North Dayi (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
North Dayi
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniAnfoega
MantamVolta Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
Created2004
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MPJoycelyn Tetteh

North Dayi(About this soundpronunciation of"North Dayi")  ka mpɛsoa a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbedwam no ho. Wɔyi mmarahyɛbedwanii baako a ne din wɔ abatoɔ nkrataa nom a ɔgyina hɔ ma saa mpɛsoa no. North Dayi wɔ Anfoega mansini a ɛwɔ Fram mantam wɔ Ghana.

Ɛhyeɛ[sesa]

Mpɛsoa no hyɛ Ɛnkane Kpando mansini a ɛwɔ Fram mantam wɔ Ghana. Ɛwɔ South Dayi mpɛsoa dekɔ anaafoɔ ɛna Hohoe South mpɛsoa dekɔ apueɛ. Hohoe North mpɛsoa no dekɔ atifi-apueɛ ɛna Jasikan mansini deɛ kɔ atifi.

Mmarahyɛbedwafoɔ.[sesa]

Stephen G. Obimpeh a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress gyinaa maa mpɛsoa no wɔ Afe apem ahankron ne aduokron mmienu. Akua Sena Dansuah a ɔno nso wɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress mu nso gyinaa hɔ maa mpɛsoa no wɔ mfeɛ mpem mmienu nom. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu nom no George Loh nso gyinaa hɔ wɔ wɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nam wɔ Mpɛsoa nom. Ɛna Joycelyn Tetteh nso a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress mu peree akonnwa no bi wɔ mpɛsoa nom.

Abatoɔ[sesa]

Wɔ mfeɛ mmienu ne nnwɔtwe Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ nom no, nnipa nan na ɛgyina maa mpɛsoa no a wɔfiri amanyɔkuo afoforɔ mu. Nnipa a wɔtoo aba pii no yɛ mpem aduonu, ɔhanan ne aduokron nson (20,497) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonum nnwɔtwe akyirepɔ nnwɔtwe.(58.8) Kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress anamsini ma mpɛsoa no a yɛfrɛ no Akua Sena Dansua nyaa mma mpem aduonu nsia, ahanson ne aduasa nan(26,734) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduoson nsia akyirepɔ nson(76.7). Ken Stephen Anku a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party mu nso nyaa mma mpem nsia,ahanu ne aduasa nson(6,237) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu du nson akyirepɔ nkron(17.9). Briku Nelson Yesutor a ɔwɔ akokɔ amanyɔkuo convention people's party nso nyaa mma apem, ahanson ne aduosia nsia(1,766) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu num akyirepɔ baako (5.1). Raphael Yao Menu nso nyaa mma ɔha ne aduasa nnwɔtwe (138) a ɛyɛ akyirepɔ nan(0.4) wɔ ɔhamu nkyekyɛmu mu. Anamsini no wɔ Democratic freedom party amanyɔkuo mu.

Mfeɛ mpem mmienu ne nan Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ no kɔɔ so wɔ North Dayino nnipa mmiɛnsa na na wɔn din wɔ abatoɔ nkrataa nom a ɛwɔ sɛ wɔto aba ma no. Nnipa mpem aduonu num, ahanson ne aduonum nan(25,754) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduosia nkron akyirepɔ nnwɔtwe(69.8) nnipa na ɛtoo aba no paa. Abatoɔ kɔmisa kekaa mma no bom de ho nsunsuansoɔ no bɛtoo dwa no na Akua Sena Dansua a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress anya mma mpem aduonu nkron, ahanson ne aduosia num (29,765) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonwɔtwe akyirepɔ nson(80.7). Ɔno na ɔnyaa mma bebree. Mma mpem nan ne du baako a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu du akyirepɔ nkron na Cephas Jones Donkor a ɔwɔ Ɔsono amanyɔkuo New patriotic party anamsini ma mpɛsoa no nyaeɛ, Akokɔ amanyɔkuo convention people's party anamsini ma saa mpɛsoa no, Cephas Aquinas Kwame M. Ntumy nso nyaa mma mpem mmiɛnsa, ɔha ne du nnwɔtwe (3,118), a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu nkron akyirepɔ nan(9.4).

Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ a wɔtoo no wɔ North Dayi wɔ mfeɛ mpem mmienu nom no, mpem du nson, ahanson ne aduowɔtwe nson(17,787) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonum nan akyirepɔ nnwɔtwe (54.8)na ɛyɛ nnipa dodoɔ a ɛtoo aba no. Nnipa nan na ɛgyina wɔ saa mpɛsoa no so sɛ wɔnnyo aba mmawɔn sɛ mmarahyɛbedwanii a wɔn din wɔ abatoɔ nkrataa nom. Nea ɔnyaa mma no dodoɔ no wɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress a yɛfrɛ Akua Sena Dansua nyaa mma aduonu mmiɛnsa, ahankron ne aduosia mmienu a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduoson mmiɛnsa akyirepɔ nnwɔtwe. Thomas Aquinas Kwame M. Ntumy a ɔwɔ akokɔ amanyɔkuo convention people's party nyaa mma mpem nsia, ɔha ne aduoson num a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu du nkron.

Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ North Dayi wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia nom no, na nnipa mmiɛnsa na wɔn din wɔ abatoɔ nkrataa nom a wɔgyinaa hɔ maa mpɛsoa. Na nnipa ɛtoo aba no paa yɛ mpem aduasa nsia, ahannwɔtwe ne du baako (36,811) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduowɔtwe num akyirepɔ nsia(85.6). Nea ɔnyaa mma no dodoɔ yɛ Stephen George Obimpeh a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress a ɔnyaa mma no mpem aduasa nkron, ahanan ne aduanan num(39,445) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduokron baako akyirepɔ nson(91.7%) . People's convention party anamsini ma mpɛsoa no, Vincent Wilson Bulla nyaa mma mpem mmienu, ahannsia ne aduasa nan(2,634) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu nsia akyirepɔ baako (6.1). Augustine Yawo Adjei a ɛno nso wɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party na ɔnya mma nom ketewa a ɛyɛ ahankron ne aduanan nan(944) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu mmienu akyirepɔ mmienu (2.2)