Pusiga (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Pusiga
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniBawku Municipal District
MantamUpper East Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
Created2004
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MPHajia Yamba Lardi

Pusiga(About this soundpronunciation of "Pusiga" ) ka mpasua a wɔn ananmusini wɔ Ghana Mmarahyɛbadwam no ho. Abatoɔ berɛ biara mu no, wɔde 'first past the post' abatoɔ nhyehyeɛ no yi mmarahyɛbadwani baako. Pusiga mpasua no wɔ Bawku 'Municipal ' mansini a ɛwɔ Atifi Apueɛ Mantam wɔ Ghana.

Ɛhyeɛ[sesa]

Mpasua no hyeɛ ahodoɔ nyinara wɔ Bawku 'Municipal ' mansini no mu wɔ Atifi Apueɛ Mantam a ɛwɔ Ghana

Abakɔsɛm[sesa]

Wɔtee mpasua yi wɔ berɛ a na wɔrebɛto afe 2004 abatoɔ no.

Mmarahyɛbadwafoɔ[sesa]

Abatoɔ Manyɔni Amanyɔkuo
2004[1] Simon Atingban Akunye National Democratic Congress

Abatoɔ[sesa]

Mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe Ghana mmarahyɛbadwam abatoɔ.[2]

Wɔ saa afe yi mu no, dibeaperefoɔ a egyinaeɛ ne;

Simon Atingban Akunye a ɔgyina maa kyiniiɛ amanyɔkuo (NDC) no nyaa mma mpem nwɔtwe, ahanwɔtwe ne mmiɛnsa (8,803) a egyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonum mmienu ne akyirepɔ nwɔtwe (52.8%).

Mohammed Imoro Asoko a ɔno nso gyina maa ɔsono amanyɔkuo (NPP) no nso nyaa mma mpem nsia ne aduonu baako (6,021) a egyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduasa nsia ne akyirepɔ baako (36.1%).

Abugbila Daniel nso nyaa mma apem baako ahanan ne aduosia nkron (1,469) a egyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu nwɔtwe ne akyirepɔ nwɔtwe (8.8%) na ɔgyina maa akokɔ amanyɔkuo (CPP).

Azongo Peter Tasiri a ɔgyina maa People's National Convention (PNC) no nso nyaa mma ahasa ne aduokron baako (391) a egyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu mmienu ne akyirepɔ mmiɛnsa (2.3%). Wɔ saa abatoɔ yi mu no nea odii nkunim bɛyɛɛ mpɛsoa no mmarahyɛbadwani ne Simon Atingban Akunye a ɔgyina maa kyiniiɛ amanyɔkuo no.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2004/parliament/uppereast/174/index.php
  2. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2008/uppereast/174/