Biakoye (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Biakoye
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniBiakoye District
MantamOti Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MPKwadwo Nyanpon Aboagye

Biakoye(About this soundpronunciation of"Biakoye")  yɛ mpɛsoa a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbadwam no mu baako. Ɛde first past the post abatoɔ yii mmarahyɛbadwani baako. Biakoye mpɛsoa no wɔ Biakoye mansisni a ɛwɔ Oti mantam mu wɔ Ghana. Amanyɔkuo a ɛte so siesie wɔ mpɛsoa no so ne kyiniiɛ amanyɔkuo ( NDC ) a Owura Kwadwo Nyanpon Aboagye yɛ wɔn mmarahyɛbadwani.

Ahyeɛ[sesa]

Mpɛsoa no wɔ Biakoye mansini a ɛwɔ Oti mantam mu wɔ Ghana. Wɔ ne atififam ne Krachi apueeɛ mansini, wɔ atɔeɛfam, Volta asubɔnten, wɔ anaafoɔfam ne Hohoe mansini ne Kpando mansini a ne nyinaa wɔ Volta mantam mu na wɔ ne apueeɛfam ne Ghana - Togo hyeɛ. Beaeɛ ankasa a na mpɛsoa no wɔ ne Volta mantam a ɛwɔ Gaana kɔsi sɛ yɛtee mantam afoforo a edi mfeɛ mpem mmienu ne dunwɔtwe (2018) Ɔpɛnimma referendum akyi.[1]

Mmarahyɛbadwafoɔ[sesa]

  • Nea wɔyii no kane wɔ mpɛsoa no so wɔ afe apem ahankron ne aduosia (1960) abatoɔ no mu ne Sylvanus Desmond Magnus- George a ɔgyina maa Convention People's Party (CPP) Amanyɔkuo no.
  • Nea ɔtɔ so a wɔyii no wɔ mpɛsoa no so wɔ Afe apem ahankron ne aduosia nkron (1969) ne Obed Asamoah[2] a ɔgyina maa National Alliance of Liberals ( NAL) Amanyɔkuo no.
  • Nea ɔdi so ne Kwadzo Amoah a ɔgyina maa People's National Party (PNP) wɔ afe apem ahankron ne aduoson nkron mu (1979).
  • Nea ɔdi so ne Kwabena Adjei[3] a ɔgyina maa Kyiniiɛ Amanyɔkuo (NDC) wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu (1992) mu.
  • Nea ɔdi so ne Emmanuel Kwasi Bandua a ɔgyina maa Kyiniiɛ amanyɔkuo (NDC) no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan (2004) mu.
  • Nea ɔdi so ne Kwadwo Nyanpon Aboagye[2] a ɔgyina maa Kyiniiɛ amanyɔkuo (NDC) no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dunsia (2016) mu. Fiti mfeɛ mpem mmienu ne dunsia mu a Kwadwo Nyanpon dii nkunim no, Kyiniiɛ amanyɔkuo no na atena mpɛsoa no akonnwa so wɔ mmarahyɛbadwam de besi nnɛ.

Abatoɔ[sesa]

Mfeɛ mpem mmienu na dunsia (2016) Gaanamanfoɔ abatoɔ: Biakoye Beaeɛ a efiri:GhanaWeb
Amanyɔkuo Dibeaperefoɔ Mma Ɔha nkyekyɛmu
Kyiniiɛ Amanyɔkuo

( NDC )

Kwadwo Nyanpon Aboagye Mpem du nwɔtwe ɔha ne aduonum mmienu (18,152) Aduoson baako ne akyirepɔ aduokron nsia (71.96)
Ɔsono Amanyɔkuo

( NPP )

Komla Onny Mpem nsia ahanson ne dunsia (6,716) Aduonu nsia ne akyirepɔ aduosia mmienu (26.62)
Progressive People's Party (PPP) Selorm Agbolosu Ahanu ne aduonu nkron (229) Ohunu ne akyirepɔ aduokron baako (0.91)
Kyiniiɛ Amanyɔkuo

( NDC )

Appiah Evans Aduosia nsia (66) Ohunu ne akyirepɔ aduonu nsia (0.26)
Akokɔ kɔkɔɔ Amanyɔkuo

( CPP )

Frederick Duncan Modzabi Aduosia mmiɛnsa (63) Ohunu ne akyirepɔ aduonu num (0.25)
Mma Dodoɔ Mpem du baako ahanan ne aduasa nsia (11,436)
Deɛ ɛkɔ baeɛ Mpem aduonu num ahanu ne aduonu nsia (25,226)
2012 Gaanamanfoɔ abatoɔ: Biakoye Beaeɛ a efiri:GhanaWeb
Amanyɔkuo Dibeaperefoɔ Mma Ɔha nkyekyɛmu
Kyiniiɛ Amanyɔkuo

( NDC )

Emmanuel Kwasi Bandua Mpem du nkron ahanson ne du nan (19,714) Aduosia nson ne akyirepɔ aduoson nan (67.74)
Ɔsono Amanyɔkuo

( NPP )

Daniel Korsinah Mpem nkron ne aduokron mmienu (9,092) Aduasa baako ne akyirepɔ aduonu nan (31.24)
Akokɔ Kɔkɔɔ Amanyɔkuo ( CPP ) Dzato Moses Ahanu ne aduokron nson (297) Baako ne akyirepɔ ohunu ne mmienu (1.02)
Mma dodoɔ
Deɛ ɛkɔ baeɛ Mpem aduonu nkron ɔha ne mmiɛnsa (29,103)
2008 Gaanafoɔ mmarahyɛbadwam abatoɔ: Biakoye Beaeɛ a efiri:Ghana Home Page
Amanyɔkuo Dibeaperefoɔ Mma Ɔha nkyekyɛmu
Kyiniiɛ Amanyɔkuo (NDC) Emmanuel Kwasi Bandua Mpem dunsia ne aduowɔtwe mmiɛnsa (16,083) Aduosia nsia ne akyirepɔ nan (66.4)
Ɔsono Amanyɔkuo (NPP) Kwasi Owusu-Yeboa Mpem nson ɔha ne aduonu nsia (7,126) Aduonu nkron ne akyirepɔ nan (29.4)
Convention People's Party(CPP) Kpentey Philip Ahansia ne aduosia nsia (666) Mmienu ne akyirepɔ nwɔtwe (2.8)
Democratic Freedom Party(DFP) Atsu Nuworkporm Ahanu ne aduonso num (275) Baako ne akyirepɔ baako (1.1)
Democratic People's Party(DPP) Richard Amoako Aduonum nson (57) Ohunu ne akyirepɔ mmienu (0.2)
Mma dodoɔ Mpem nwɔtwe ahankron ne aduonum nson (8,957) Aduasa nson ne akyirepɔ ohunu (37.0)
Deɛ ɛkɔ baeɛ
2004 Gaanafoɔ mmarahyɛbadwam abatoɔ: Biakoye Beaeɛ a efiri:National Electoral Commission, Ghana
Amanyɔkuo Dibeaperefoɔ Mma Ɔha nkyekyɛmu
Kyiniiɛ Amanyɔkuo

( NDC )

Emmanuel Kwasi Bandua Mpem dunan ahanan ne aduonum nkron (14,459) Aduonum mmiɛnsa ne akyirepɔ mmienu (53.2)
Ɔsono Amanyɔkuo

( NPP )

Kwasi Owusu Yeboah Mpem nsia ahanson ne aduowɔtwe nan (6,784) Aduonu num ne akyirepɔ ohunu (25.0)
Nea wannyina amma ekuo biara

(Independent)

Alfred Kofi Appiah Mpem num ahanson ne aduowɔtwe mmienu (5,782) Aduonu baako ne akyirepɔ mmiɛnsa (21.3)
People's National Convention

( PNC )

George Kofi Afari Ɔha ne aduanan baako (141) Ohunu ne akyirepɔ num (0.5)
Mma dodoɔ Mpem nson ahansia ne aduoson num (7,675) Aduonu nwɔtwe ne akyirepɔ mmienu (28.2)
Deɛ ɛkɔ baeɛ Mpem aduonu num ahasa ne aduanan (25,340) Aduowɔtwe nwɔtwe ne akyirepɔ num (88.5)
2000 Gaanafoɔ mmarahyɛbadwam abatoɔ: Biakoye Beaeɛ a efiri:Adam Carr's Election Archives
Amanyɔkuo Dibeaperefoɔ Mma Ɔha nkyekyɛmu
Kyiniiɛ Amanyɔkuo

( NDC )

Kwabena Adjei Mpem dunum ahasa ne nsia (15,306) Aduosia nkron ne akyirepɔ ohunu (69.0)
Ɔsono Amanyɔkuo (NPP) Edward C. Boateng Mpem nan ɔha ne nwɔtwe (4,108) Dunwɔtwe ne akyirepɔ nkron (18.9)
National Reform Party

( NRP)

William K. Semanhyia Apem baako ahansia ne aduoson nan (1,674) Nson ne akyirepɔ nson (7.7)
Convention People's Party(CPP) Christiana O. Nyarko Ahanson ne aduonum baako (751) Mmiɛnsa ne akyirepɔ nan (3.4)
United Ghana Movement

( UGM )

Atsu N. Missiahyia Ahanu na du (210) Baako ne akyirepɔ ohunu (1.0)
Mma dodoɔ Mpem mmienu ahankron ne aduonu (2,920) Dummiɛnsa ne akyirepɔ ohunu (13.0)
1996 Gaanafoɔ mmarahyɛbadwam abatoɔ: Biakoye Beaeɛ a efiri:Electoral Commission of Ghana
Amanyɔkuo Dibeaperefoɔ Mma Ɔha nkyekyɛmu
Kyiniiɛ Amanyɔkuo (NDC) Kwabena Adjei Mpem aduonu ahanson ne aduanan (20,740) Aduoson nwɔtwe ne akyirepɔ ohunu (78.0)
Ɔsono Amanyɔkuo ( NPP ) Abotsina Festus Andrews Apem baako ahankron ne mmiɛnsa (1,903) Nson ne akyirepɔ mmienu (7.2)
Democratic People's Party

( DPP )

Alexander Kwame Mensah Apem baako ahanwɔtwe ne aduokron nson (1,897) Nson ne akyirepɔ baako (7.1)
People's Convention Party(PCP ) Christiana Amaa Pokuah Nyarko Apem baako ahanson ne nsia (1,706) Nsia ne akyirepɔ nan (6.4)
People's National Convention

( PNC )

George K. Afari Ahasa ne aduanan nwɔtwe (348) Baako ne akyirepɔ mmiɛnsa (1.3)
Mma dodoɔ Mpem dunwɔtwe ahanwɔtwe ne aduasa nson (18,837) Aduoson ne akyirepɔ nwɔtwe (70.8)
Deɛ ɛkɔ baeɛ Mpem aduonu nsia ahanum ne aduokron nan (26,594) Aduowɔtwe baako ne akyirepɔ nkron (81.9)
1992 Gaanafoɔ mmarahyɛbadwam abatoɔ: Biakoye Beaeɛ a efiri:Electoral Commission of Ghana
Amanyɔkuo Dibeaperefoɔ Mma Ɔha nkyekyɛmu
Kyiniiɛ Amanyɔkuo (NDC) Kwabena Adjei
Mma dodoɔ
Deɛ ɛkɔ baeɛ Mpem dunson ahanan ne nkron (17,409) Aduonum baako ne akyirepɔ nkron (51.9)

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://www.graphic.com.gh/news/politics/confirmed-results-of-the-2018-referendum-on-new-regions.html
  2. 2.0 2.1 https://en.m.wikipedia.org/wiki/Obed_Asamoah#cite_note-:2-7
  3. https://www.pulse.com.gh/news/politics/5-things-to-know-about-the-late-ndc-chairman-dr-kwabena-adjei/y1hbmr4