Sagnarigu (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Sagnarigu
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniTamale Municipal District
MantamNorthern Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
Created2012
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MPFuseini Bashir Alhassan

Sagnarigu (About this soundpronunciation of"Sagnarigu") yɛ mpesua nom baako a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbedwam. Wɔyi mmarahyɛbedwanii baako a ne din wɔ abatoɔ nkrataa nom a ɔgyina hɔ ma saa mpɛsoa no. Sagnarigu wɔ Tamale mansini adantam a ɛwɔ Ghana atifi mantam. Wɔtee mpesua no aberɛ a wɔreto Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu (2012) nom.

Ɛhyeɛ[sesa]

Sagnarigu mpesua akonnwa no hyɛ Tamale "Metropolitan" mansini a ɛwɔ Ghana atifi mantam mu.

Mmarahyɛbadwafoɔ[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu(2012) nom no, Alhassan Bashir Fuseini a ɔwɔ kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nkoa na ɔperee mmarahyɛbedwan akonnwa no.[1]

Abatoɔ[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ wɔ Sagnarigu no, nnipa nan na ɛperee mmarahyɛbadwafoɔ akonnwa no wɔ saa mpesua no so. Kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress anamusini Alhassan Bashir Fuseini[2] nyaa mma mpem aduonu nsia, ahannwɔtwe ne aduokron nnwɔtwe (26,898) ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduoson akyirepɔ aduosia nnwɔtwe (70.68). Habib Iddrisu a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party nso nyaa mpem nson, ahannwɔtwe ne aduowɔtwe nnwɔtwe (7,888) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonu akyirepɔ aduoson mmiɛnsa (20.73). Mma mpem mmienu, ahannwɔtwe ne aduonu (2,820) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu nson akyirepɔ aduanan baako (7.41) na akokɔ amanyɔkuo convention people's party anamsini Zalia Issah nyaeɛ. Progressive people's party anamsini Jamaldeen Ahmed nso nyaa mma ahanan ne aduanan nkron(449) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu baako akyirepɔ du nnwɔtwe (1.18).

2012 Ghana mmrahyɛbadwam abatoɔ: Sagnarigu
Source:http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2016/parliament/northern/
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
National Democratic Congress Alhassan Bashir Fuseini 26,898 70.68
New Patriotic Party Habib Iddrisu 7,888 20.73
Convention People's Party Zalia Issah 2,820 7.41
Progressive People's Party Abdul Jamaldeen Ahmed 449 1.18
Abatoɔ dodoɔ 26,898 70.68

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. Ghana MPs. "Full MP Details". Ghana MPs. Ghana MPs. Retrieved 13 March 2018.
  2. Parliament of Ghana. "Members of Parliament". Parliament of Ghana. Parliament of Ghana. Retrieved 20 March 2018.