Nabdam (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Nabdam
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniTalensi-Nabdam District
MantamUpper East Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MPMoses Aduku Asaga

Nabdam (About this soundpronunciation of "Nabdam" )ka mpasua a wɔn ananmusini wɔ Ghana Mmarahyɛbadwam no ho. Abatoɔ berɛ biara mu no, wɔde 'first past the post' abatoɔ nhyehyeɛ no yi mmarahyɛbadwani baako. Nabdam mpasua no wɔ Talensi-Nabdam mansini a ɛwɔ Atifi Apueɛ Mantam wɔ Ghana.

Ɛhyeɛ[sesa]

Mpasua no hyeɛ ahodoɔ nyinara wɔ Talensi-Nabdam mansini no mu wɔ Atifi Apueɛ Mantam a ɛwɔ Ghana.

Mmarahyɛbadwafoɔ[sesa]

Abatoɔ Manyɔni Amanyɔkuo
Afe apem ahankron ne aduokron mmienu (1992) Danzi Paul Kpal Kyiniiɛ Amanyɔkuo (NDC)
Afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) Moses Aduku Asaga Kyiniiɛ Amanyɔkuo (NDC)

Abatoɔ[sesa]

  • Wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu (1992) mmarahyɛbadwafoɔ abatoɔ wɔ mpɛsoa no so no, Danzi Paul Kpal a ɔgyina maa kyiniiɛ amanyɔkuo (NDC) no na edii nkunim sɛ mpɛsoa no mmarahyɛbadwani.
  • Nea ɔbetuu Danzi Paul Kpal wɔ mpɛsoa no akonnwa so wɔ mmarahyɛbadwam wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) ne Moses Aduku Asaga a ɔgyina maa kyiniiɛ amanyɔkuo (NDC) no na odii nkunim bɛyɛɛ mpɛsoa no mmarahyɛbadwani. Moses de mma mpem nwɔtwe ahanan ne aduokron (8,490) wɔ mma dodoɔ mpem dubaako ahasa ne aduanan nwɔtwe (11,348) a egyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonum nsia ne akyirepɔ aduasa (56.30%) na edii nkunim wɔ berɛ a wɔn a ɔne wɔn pere mpɛsoa no akonnwa Nicholas Nayembil Nonlant a ɔgyina maa PNC amanyɔkuo no nyaa mma mpem mmienu ɔha ne nwɔtwe (2,108) a egyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu dunan ne akyirepɔ ohunu ne ohunu (14.00%) na Edward Babah Sampanah a ɔgyina maa akokɔ kɔkɔɔ amanyɔkuo (CPP) no nso nyaa mma Ahanson ne aduonum (750) a egyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu num ne akyirepɔ ohunu ne ohunu (5.00%)[1]

Mfeɛ mpem mmienu ne dummienu (2012)Ghanafoɔ mmarahyɛbadwam abatoɔ.[2]

Amanyɔkuo Dibeaperefoɔ Mma Ɔha nkyekyɛmu
Ɔsono Amanyɔkuo (NPP) Boniface Gambila Adagbila Mpem nson ne aduokron nson (7,097) Aduonum ne akyirepɔ aduowɔtwe baako (50.81)
Kyiniiɛ Amanyɔkuo (NDC) Moses Aduku Asaga Mpem nsia ahanum ne aduanan num (6,545) Aduanan nsia ne akyirepɔ aduowɔtwe nsia (46.86)
Progressive People's Party (PPP) Ditamina G Emmanuel Ɔha ne aduoson num (175) Baako ne akyirepɔ aduonu num (1.25)
People's National Convention

(PNC)

Kurug David Aduokron nwɔtwe (98) Ohunu ne akyirepɔ aduoson (0.70)
Akokɔ Kɔkɔɔ Amanyɔkuo (CPP) Tampugre Ayenyeta William Aduonum mmienu (52) Ohunu ne akyirepɔ aduasa nson (0.37)
Dodoɔ Ahanum ne aduonum mmienu (552) Nan ne akyirepɔ ohunu (4.0)
Deɛ ɛkɔ baeɛ Mpem dummiɛnsa ahankron ne aduosia nson (13,967)

Mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe (2008)Ghanafoɔ mmarahyɛbadwam abatoɔ.[3]

Amanyɔkuo Dibeaperefoɔ Mma Ɔha nkyekyɛmu
Kyiniiɛ Amanyɔkuo (NDC) Moses Aduku Asaga Mpem num ahasa ne aduosia nkron (5,369) Aduanan nson ne akyirepɔ nwɔtwe (47.8)
Ɔsono Amanyɔkuo (NPP) Boniface Gambila Adagbila Mpem num ne aduokron nson (5,097) Aduanan num ne akyirepɔ nan (45.4)
People's National Convention

(PNC)

Dr. Somtim Tobiga Ahanson ne dunum (715) Nsia ne akyirepɔ nan (6.4)
Convention People's Party (CPP) Tampugre Ayenyeta William Aduanan nkron (49) Ohunu ne akyirepɔ nan (0.4)
Dodoɔ Ahasa ne aduoson mmienu (372) Mmienu ne akyirepɔ nan (2.4)
Deɛ ɛkɔ baeɛ

Ntotoho[sesa]

  1. http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/uppereast/172/index.php
  2. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/election2012/parliament.constituency.php?ID=325&res=pm
  3. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/election2008/parliament.constituency.php?ID=278