Nkwanta North (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Nkwanta North
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniNkwanta North District
MantamOti Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
Created2004
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MPJohn Oti Bless

Nkwanta North(About this soundpronunciation of"Nkwanta North")  Nkwanta Atififam yɛ mpɛsoa a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbadwam no mu baako. Ɛde "first past the post" abatoɔ nhyehyɛeɛ na ɛyii mmarahyɛbadwani baako. Nkwanta North mpɛsoa no wɔ Nkwanta mansini mu a ɛwɔ Oti mantam mu wɔ Ghana. Amanyɔkuo a ɛte so siesie wɔ mpɛsoa no so ne kyiniiɛ amanyɔkuo ( NDC ) a ɛno ne National Democratic Congress na Owura John Oti Bless ne wɔn mmarahyɛbadwani.

Ahyeɛ[sesa]

Mpɛsoa no wɔ Nkwanta North mansini a ɛwɔ Oti mantam mu wɔ Ghana. Mansini a yɛde akyekyere no wɔ Anaafoɔfam ne Nkwanta Anaafoɔ mansini no mu a Togo Adehyeman wɔ no Apueeɛfam. N'atififam ne Atifi mantam ne N'atɔeɛ nso ne Atififam mantam ne Fraw (Volta) Asubɔnten (River) ne n'ahyeɛ so.

Abakɔsɛm[sesa]

Yɛtee mpɛsoa no ansa mfeɛ mpem mmienu ne nan (2004) Ɔpɛnimma amanmpaninfoɔ ne mmarahyɛbadwam abatoɔ no a wɔde tetee Nkwanta mpɛsoa dada no mu nyaa Nkwanta atififam ne Nkwanta anaafoɔfam mpɛsoa no.[1]

Mmarahyɛbadwafoɔ[sesa]

Nea yɛyii no kane Nnipa Amanyɔkuo
Mfeɛ mpem mmienu ne nan (2004) Mpɛsoa foforo
Mfeɛ mpem mmienu ne nan (2004) Joseph Kwaku Nayan[2][3] Ɔsono Amanyɔkuo (NPP )
Mfeɛ mpem mmienu ne dummienu (2012) John Oti Bless[4][5] Kyiniiɛ Amanyɔkuo

( NDC )

Abatoɔ[sesa]

Mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe (2008)Ghanafoɔ mmarahyɛbadwam abatoɔ: Nkwanta North Beaeɛ a efiri:Ghana Home Page
Amanyɔkuo Dibeaperefoɔ Mma Ɔha nkyekyɛmu
Ɔsono Amanyɔkuo (NPP) Joseph Kwaku Nayan Mpem nkron ahanan ne aduonu nsia (9,426) Aduonum nwɔtwe ne akyirepɔ baako (58.1)
Kyiniiɛ Amanyɔkuo (NDC) Dr. Joseph Kwabena Manboah-Rockson Mpem mmiɛnsa ahanu ne aduanan baako (3,241) Aduonu (20)
Nea wannyina amma amanyɔkuo biara

(Independent)

Solomon Kwame Bachabori Mpem mmiɛnsa ahanu ne aduanan baako (3,241) Aduonu (20)
People's National Convention

(PNC)

Emmanuel Kwadjo Gmanab Ahasa ne nwɔtwe (308) Baako ne akyirepɔ nkron (1.9)
Mm Dodoɔ Mpem nsia ɔha ne aduowɔtwe num (6,185) Aduasa nwɔtwe ne akyirepɔ baako (38.1)
Deɛ ɛkɔ baeɛ
Mfeɛ mpem mmienu ne nan (2004) Gaanafoɔ mmarahyɛbadwam abatoɔ:Nkwanta North beaeɛ a efiri:Electoral Commission of Ghana
Amanyɔkuo Dibeaperefoɔ Mma Ɔha nkyekyɛmu
Ɔsono Amanyɔkuo (NPP) Joseph Kwaku Nayan Mpem nsia ɔha ne aduoson nwɔtwe (6,178) Aduasa ne akyirepɔ ohunu (30.0)
Kyiniiɛ Amanyɔkuo (NDC) Muftawu Iddrisu Mpem num ahanan ne aduonu nan (5,424) Aduonu nsia ne akyirepɔ mmiɛnsa (26.3)
Nea wannyina amma amanyɔkuo biara

(Independent)

Dr. J. Mamboah-Rockson Mpem num ɔha ne aduowɔtwe nwɔtwe (5,188) Aduonu num ne akyirepɔ mmienu (25.2)
Nea wannyina amma amanyɔkuo biara

(Independent)

Abdulai Fulamba Mpem mmiɛnsa ahansia ne aduoson nwɔtwe (3,678) Dunson ne akyirepɔ nkron (17.9)
Akokɔ Kɔkɔɔ Amanyɔkuo (CPP) Abdulai Aziz Tairu Ɔha ne aduonu mmiɛnsa (123) Ohunu ne akyirepɔ nsia (0.6)
Mma Dodoɔ Ahanson ne aduonum nan (754) Mmiɛnsa ne akyirepɔ nson (3.7)
Deɛ ɛkɔ baeɛ Mpem aduonu baako ahasa ne aduasa mmienu (21,332) Aduokron mmiɛnsa ne akyirepɔ baako (93.1)

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. http://library.fes.de/pdf-files/bueros/ghana/03610.pdf
  2. http://www.ghanamps.com/mps/details.php?id=182
  3. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Nayan-retains-Nkwanta-North-constituency-parliamentary-seat-154266
  4. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/entertainment/Former-Deputy-Minister-for-Local-Gov-t-Oti-Bless-finds-a-wife-625050
  5. http://www.ghanamps.com/mps/details.php?id=2487