Mpohor (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

mpohor(About this soundpronunciation of"Mpohor")  yɛ mpɛsoa nom baako a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbedwam. Wɔyi mmarahyɛbedwanii baako a ne din wɔ abatoɔ nkrataa nom a ɔgyina hɔ ma saa mpɛsoa no. Mpohor wɔ mpohor/wassa East mansini a ɛwɔ Ghana atɔeɛ mantam.[1]

Mmarahyɛbedwafoɔ[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia(2016) mu no amanyɔkuo ahodoɔ pii anamusifoɔ peree mpesua akonnwa a ɛwɔ Mpohor no nanso Alex Kofi Agyekum a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party mu na ɔdii nkunim wɔ abatoɔ nom.

Abatoɔ Ekuoba Amanyɔkuo
Mfeɛ mpem mmienu ne du nsia Alex Kofi Agyekum[2] Ɔsono amanyɔkuo New patriotic party

Abatoɔ[sesa]

Afe mpem mmienu ne aduonu (2020) mmarahyɛbadwam abatoɔ: Mpohor[3][sesa]

wɔ afe mpem mmienu ne aduonu (2020) abatoɔ mu no, amannyɔkuo ahodoɔ mmiensa na wɔde wɔn ananmusifoɔ bɛgyinaeɛ wɔ Mpohor mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ mu. NPP ɔsono amannyɔkuo no de owura JOHN KOBINA ABBAM ABOAH SANIE na ɛbɛgyinaeɛ, NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no nso de owura ERIC KWEKU KYEREMAH na ɛbɛgyinaeɛ, saa ara nso na owura STEPHEN KWAKU NARH nso gyinaa mu maa amannyɔkuo a yɛfrɛ wɔn sɛ GUM.

Abatoɔ no baa awieɛ no, na NPP ɔsono amannyɔkuo no ananmusini owura JOHN KOBINA ABBAM ABOAH SANIE anya mma no mu mpem du-baako, ahanwɔtwe ne aduokron nsia (11,896), a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu a, ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduonum nan ne akyire pɔ du-nwɔtwe (54.18%). owura JOHN KOBINA ABBAM ABOAH SANIE de mma mpem du-baako, ahanwɔtwe ne aduokron nsia (11,896), na ɛdii nkunim wɔ Mpohor abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ mu.

saa ara nso na NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no nso ananmusini owura ERIC KWEKU KYEREMAH nso nyaa mma no mu mpem nkron, aha nsia ne aduokron num (9,695), a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu a, ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduanan nan ne akyire pɔ du-num (44.15%). owura ERIC KWEKU KYEREMAH nso de mma mpem nkron, aha nsia ne aduokron num (9,695), na ɛtɔɔ so mmienu wɔ Mpohor abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ mu.

Owura STEPHEN KWAKU NARH nso a ɔgyinaa mu maa amannyɔkuo a yɛfrɛ wɔn sɛ GUM no nso nyaa mma no mu ahaasa ne aduosia nsia (366), a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu baako ne akyire pɔ aduosia nson (1.67%). Owura STEPHEN KWAKU NARH de mma ahaasa ne aduosia nsia (366) na ɛtɔɔ so mmiensa wɔ Mpohor abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ mu.

Ananmusini mma ɔha mu nkyekyɛmu (%)
JOHN KOBINA ABBAM ABOAH SANIE

NPP

mpem du-baako, ahanwɔtwe ne aduokron nsia (11,896) ɔha mu nkyekyɛmu aduonum nan ne akyire pɔ du-nwɔtwe (54.18%)
ERIC KWEKU KYEREMAH

NDC

mpem nkron, aha nsia ne aduokron num (9,695) ɔha mu nkyekyɛmu aduanan nan ne akyire pɔ du-num (44.15%)
STEPHEN KWAKU NARH

GUM

ahaasa ne aduosia nsia (366) ɔha mu nkyekyɛmu baako ne akyire pɔ aduosia nson (1.67%)

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. FM, Peace. "Ghana Election 2016 Results - Mpohor Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2018-04-14.
  2. Ghana, ICT Dept. Office of Parliament. "Parliament of Ghana". www.parliament.gh. Retrieved 2018-04-14.
  3. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2020/western/mpohor/