Takoradi (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Sekondi
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniShama Ahanta East Metropolitan District
MantamWestern Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPDarko-Mensah, Kwabena Okyere

Kwamena Okyere Darko-Mensah yɛ Mmarahyɛbadwani de ma Takoradi(About this soundpronunciation of"Takoradi")  mpɛsua no. Wɔtoo ne so aba de ma no wɔ Ɔsono Amanyɔkuo (NPP) no mu. Odii nkonim wɔ abatoɔ no mu a onyaa mma no mu apem dubaako ne aduanan mmiɛnsa (11,043) a ɔde bɛyɛɛ Mmarahyɛbadwani no. Mmarahyɛbadwani dadaw a na ɔwɔ mpɛsua no so yɛ Hon. Madam Gladys Asma a ɔkɔɔ ahomegyeɛ wɔ amanyɔkuo no mu ansana mfe mpem mmienu ne nwɔtwe (2008) Mmarahyɛbadwam abatoɔ no.

Sekondi mpɛsua a ɛwɔ Ghana Mmarahyɛbadwam

Darko-Mensah Kwabena Okyere yɛ Mmarahyɛbadwani de ma Ɔsono Amanyɔkuo (NPP) no wɔ Shama Ahanta Apuei mansini no mu wɔ Atɔeɛ Mantam wɔ Ghana.[1]

Nnoɔma ahodoɔ a ɛwɔ Takoradi.[sesa]

Takoradi wiemhyɛn gyinabea.[sesa]

Takoradi wiemhyɛn gyinabea no yɛ beaeɛ baako a ɛdi mu na ɛsombo yie pa ara wɔ Takorade ne Atɔeɛ mantam no nyinaa mu.[2][3] Ɛyɛ wiemhyɛn gyinabea a ɛtɔ so nan wɔ ɔman Ghana mu a ɛnni adaagye koraa, wɔ afe mpem mmienu ne nkron (2009) mu no, nhwehwɛmu kyerɛ sɛ akwantufoɔ a wɔfa Takoradi wiemhyɛn gyinabea hɔ tu kwan no dodoɔ yɛ apem ɔha ne du mmiensa, ahanwɔtwe ne mmiensa (113,803).[4]

Takoradi harbour[sesa]

Takoradi harbour wɔ Atɔeɛ mantam no mu wɔ Ghana. ɛwɔ beaeɛ a mfidie nnwuma beberee wɔ paa wɔ Takoradi, na ɛno nso ne harbour a akyɛ pa ara wɔ Ghana ha. ɔman Ghana wɔ harbour ahodoɔ mmienu pɛ, ɛne Takoradi harbour ne Tema harbour nko ara na ɛwɔ ɔman yi mu.[5][6]

Hwɛ bio

  • List of Ghana Parliament constituencies

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. [1] "Archived copy". Archived from the original on 2012-03-23. Retrieved 2013-04-29.
  2.  Data current as of October 2006. Source: DAFIF.
  3. Airport information for TKD at Great Circle Mapper. Source: DAFIF (effective October 2006).
  4. "Traffic Statistics - Domestic per airport" (PDF). Ghana Civil Aviation Authority. Retrieved 21 March 2021.
  5. "UNLOCODE (GH) - GHANA". service.unece.org. Retrieved 24 April 2020.
  6. https://en.wikipedia.org/wiki/Takoradi_Harbour