Krachi Nchumuru (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Krachi Nchumuru
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniKrachi Nchumuru
MantamOti Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
Created2012
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MPJohn Majisi

Krachi Nchumuru yɛ mpɛsoa ɛwɔ Ghana mmarahyɛbadwam no mu baako. Ɛde "first past the post" abatoɔ nhyehyɛeɛ na ɛyii mmarahyɛbadwani baako. Krachi Nchumuru mpɛsoa no wɔ Krachi Nchumuru mansini a ɛwɔ Oti mantam mu wɔ Gaana.[1] Amanyɔkuo a ɛte so siesie ne kyiniiɛ amanyɔkuo ( NDC ) a Owura John Majisi ne wɔn mmarahyɛbadwani.

Ahyeɛ[sesa]

Beaeɛ ankasa a na mpɛsoa no wɔ ne Fraw (Volta) Mantam (Region) mu wɔ Ghana de kɔsi sɛ yɛtee mantam afoforo wɔ Ɔpɛnimma bosome no mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dunwɔtwe (December 2018) referendum[2] akyi.

Mmarahyɛbawafoɔ[sesa]

Nea yɛyii no kane Nipa Amanyɔkuo
Mfeɛ mpem mmienu ne dummienu (2012) Mpɛsoa foforo
Mfeɛ mpem mmienu ne dummienu (2012) John Majisi[3] Kyiniiɛ Amanyɔkuo

( NDC )

Abatoɔ[sesa]

Mfeɛ mpem mmienu ne dunsia (2016) Gaanafoɔ mmarahyɛbadwam abatoɔ: Krachi Nchumru Beaeɛ a efiri:PeaceFM Online[4]
Amanyɔkuo Dibeaperefoɔ Mma Ɔha nkyekyɛmu
Kyiniiɛ Amanyɔkuo (NDC) John Majisi Mpem dubaako ahanwɔtwe ne aduasa mmiɛnsa (11,833) Aduonum ne akyirepɔ aduoson num (50.75)
Ɔsono Amanyɔkuo (NPP) Kakatechie Innocent Tache Mpem du ahanwɔtwe ne aduonum nsia (10,856) Aduanan nsia ne akyirepɔ aduonum nsia (46.56)
Nea wannyina amma amanyɔkuo biara

(Independent)

Mohammed Abdallah Ahanan ne aduokron baako (491) Mmienu ne akyirepɔ dubaako (2.11)
Akokɔ Kɔkɔɔ Amanyɔkuo (CPP) John Kwasi Ogemekye Ɔha ne aduasa nwɔtwe (138) Ohunu ne akyirepɔ aduonum nkron (0.59)
Mma dodoɔ Ahankron ne aduoson nson (977) Nan ne akyirepɔ aduokron (4.19)
Deɛ ɛkɔ baeɛ
Mfeɛ mpem mmienu ne dummienu (2012) Gaanafoɔ mmarahyɛbadwam abatoɔ: Krachi Nchumuru Beaeɛ a efiri:GhanaWeb[5]
Amanyɔkuo Dibeaperefoɔ Mma Ɔha nkyekyɛmu
Kyiniiɛ Amanyɔkuo (NDC) John Majisi Mpem dunan ne aduanan nkron (14,049) Aduosia ne akyirepɔ aduowɔtwe nan (60.84)
Ɔsono Amanyɔkuo (NPP) Kofi Tarkom Taylor Mpem nwɔtwe ahanson ne aduosia nkron (8,769) Aduasa nson ne akyirepɔ aduokron nwɔtwe (37.98)
Akokɔ Kɔkɔɔ Amanyɔkuo (CPP) John Kwasi Ogemekye Ɔha ne aduoson baako (171) Ohunu ne akyirepɔ aduoson nan (0.74)
National Democratic Party (NDP) Adomako Quainoo Samuel Ɔha ne baako (101) Ohunu ne akyirepɔ (0.44)
Mma Dodoɔ Mpem num ahanu ne aduowɔtwe (5,280) Aduonu mmienu ne akyirepɔ aduowɔtwe nsia (22.86)
Deɛ ɛkɔ baeɛ Mpem aduonu mmiɛnsa ne aduokron (23,090)

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2016/volta/299/
  2. https://www.graphic.com.gh/news/politics/confirmed-results-of-the-2018-referendum-on-new-regions.html
  3. https://www.parliament.gh/mps?mp=149
  4. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2016/volta/299/
  5. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/election2012/parliament.constituency.php?ID=272&res=pm