Suaman (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Suaman
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniAowin/Suaman District
MantamWestern North Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
Created2004
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MPStephen Michael Essuah Kofi Ackah

Suaman (About this soundpronounciation of Suaman ) yɛ mpesua no mu baako a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbedwam. Wɔyii mmarahyɛbedwani baako a ne din wɔ abatoɔ nkrataa no mu a ɔgyina hɔ ma saa mpesua no. Suaman wɔ Aowin/Suaman mansini a ɛwɔ atifi atɔeɛ mantam wɔ Ghana.[1] Suaman abatoɔ mpesua no yɛ abatoɔ mpesua nkron a ɛwɔ Western North mantam no mu wɔ Ghana.[2][3][4] Nkane no na wɔhyɛ Aowin/Suaman abatoɔ mpesua no mu. Yenyaa Suaman abatoɔ mpesua no wɔ ayɛwohomumɔ bosome no da a ɛtɔ so aduonu nwɔtwe wɔ afe mpem mmienu ne du-mmienu(2012) abatoɔ mu. Suaman abatoɔ mpesua no ahenkron ne Dadieso.[5]

Ɛhyeɛ[sesa]

Akonnwa no wɔ Aowin/Suaman mansini a ɛwɔ atifi atɔeɛ mantam wɔ Ghana. Wɔtee saa mpɛsoa yi wɔ berɛ a wɔrebɛto mfeɛ mpem mmienu ne nan ɔpɛnimaa Amanpaninfoɔ ne mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ a ɛfiri Aowin-Suaman mpɛsoa dada no akɔ Suaman ne Aowin mpɛsoa foforɔ no mu.[6] Suaman mansin no ne ɔman Ivory Coast bɔ ɔhye wɔ atɔe fam.[5][7]

Mmarahyɛbadwafoɔ[sesa]

Wɔ afe mpem mmienu ne nan mu no, amannyɔkuo akɛseɛ mmienu a ɛwɔ Ghana ha nyinaa de wɔn ananmusini baeɛ. NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no de ananmusini a yɛfrɛ no Owura Stephen Michael Essuah Kofi Ackah na ɛbae, ɛna NPP ɔsono amannyɔkuo no nso de Owura Prof Kojo Kwarteng na ɛbaeɛ. Abatoɔ no baa awieɛ no na NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no ananmusini a wɔde no bae no adi nkunim wɔ mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ mu.

Abatoɔ Ekuoba Amanyɔkuo
Mfeɛ mpem mmienu ne nan Stephen Michael Essuah Kofi Ackah Kyineeɛ amanyɔkuo"National Democratic Congress"

Abatoɔ[sesa]

Afe mpem mmienu ne nan mmarahyɛbadwam akonnwa abatoɔ:Suaman[sesa]

wɔ afe mpem mmienu ne nan Ghana mmarahyɛbedwam akonnwa abatoɔ mu wɔ suaman abatoɔ mpesua so no, NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no ananmusini a yɛfrɛ no Owura Stephen Michael Essuah Kofi Ackah nyaa mma no mu Mpem nsia, ahankron ne aduasa baako (6,931) a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu a ɛgyina hɔ ma Ɔha mu nkyekyɛmu aduonum nson ne akyire pɔ nnwɔtwe (57.8%). Owura Stephen Michael Essuah Kofi Ackah de mma Mpem nsia, ahankron ne aduasa baako (6,931) na ɛdii nkunim wɔ mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ mu wɔ Suaman abatoɔ mpesua so.

saa ara nso na NPP Ɔsono amannyɔkuo no de ananmusini a yɛfrɛ no Owura Prof Kojo Kwarteng na ɛbɛsii wɔn anan mu. Abatoɔ no baa awieɛ no, na NPP Ɔsono amannyɔkuo no ananmusini no anya mma no mu Mpem num , ne aduosia mmiɛnsa (5,063) a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu mu a, ɛgyina hɔ ma Ɔha mu nkyekyɛmu aduanan mmienu ne akyire pɔ mmienu (42.2%). Owura Prof Kojo Kwarteng de mma Mpem num , ne aduosia mmiɛnsa (5,063) na ɛtɔɔ so mmienu wɔ mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ mu wɔ Suaman abatoɔ mpesua so.

Amanyɔkuo Anamsini Mma Ɔhamu nkyekyɛmu +-%
Kyieeɛ amanyɔkuo"National Democratic Congress" Stephn Michael Essuah Kofi Ackah Mpem nsia, ahankron ne aduasa baako Ɔhamu nkyekyɛmu aduonum nson akyirepɔ nnwɔtwe N/A
Ɔsono amanyɔkuo"New patriotic party" Prof Kojo Kwarteng Mpem num , ne aduosia mmiɛnsa Ɔhamu nkyekyɛmu aduanan mmienu akyirepɔ mmienu N/A
Dɔm Apem, ahannwɔtwe ne aduosia nnwɔtwe Ɔhamu nkyekyɛmu du num akyirepɔ nsia N/A
Nnipa Dodoɔ a Ɛtoo Aba Mpem du mmienu ne aduonum mmiɛnsa Ɔhamu nkyekyɛmu aduowɔtwe mmiɛnsa akyirepɔ nan

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Bureau, Communications. ""Sefwi Wiawso Is Capital Of Western-North Region" – President Akufo-Addo". presidency.gov.gh. Retrieved 2020-09-04.
  2. Archive copy, archived from the original on 2021-12-01, retrieved 2021-12-06{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  3. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2020/parliament/westernnorth/
  4. "Archive copy". Archived from the original on 2021-12-06. Retrieved 2021-12-06. {{cite web}}: Unknown parameter |dead-url= ignored (help)CS1 maint: archived copy as title (link)
  5. 5.0 5.1 https://www2.statsghana.gov.gh/docfiles/2010_District_Report/Western/SUAMAN.pdf
  6. Electoral Commission of Ghana (November 2005). "The 2004 Presidential and Parliamentary Elections" (PDF). Elections 2004:Ghana's Parliamentary and Presidential Elections. Electoral Commission of Ghana, with support of the Friedrich Ebert Stiftung, Accra. pp. Page 11. Retrieved 2007-08-14.
  7. https://yen.com.gh/187124-list-western-north-region-districts-capitals.html