Sekondi (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Sekondi
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniShama Ahanta East Metropolitan District
MantamWestern Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPAndrew Egyapa Mercer

Sekondi(About this soundpronunciation of"Sekondi")  mpɛsoa no yɛ Gaana mmarahyɛbadwam mpɛsoa no mu baako. Ɛde first past the post abatoɔ yii mmarahyɛbadwani baako. Sekondi wɔ Sekondi Takoradi ahenkuro nhyiam mansini no mu a ɛwɔ atɔeɛ mantam mu wɔ Gaana. Amanyɔkuo a ɛte so siesie wɔ mpɛsoa no so ne ɔsono amanyɔkuo ( NPP l a mansoani Andrew Egyapa Mercer[1] yɛ wɔn mmarahyɛbadwani.

Sekondi-Takoradi yɛ nkuro ahodoɔ mmienu a ɛyɛ Sekondi ɛneTakoradi na yɛaka abɔm ama no abɛyɛ baako.[2] Saa nkuro mmienu a yɛaka abɔm yi na ɛyɛ Sekondi – Takoradi Metropolitan Assembly no ahenkuro, na ɛno ara nso na ɛyɛ Atɔeɛ mantam no ahenkuro kɛseɛ. Sekondi – Takoradi yɛ mantam no kuro kɛseɛ a ɛhɔ na nwumakuo akɛseɛ ne adwadie ahodoɔ nyinaa kɔ so, afe mpem mmienu ne du mmienu nnipa ne adan akenkan mu no nsunsuasoɔ kyerɛ sɛ nnipa a wɔte saa nkuro yi mmienu mu nko ara dodoɔ yɛ mpem ahanan aduanan num, ahaanu ne num (445,205).[3]

Nwomasua[sesa]

Sekondi-Takoradi wɔ nwomasua asoeɛ ahodoɔ pii, ɛbi ne ntoasoɔ sukuu ahodoɔ a agye din wɔ ɔman Ghana mu, Kɔlɛgi ahodoɔ ne sukuu ahodoɔ a woahyɛda ayɛ no sononko kwan so ama nnipakuo bi, wɔwɔ deɛ mmaa anaa mmarima nko ara na wɔkɔ, ne deɛ mmaa ne mmarima nyinaa kɔbɔm. suapɔn ahodoɔ a asuafoɔ kɔgye nteteɛ no bi ne Takoradi Technical University (a ɛyɛ ɔman no suapɔn), Nurses and Midwifery Training College, Holy Child Teachers Training College (a ɛnɛ yi no yɛfrɛ wɔn sɛ College of Education).[4]

Sekondi-Takoradi wɔ ntoasoɔ sukuu ahodoɔ beberee a ɛbi ne:

St. John's School (The Saints)

Ghana Senior High Technical School (GSTS)

St. Baidoo Bonsoe Senior High Technical School (BBSTS)

St. Mary's boys senior high school

Takoradi Secondary School (Tadisco)

Methodist senior high school ( The Young legend)

Sekondi College (Sekco)

Ahantaman Senior High School

Fijai Secondary School

Adiembra Secondary School

Bompeh senior high technical school

Archbishop Porter Girls Secondary School ne deɛ ɛkeka ho.[4]

Agodie[sesa]

Sekondi-Takoradi wɔ agoprama ahodoɔ pii a yɛbɔ so bɔɔlo, yɛtumi nso tu mmirika wɔ so ne deɛ ɛkeka ho beberee. Agoprama ahodoɔ no bi ne Essipong Stadium ne Gyandu Park. Bɔɔlo bɔ kuo ahodoɔ bi nso te sɛ FC Takoradi bɔɔlobɔkuo, Sekondi Hasaacas bɔɔlobɔkuo ne Sekondi Wise Fighters bɔɔlobɔkuo no nyinaa wɔ Sekondi-Takoradi.[5]

Ahyeɛ[sesa]

Sekondi wɔ Sekondi Takoradi ahenkuro nhyiam mansini a ɛwɔ atɔeɛ mantam mu wɔ Gaana. Yɛtee kurow no ansa afe apem ahankron ne aduokron mmienu (1992) Ɔpɛnimma amanmpanifoɔ ne mmarahyɛbadwam abatoɔ no.

Mmarahyɛbadwafoɔ[sesa]

  • Wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu (1992) mu abatoɔ no, Albert Bosomtwi-Sam[6] a ɔgyina maa Kyiniiɛ Amanyɔkuo (NDC) no na ɔdii nkunim wɔ mpɛsoa no so sɛ wɔn mmarahyɛbadwani.[7]
  • Wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) mu no, Papa Owusu-Ankomah[8] a ɔgyina maa Ɔsono Amanyɔkuo (NPP) no na ɔdii nkunim sɛ mmarahyɛbadwani wɔ mpɛsoa no so.
  • Efiri afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) mu abatoɔ no, Papa Owusu-Ankomah na atena mpɛsoa no akonnwa so saa ara wɔ mmarahyɛbadwam kɔ si mfeɛ mpem mmienu ne dunsia (2016) a Andrew Egyapa Mercer a ɔno nso yɛ Ɔsono Amanyɔkuo no mu nipa bɛtuu no wɔ mpɛsoa no so sɛ mmarahyɛbadwani.[9]
  • Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dunsia (2016) abatoɔ no Andrew Egyapa Mercer[1] a ɔgyina maa Ɔsono Amanyɔkuo (NPP) no na ɔdii nkunim sɛ mmarahyɛbadwani ma mpɛsoa no.[10]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 http://www.parliament.gh/mps?mp=219
  2. "Betway extends support to Volleyball Teams in the Western and Western North Regions". Citi Sports Online. 21 May 2021. Retrieved 21 May 2021.
  3. "World Gazetteer online". World-gazetteer.com. Archived from the original on 30 September 2007. Retrieved 8 February 2014.
  4. 4.0 4.1 [1] Archived 25 March 2012 at the Wayback Machine
  5. https://en.wikipedia.org/wiki/Sekondi-Takoradi
  6. http://allafrica.com/stories/199808200170.html
  7. http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/western/225/index.php
  8. https://ghanahighcommissionuk.com/ambassador.aspx
  9. https://www.msn.com/en-xl/news/other/papa-owusu-ankomah-appointed-honorary-patton-of-uk-ghana-chamber/ar-BB115WAX
  10. http://m.peacefmonline.com/pages/politics/politics/201506/244728.php