Bodi (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Bodi(About this soundprononciation of "Bodi" ) ka mpɛsua a ɛwɔ mmarahyɛbadwam no ho bi. Ɛde First past the post abatoɔ na ɛyii Mmarahyɛbadwani a ɔdi kan. Bodi mpɛsua no wɔ Bodi mansini no mu wɔ atɔeɛ atififam mantam mu wɔ Ghana[1][2] Mpɛsua no so mmarahyɛbadwani da so ara yɛ Sampson Ayi a wadi mpɛsua no so fiti mmerɛ a wɔtee Bodi abatoɔ mpɛsua no.Kyiniiɛ amanyɔkuo ( NDC ) no na ɛte so siesie wɔ mpɛsoa no so a Owura Sampson Ahi ne wɔn mmrahyɛbadwani.

Bodi abatoɔ mpesua no yɛ abatoɔ mpesua nkron a ɛwɔ Western North mantam no mu wɔ Ghana. Nkane no na wɔhyɛ Juaboso-Bodi abatoɔ mpesua no mu firi ɔsanaa bosome no mu wɔ mfie mpem mmienu ne nan abatoɔ mu a wɔte firii Bodi mansini no abatoɔ mpesua no mu de kɔ si sɛ wotee mansini no anaafoɔ-apuiɛ fam firii Bodi mansini no mu maa yɛnyaa Bodi abatoɔ mpesua no wɔ Ayɛwohomumɔ bosome no da a ɛtɔ so aduonu nwɔtwe wɔ afe mpem mmienu ne du-mmienu abatoɔ mu. Bodi abatoɔ mpesua no ahenkron ne Bodi.[3]

Mmrahyɛbadwafoɔ[sesa]

Wɔ mfie mpem mmienu ne du-nsia (2016) abatoɔ mu no, NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no anamusini a wɔde no bɛgyinaeɛ ne Sampson Ahi.[4] Abatoɔ no baa awieɛ no na Owura Sampson Ahi na adi nkunim wɔ Bodi abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu, a mprɛmprɛn yi ɔno ara na ɔda so yɛ wɔn mmarahyɛbadwani.[4]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2016/western/289/
  2. http://presidency.gov.gh/index.php/briefing-room/news-style-2/1081-sefwi-wiawso-is-capital-of-western-north-region-president-akufo-addo
  3. "New Districts & Nominated DCEs" (PDF). ghanadistricts. Archived from the original (PDF) on 5 March 2013.
  4. 4.0 4.1 https://www.parliament.gh/mps?mp=83