Gushegu (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Gushiegu
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniGushegu Mansini
MantamNorthern Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPZiblim Iddi

Gushegu (About this soundpronunciation of"Gushegu") yɛ mpesua nom baako a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbadwam. Wɔyi mmarahyɛbadwanii baako a ne din wɔ abatoɔ nkrataa nom a ɔgyina hɔ ma saa mpesua no. Gushegu wɔ atifi mantam wɔ Ghana.

Mmarahyɛbedwafoɔ[sesa]

Wɔ afe apem ahankron ne aduosia num (1965) wɔ Gushegu mpesua so no, Sulemana Ibn Iddrisu a ɔwɔ akokɔ amanyɔkuo convention people's party na wɔtoo na no tenaa mpesua no akonnwa no. Seth Adam Ziblim a ɔwɔ National Alliance of Liberal amanyɔkuo nso tenaa akonnwa no so wɔ afe apem ahankron ne aduosia nkron (1969). Abdulai Al-Hassan a ɔwɔ popular Front party amanyɔkuo nso bɛyɛɛ mmarahybadwanii wɔ mpesua no so wɔ afe apem ahankron ne aduoson nkron (1979). Wɔ kwasafoman a ɛtɔ so mmiɛnsa abatoɔ wɔ Gushegu-Karaga mpesua wɔ afe apem ahankron ne aduoson nkron (1979) no Issahaka Mahama a ɔwɔ kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress na ɔdii aba no. Gushegu-Karaga abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ kwasafoman a ɛtɔ so nan wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu (1992) no kyiniiɛ amanyɔkuo anamusini Issahaka Mahama na ɔsane tenaa akonnwa no so.Iddrisu Huudu a ɔwɔ kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nso bɛgyee akonnwa no firii Issahaka Mahama nsam wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996). Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan (2004) mu no Rita Tani Iddi a na ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party tenaa akonnwa no so wɔ Gushegu mpesua so. Kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress anamusini Thomss Kwesi Nasah nso gyee akonnwa no firii ne nsam wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe (2008) nom. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia (2016) mu no ɔsono amanyɔkuo New patriotic party de anamusini foforɔ a wɔfrɛ no Ziblim Iddi ma no bɛperee akonnwa no. Alhassan Tampuli Sulemana a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party nso bɛgyee akonnwa no firii Ziblim Iddi nsam wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu (2020) nom.

Abatoɔ[sesa]

2020 Ghana mmrahyɛbadwam abatoɔ: Gushegu
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
New Patriotic Party Alhassan Tampuli Sulemana 30,401 52.01 -2.21
National Democratic Congress Mohammed Yussif Malimali 28,055 47.99 +3.52
Abatoɔ dodoɔ 2,346 4.02 -5.73
Nnipa dodoɔ a ɛtoaba
Registered electors
2016 Ghana mmrahyɛbadwam abatoɔ: Gushegu
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
New Patriotic Party Ziblim Iddi 22,529 54.22
National Democratic Congress Thomas Kwesi Nasah 18,479 44.47
Progressive People's Party Alhassan Abass 316 0.76
Convention People's Party Issah Baba 228 0.55
Abatoɔ dodoɔ 4,050 9.75
Nnipa dodoɔ a ɛtoaba
Registered electors

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]