Kpone-Katamanso (Ghana mmarahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Kpone-Katamanso
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniTema Municipal District
MantamGreater Accra Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MPJoseph Nii Laryea Afotey Agbo

Kpone-Katamanso(About this soundpronunciation of"Kpone-Katamanso")  ka mpɛsoa a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbedwam no ho. Wɔyi mmarahyɛbedwanii baako a ne din wɔ abatoɔ nkrataa nom a ɔgyina hɔ ma saa mpɛsoa no. Kpone-Katamanso wɔ Tema mansini adantam wɔ Nkran punpuni mantam wɔ Ghana.

Mmarahyɛbedwafoɔ[sesa]

Mmarahyɛbedwafoɔ a ɔgyina ma Kpone-Katamanso mpɛsoa no yɛ num a obiara firi n'amanyɔkuo mu. Wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu (1992) mu no Joseph Teye Tetteh na ɔgyina maa mpɛsoa no a na ɔwɔ Kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress mu. Beatrice Love Naa-Afiaye Ashong a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress mu nso gyinaa maa mpɛsoa no wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996). Joseph Nii Laryea Afotey Agbo a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress sane gyinaeɛ maa mpɛsoa no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan mu(2004), mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe (2008) ɛna mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu mu(2012).

Bere Amanyɔni Amanyɔkuo
1992 Joseph Teye Tetteh National Democratic Congress
1996 Beatrice Love Naa-Afieye Ashong National Democratic Congress
2004 Joseph Nii Laryea Afotey Agbo National Democratic Congress
2008 Joseph Nii Laryea Afotey Agbo National Democratic Congress
2012 Joseph Nii Laryea Afotey Agbo National Democratic Congress

Abatoɔ[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe nom no wɔtoo Ghana mmarahyɛbedwafoɔ aba wɔ Kpone-Katamanso a nnipa mmiɛnsa pɛ na ɛperee akonnwa no. Nnipa a ɛtoo aba no yɛ mpem du ne aduonu nkron (10,029) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduasa akyirepɔ num(30.5). Abatoɔ kɔmisa ne de mma no ho nsunsuansoɔ bɛtoo dwa no, Joseph Nii Laryea Afotey Agbo a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nyaa mma mpem aduonu, ahanson ne nkron(20,709) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduosia mmiɛnsa(63.0%) Samuel Okoe Amanquah nso a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party nso nyaa mma mpem du, ahannsia ne aduowɔtwe(10,680) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduasa mmienu akyirepɔ num(32.5). Daniel Teye Botchway a na ɔwɔ akokɔ amanyɔkuo convention people's party nyaa mma apem, ahanum ne nan(1,504) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu nan akyirepɔ nsia(4.6).

Ghana mmrahyɛbadwam abatoɔ, 2008:Kpone-Katamanso
Source: Ghana Home Page
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
National Democratic Congress Joseph Nii Laryea Afotey Agbo 20,709 63.0
New Patriotic Party Samuel Okoe Amanquah 10,680 32.5
Convention People's Party Daniel Teye Botchway CPP 1504 4.6 1,504 4.6
Abatoɔ dodoɔ 10,029 30.5
Nnipa dodoɔ a ɛtoaba