua no akonnwa no. Kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress anamsini Susanna Adams nyaa mma mpem aduonu mmiɛnsa, ne aduonu baako (23,021) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduosia mmiɛnsa (63 .0). People's Convention party anamusini Stephen Sumani Nayina nso nyaa mma mpem nnwɔtwe, ahanson ne aduosia baako (8,761) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonu nan(24.0). Amadu Sulemana a ɔno nso wɔ People's National convention nyaa mma mpem mmiɛnsa, ahannwɔtwe ne aduasa mmiɛnsa (3,833) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu du akyirepɔ num (10.5). Sulemana Wakaso Musah a ɔwɔ National convention party nso nyaa mma ahankron ne aduasa nnwɔtwe (938) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu mmienu akyirepɔ num (2.5).

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Bureau, Communications. "North East Region Created; Nalerigu Is Capital". presidency.gov.gh. Retrieved 2020-09-03.