North Tongu (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
North Tongu
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniNorth Tongu District
MantamVolta Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MPSamuel Okudzeto Ablakwa

North Tongu(About this soundpronunciation of "North Tongu" )ka mpasua a wɔn ananmusini wɔ Ghana Mmarahyɛbadwam no ho. Abatoɔ berɛ biara mu no, wɔde 'first past the post' abatoɔ nhyehyeɛ no yi mmarahyɛbadwani baako. North Tongu mpasua no wɔ North Tongu mansini a ɛwɔ Firaw Mantam wɔ Ghana. Mpɛsoa no mmarahyɛbadwani siesie ne Samuel Okudzeto Ablakwa[1] a ɔyɛ kyiniiɛ amanyɔkuo (NDC) no kuoba.

Ɛhyeɛ[sesa]

Mpasua no hyeɛ ahodoɔ nyinaa wɔ North Tongu Mansini a ɛwɔ Firaw Mantam wɔ Ghana. Wɔtee mpasua yi wɔ berɛ a na wɔrebɛto afe 2004 abatoɔ no. Wɔkyɛɛ North Tongu mpasua a na ɛwɔ hɔ saa berɛ no mu mmienu ma no bɛyɛɛ North Tongu ne Central Tongu mpasua.Eyi nti mpasua yi hyeɛ ne North Tongu mpasua a na ɛwɔ hɔ ansa wɔrebɛto afe 2004 abatoɔ no yɛ soronko.

Mmarahyɛbadwafoɔ[sesa]

Afe apem aha nkron ne aduokron mmienu (1992) mu a Ghana man hyɛɛ kabimamenkabi amanmuo ase. North Tongu abatoɔ mpesua no anya mmarahyɛbadwafoɔ ahodoɔ nan na asi wɔn anan mu wɔ mmarahyɛbadwam. Mmarahyɛbadwani a ɔdi kan ne Owura Austin Akufo Gamey[2] na ɔgyina NDC Kyiniiɛ amannyɔkuo (NDC) no anan mu na ɔdii nkunim wɔ afe apem aha nkron aduokron mmienu (1992). Mmarahyɛbadwam akonnwa abatoɔ no mu wɔ North Tongu abatoɔ mpesua so. Ɛnyɛ Owura Austin Akufo Gamey nko ara ne Kyiniiɛ amannyɔkuo (NDC) no ananmusini a watumi atena North Tongu abatoɔ mpesua mmarahyɛbadwam akonnwa no so na mmom ɔno ne mmarahyɛbadwani a ɔdi kan wɔ North Tongu abatoɔ mpesua no so.

Afe mpem mmienu (2000) abatoɔ mu no, North Tongu abatoɔ mpesua no nyaa mmarahyɛbadwani foforɔ maa no kɔsi wɔn anan mu wɔ mmarahyɛbadwam. Mmarahyɛbadwani a ɔtɔ so mmienu ne Owura Joe Gidisu a na ɔno nso gyina Kyiniiɛ amannyɔkuo (NDC) no anan mu na ɔdii nkunim wɔ afe apem mmienu (2000) mmarahyɛbadwam akonnwa abatoɔ no mu wɔ North Tongu abatoɔ mpesua so.[3] Ɛnyɛ Owura Austin Akufo Gamey ne Owura Joe Gidisu nko ara ne Kyiniiɛ amannyɔkuo (NDC) no ananmusifoɔ a wɔatumi atena North Tongu abatoɔ mpesua mmarahyɛbadwam akonnwa no so ɛfiri sɛ North Tongu abatoɔ mpesua no so NDC na atena so dodoɔ.

wɔ afe mpem mmienu ne nan (2004) mu no, Amannyɔkuo ahodoɔ no nyinaa sesaa wɔn ananmuini a wɔde wɔn baa afe mpem mmienu mmarahyɛbadwam akonnwa abatoɔ no mu. Amannyɔkuo ahodoɔ mmiensa pɛ na wɔde wɔn nipa bɛgyinaa sɛ yɛnto wɔn so aba ɛna kɔntɔnkorɔ baako nso ka ho ma wɔyɛ nan. NPP ɔsono amannyɔkuo no de owura Nicholas Ahiadorme na ɛbɛgyinaeɛ, NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no nso de Owura Charles Hodogbey na ɛbɛgyinaeɛ, ɛna People's National Convention nso de owura David Amansunu nso baeɛ, owura Cosmos Etse Astse Asem nko ara onipa a wangyina wɔ amannyɔkuo biara anan mu, na mmom ɔgyinaa sɛ kɔntɔnkorɔ. Abatoɔ no nyinaa baa nawieɛ no na NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no ananmusini Owura Charles Hodogbey na wadi nkunim wɔ saa abatoɔ no mu,[4] a ɔno nso kɔtoaa n'amannyɔkuoba Owura Joe Gidisu adwuma no so wɔ mmarahyɛbadwam de maa North Tongu abatoɔ mpesua no so. Owura Charles Hodogbey tenaa North Tongu abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no so mprɛnu.

Afe mpem mmienu ne du-mmienu (2012) abatoɔ mu no, North Tongu abatoɔ mpesua no nyaa mmarahyɛbadwani foforɔ maa no kɔsi wɔn anan mu wɔ mmarahyɛbadwam. Mmarahyɛbadwani a ɔtɔ so nan ne Owura Samuel Okudzeto Ablakwa a na ɔno nso gyina Kyiniiɛ amannyɔkuo (NDC) no anan mu na ɔdii nkunim wɔ afe apem mmienu ne du-mmienu (2012) mmarahyɛbadwam akonnwa abatoɔ no mu[5] wɔ North Tongu abatoɔ mpesua so. Owura Samuel Okudzeto Ablakwa a wɔyɛ Kyiniiɛ amannyɔkuo (NDC) no ananmusifoɔ no ara na ɔda so te North Tongu abatoɔ mpesua mmarahyɛbadwam akonnwa no so mprɛmprɛn.

Afe Ananmusini Amannyɔkuo
Apem aha nkron ne aduokron mmienu (1992) Austin Akufo Gamey National Democratic Congress
mpem mmienu (2000) Joe Gidisu National Democratic Congress
mpem mmienu ne nan (2004) Charles Hodogbey National Democratic Congress
mpem mmienu ne du-mmienu (2012) Samuel Okudzeto Ablakwa National Democratic Congress

Abatoɔ[sesa]

Mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe (2008) Ghana mmarahyɛbadwam abatoɔ: North Tongu Beaeɛ a efiri :Ghana Home Page
Amanyɔkuo Dibeaperefoɔ Mma Ɔha nkyekyɛmu
Kyiniiɛ Amanyɔkuo (NDC) Charles Sename Hodugbey Mpem aduonu mmienu, ahanwɔtwe ne aduoson nsia (22,876) Aduoson nwɔtwe ne akyirepɔ nsia (78.6)
Ɔsono Amanyɔkuo

(NPP)

Moses Mensah Assem Mpem nan ne aduosia num (4,065) Dunan ne akyirepɔ ohunu (14.0)
Convention People's Party (CPP) Emmanuel Yaovi Bobobee Mpem mmienu ne aduanan mmienu (2,042) Nson ne akyirepɔ ohunu (7.0)
Democratic Freedom Party (DFP) Eunice Mordey Ɔha ne aduasa mmiɛnsa (133) Ohunu ne akyirepɔ num (0.5)
Dodoɔ Mpem dunwɔtwe, ahanwɔtwe ne dubaako (18,811) Aduosia nan ne akyirepɔ nsia (64.6)
Deɛ ɛkɔ baeɛ
Mfeɛ mpem mmienu ne nan (2004) Ghana mmarahyɛbadwam abatoɔ:North Tongu Beaeɛ a efiri:Ghana Home Page Electoral Commission of Ghana
Amanyɔkuo Dibeaperefoɔ Mma Ɔha nkyekyɛmu
Kyiniiɛ Amanyɔkuo (NDC) Charles Hodogbey Mpem aduonu baako, ahanwɔtwe ne aduonum nson (21,857) Aduoson baako ne akyirepɔ num (71.5)
Nea wannyina amma amanyɔkuo biara (Independent) Cosmos Etse Astse Asem Mpem nsia ahanan ne aduosia num (6,465) Aduonu baako ne akyirepɔ baako (21.1)
Ɔsono Amanyɔkuo (NPP) Nicholas Ahiadorme Mpem mmienu ɔha ne nan (2,104) Nsia ne akyirepɔ nkron (6.9)
People's National Convention

(PNC)

David Amansunu Ɔha ne aduonum baako (151) Ohunu ne akyirepɔ num (0.5)
Dodoɔ Mpem dunum ahasa ne aduokron mmienu (15,392) Aduonum ne akyirepɔ nan (50.4)
Deɛ ɛkɔ baeɛ Mpem aduasa baako ne aduasa nan (31,034) Aduowɔtwe nwɔtwe ne akyirepɔ (88.6)
Mfeɛ mpem mmienu (2000) Ghana mmarahyɛbadwam abatoɔ:North Tongu Beaeɛ a efiri :Adam Carr's Election Archives
Amanyɔkuo Dibeaperefoɔ Mma Ɔha nkyekyɛmu
Kyiniiɛ Amanyɔkuo (NDC) Joe Gidisu Mpem aduanan mmienu, ahasa ne aduokron mmienu (42,392) Aduoson nson ne akyirepɔ baako (77.1)
Convention People's Party (CPP) Patience Ami Ameku Mpem du, ɔha ne aduoson mmienu (10,172) Dunwɔtwe ne akyirepɔ num (18.5)
Ɔsono Amanyɔkuo (NPP) George Amedofu Kpobi Apem baako, ahanu ne aduokron nsia (1,296) Mmienu ne akyirepɔ nan (2.4)
National Reform Party (NRP) Emmanuel A. K. Bokor Ahansia ne aduasa nson (637) Baako ne akyirepɔ mmienu (1.2)
United Ghana Movement Larweh Atsu J Confucious Ahanu ne aduonum baako (251) Ohunu ne akyirepɔ num (0.5)
People's National Convention

(PNC)

Olivia Akua Kpo Ahanu ne nan (204) Ohunu ne akyirepɔ nan (0.4)
Dodoɔ Mpem aduasa mmienu, ahanu ne aduonu (32,220) Aduonum nwɔtwe ne akyirepɔ nsia (58.6)
Deɛ ɛkɔ baeɛ
Afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) Ghana mmarahyɛbadwam abatoɔ:North Tongu Beaeɛ a efiri:Electoral Commission of Ghana
Amanyɔkuo Dibeaperefoɔ Mma Ɔha nkyekyɛmu
Kyiniiɛ Amanyɔkuo (NDC) Austin Akufo Gamey Mpem aduanan mmiɛnsa, ahansia ne aduasa nkron (43,639) Aduosia nson ne akyirepɔ nkron (67.9)
Nea wannyina amma amanyɔkuo biara (Independent) Patience Ami Ameku Mpem dunkron, ahasa ne aduowɔtwe nwɔtwe (19,388) Aduasa ne akyirepɔ ohunu (30.0)
People's Convention Party (PCP) Alexander Avor Apem baako, ahanum ne aduonum nan (1,554) Mmienu ne akyirepɔ nan (2.4)
Dodoɔ Mpem aduonu nan, ahanu ne aduanan baako (24,241) Aduasa nson ne akyirepɔ nkron (37.9)
Deɛ ɛkɔ baeɛ Mpem aduosia nan, ahanum ne aduowɔtwe baako (64,581) Aduowɔtwe ne akyirepɔ ohunu (80.0)
Afe apem ahankron ne aduokron mmienu (1992) Ghana mmarahyɛbadwam abatoɔ:North Tongu Beaeɛ a efiri:Electoral Commission of Ghana
Amanyɔkuo Dibeaperefoɔ Mma Ɔha nkyekyɛmu
Kyiniiɛ Amanyɔkuo (NDC) Austin Akufo Gamey
Dodoɔ
Deɛ ɛkɔ baeɛ Mpem aduanan ne aduanan num (40,045)

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://mobile.ghanaweb.com/person/Samuel-Okudzeto-Ablakwa-1179
  2. https://cihrmghana.org/austin-gamey/
  3. https://web.archive.org/web/20080731031405/http://psephos.adam-carr.net/countries/g/ghana/ghana11.txt
  4. http://ghanamps.com/mps/details.php?id=155
  5. http://www.ghanamps.com/mps/details.php?id=2486