Sissala West (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Sissala West(About this soundpronunciation of"Sissala West")  ka mpɛsoa a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbedwam no ho. Wɔyi mmarahyɛbedwanii baako a ne din wɔ abatoɔ nkrataa nom a ɔgyina hɔ ma saa mpɛsoa no. Sissala West wɔ Sissala West mansini a ɛwɔ atɔeɛ do mantam wɔ Ghana.Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ nom na wɔtee saa mpɛsoa no.

Ɛhyeɛ[sesa]

Mpɛsoa no akonnwa no hyɛ Sissala West mansini a ɛwɔ atɔeɛ do mantam wɔ Ghana. N'ayɔkofoɔ a wɔ ne wɔn te wɔ atɔeɛ f ne Jirapa, Lambussie ne Nadowli East. Atifi fam deɛ yɛ Burkina Faso. Nadowli East mpɛsoa no toa so twa anaafoɔ fam no hyia ɛna Sissala East mpɛsoa no nso twa apueɛ hyia.

Abakɔsɛm[sesa]

Ghana abatoɔ kɔmisa ne nnipa afoforɔ aduonu nkron na wɔtee mpɛsoa no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan mu, a ɛtoo mpɛsoa nom firii ahanu dekɔɔ ahanu ne aduasa. Wɔyɛɛ yie wɔ aberɛ a wɔkyɛɛ Sissala mpɛsoa a wɔdikan teeɛ nom dekɔɔ Sissala East ne Sissala West mpɛsoa wɔ ne nnidisoɔ so.[1]

Mmarahyɛbedwafoɔ[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu nom no, Haruna Bayirga wɔ ɔwɔ People's National convention gyinaa hɔ maa mpɛsoa no. Amin Amidu Sulemana a ɔne wɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nso gyinaa maa mpɛsoa no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu nom wɔ Sissala West mpɛsoa so.

Abatoɔ[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ nom wɔ Sissala West no, nnipa num na na wɔn din wɔ abatoɔ nkrataa nom a wɔgyinaa hɔ maa mpɛsoa no.Wɔn din na edidi soɔ yi. Haruna Bayirga a na ɔwɔ People's National convention nyaa mma mpem num, ahankron ne aduonum(5,950) a ɛne ɔhamu nkyekyɛmu aduasa nson akyirepɔ baako (37.1)yɛ pɛ. Robert Bakah Wavei a na ɔno wɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nso nyaa mma mpem num, ahasa ne baako (5,301) a ɛne ɔhamu nkyekyɛmu aduasa mmiɛnsa akyirepɔ baako (33.1)yɛ pɛ. Ɛna George Hikah Benson nso nyaa mma mpem nan, ahanum ne du nson (4,517) a ɛne ɔhamu nkyekyɛmu aduonu nnwɔtwe akyirepɔ mmienu (28.2)yɛ pɛ a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party. J.B Adunah a ɔwɔ akokɔ amanyɔkuo convention peope's party nso nyaa mma apem ne aduokron nson(197) a ɛne ɔhamu nkyekyɛmu baako akyirepɔ mmienu (1.2)yɛ pɛ. Na Ibrahim Lious nso a ɔwɔ Democratic freedom party nso nyaa mma aduonum nson(57) a ɛne akyirepɔ nan (0.40) yɛ pɛ. Abatoɔ kɔmisa bobɔɔ mma no nyinaa wieeɛ no Haruna Bayirga na ɔnyaa akonnwa no wɔ Sissala West mpɛsoa no so.

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Elections 2004: Ghana's Parliamentary and Presidential Elections" (PDF). Friedrich Ebert Foundation and Electoral Commission of Ghana. November 2005. p. 13. Retrieved 2009-05-08.