Tamale Central (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Tamale Central
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniTamale Metropolitan District
MantamNorthern Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
Created2004
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MPAlhassan Fuseini Inusah

p

Tamale Central(About this soundpronunciation of"Tamale Central")  yɛ mansini nom baako a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbedwam. Wɔyi mmarahyɛbedwanii baako a ne din wɔ abatoɔ nkrataa nom a ɔgyina hɔ ma saa mpɛsoa no. Tamale Central wɔ Tamale"Metropolitan"mansini wɔ atifi mantam wɔ Ghana. Wɔtee mpesua no akonnwa wɔ berɛ a wɔreto mfeɛ mpem mmienu ne nan Ghana mmarahyɛbedwafoɔ aba no. Wɔm reto aba ayi obi ama no atena akonnwa a bi tenaa so akyɛ wɔ mpesua hɔ no wɔ Oforisuo bosome da a ɛtɔ nan wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nsia (4,april 200-) mu no, Alhassan Fuseini Inusah a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress na ɔdii nkunim a ɔnyaa mma dodoɔ a ɛyɛ mpem du nson, ahanum ne mmienu (17,502).[1] Ɛna Alhassan Wayo Seini a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nso twee ne diberɛ saneɛ de ne ho kɔbɔɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party nanso ɔdii ntwo wɔ abatoɔ nom.

Ɛhyeɛ[sesa]

Mpesua no akonnwa no wɔ Tamale mansini adantam a ɛwɔ Ghana atifi mantam.

Mmarahyɛbadwafoɔ.[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan nom no(2004) Alhassan Wayo Seini a ɔwɔ kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nkoa na ɛperee mpɛsoa no akonnwa no. Ɛna mfeɛ mpem mmienu ne nsia (2006) nso Alhassan Fuseini Inusah a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress na ɛbɛtenaa akonnwa no so.

Abatoɔ[sesa]

Wɔ berɛ a wɔreto aba ayi obi ama no atena akonnwa a asi hɔ akyɛ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nsia nom wɔ Tamale Central no nnipa num na ɛperee akonnwa no. Kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress anamsini Alhassan Fuseini Inusah nyaa mma mpem aduonu nkron, ne aduowɔtwe baako (29,081) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduosia nnwɔtwe akyirepɔ mmiɛnsa (68.3). Alhassan Wayo Seini a ɔnni amanyɔkuo biara mu nso nyaa mma mpem du baako,ahanum ne aduoson nkron (11,579) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonu nson akyirepɔ mmienu (27.2). Basharu Alhassan Daballi a ɔwɔ akokɔ amanyɔkuo convention people's party nso nyaa apem,ahasa ne aduosia num(1,365) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu mmiɛnsa akyirepɔ mmienu (3.2). Ahanan ne du nsia (416) a ɛyɛ akyirepɔ nkron (0.9) na Ahmed Abdul-Rahim a ɔnni amanyɔkuo biara mu nyaeɛ. Rita Adams Rukaya a ɛwɔ Democratic people's party nso nyaa ɔha ne aduonum nson(157) a ɛyɛ akyirepɔ mmiɛnsa (0.3)

Ɛwɔm sɛ Alhassan Wayo Seini afiri National Democratic Congress akɔ New patriotic party deɛ nanso berɛ a wɔn repɛ abi ama no asi akonnwa no so na ɔnni amanyɔkuo biara mu. Mfeɛ mpem mmienu ne nan(2004) Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ Tamale Central no, nnipa nan na na wɔn din wɔ abatoɔ nkrataa nom a wɔgyinaa hɔ maa mpɛsoa no. Alhassan Wayo Seini a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress no nyaa mma mpem aduasa num, ahannsia ne aduasa num(35,635) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonum nnwɔtwe akyirepɔ mmienu (58.2). Adam Mohammed Amin, ɔsono amanyɔkuo New patriotic party anamusini nso nyaa mpem aduonu mmienu,ahannsia ne du nan (24,614) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduanan akyirepɔ mmienu (40.2). Iddrisuɔwɔ People's National convention nyaa mma ahannsia ne aduokron mmiɛnsa (693) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu baako akyirepɔ baako (1.1). Dr. Adam Game Nasser a ɔwɔ akokɔ amanyɔkuo convention people's party nso nyaa mma ahasa ne aduonu nkron (329) a ɛyɛ akyirepɔ num(0.5).

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

.

  1. Minister commends Tamale Central electorate for peaceful election". Politics of Wednesday, 5 April 2006. Ghana Home Page. Retrieved 2007-05-16.