Tema West (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Tema West
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniTema Municipal District
MantamGreater Accra Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPKINGSLEY CARLOS AHENKORAH

Tema West yɛ mpɛsoa a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbedwam. Wɔyi mmarahyɛbedwanii baako a ne din wɔ abatoɔ nkrataa nom a ɔgyina hɔ ma saa mpɛsoa no. Tema West wɔ Tema mansini adantam a ɛwɔ Nkran punpuni mantam wɔ Ghana.

Ɛhyeɛ[sesa]

Mpɛsoa no hyɛ Nkran"Metropolitan" mansini a ɛwɔ Nkran punpuni mantam wɔ Ghana mu.

Mmarahyɛbedwafoɔ[sesa]

Wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu(1992) mu no Gladys Boateng a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress gyina maa mpɛsoa no. Abraham Ossei Aidoo a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party nso gyinaa hɔ maa mpɛsoa no wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996)nom. Irene Naa Torshie Addo a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party nso gyina maa mpɛsoa no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe (2008)nom. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia (2016) mu no Kingsley Carlos Ahenkorah peree mpɛsoa no akonnwa no.

Abatoɔ[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe (2008) Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ wɔ Tema West no nnipa mmiɛnsa na ɛgyina maa mpɛsoa. Ɔsono amanyɔkuo New patriotic party anamsini Irene Naa Torshie Addo nyaa.ma mpem aduasa nkron ne aduoson nsia(39,076) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonum num akyirepɔ baako (55.1). George K. Medie a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nso nyaa mpem aduasa, ahanan ne aduasa nan(30,434) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduanan mmienu akyirepɔ nkron (42.9). Isaac Kofi Asempa a ɔwɔ akokɔ amanyɔkuo convention people's party nso nyaa apem, ahasa ne aduowɔtwe mmienu (1,382) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu baako akyirepɔ nkron (1.9).

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia Ghana abatoɔ wɔ Tema West no[1] , nnipa num na ɛperee mpɛsoa no akonnwa no. Kingsley Carlos Ahenkorah a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party nyaa mma mpem aduanan nan, ahanum ne aduoson nkron(44,579) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonum nkron akyirepɔ aduonum mmienu (59.52). Kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress anamsini James Enu nyaa mma mpem aduonu nkron, ahanson ne aduanan mmienu (29, 742) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduasa nkron akyirepɔ aduoson baako (39.71). Marshall Dogbatsey nso nyaa mma ahanan ne nan(404) a ɛyɛ akyirepɔ aduonum nan(0.54%) wɔ progressive peoples party anan mu. Akokɔ amanyɔkuo convention people's party anamsini Peterkin Kwame Kin-Adano nyaa aduokron nkron (99) a ɛyɛ du mmiɛnsa. Awotwe Kwaku a ɔwɔ National Democratic party nso nyaa mma aduoson nnwɔtwe a ɛyɛ akyirepɔ du.

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. FM, Peace. "Ghana Election 2016 Results - Tema West Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2018-04-14.