Ahanta West (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Ahanta West
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniAhanta West Mansini
MantamWestern Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPEbenezer Kojo Kum

Ahanta West (About this soundpronunciation of "Ahanta West" ) (Ghana mmarahyɛbadwam mpɛsua)

Samuel Johnfiah yɛ Mmarahyɛbadwani de ma mpɛsua no. Wɔtoo ne so aba wɔ Ɔsono Amanyɔkuo (NPP) no mu ma odii nkonim wɔ abatoɔ no mu. Ɔnyaa mma mpem dubaako ahanan ne aduoson nwɔtwe (11,478) a ɔde bɛyɛɛ Mmarahyɛbadwani.[1] Na ɔsan so yɛ Mmarahyɛbadwani ansana yereto mfe mpem mmienu ne nwɔtwe (2008) Mmarahyɛbadwam abatoɔ wɔ Ghana.

Ahanta Atɔeɛ mpɛsua a ɛwɔ Ghana Mmarahyɛbadwam

Ebenezer Kojo Kum na ɔyɛ Mmarahyɛbadwani de ma Ɔsono Amanyɔkuo (NPP) no wɔ Ahanta Atɔeɛ Mansini no mu a ɛwɔ Atɔeɛ Mantam wɔ Ghana.[2]

Abatoɔ[sesa]

Afe mpem mmienu ne aduonu (2020) mmarahyɛbadwam akonnwa abatoɔ:Ahanta West.[3]

wɔ afe mpem mmienu ne aduonu (2020) mmarahyɛbadwam akonnwa abatoɔ mu wɔ Ahanta West abatoɔ mpesua no so no, amannyɔkuo ahodoɔ nsia na wɔde wɔn ananmusini ba bɛgyinaa wɔ mpesua no so sɛ yɛnto wɔn so aba ma wɔmmɛyɛ mmarahyɛbadwafoɔ. NPP ɔsono amannyɔkuo no de ananmusini a yɛfrɛ no sɛ Ebenezer Kojo Kum na ɛbɛgyinaeɛ, NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no nso de ananmusini a yɛfrɛ no sɛ Emmanuel Okumi Andoh na ɛbɛgyinaeɛ, GUM nso de ananmusini a yɛfrɛ no sɛ ISMAIL BUADII na ɛbɛgyinaeɛ, CPP amannyɔkuo a wɔn ahyɛnsodeɛ ne Akokɔ no nso de ananmusini a yɛfrɛ no sɛ Ebo Mensah na ɛbɛgyinaeɛ, APC nso de ananmusini a yɛfrɛ no sɛ Nathaniel Adusei na ɛbɛgyinaeɛ, na afie PNC nso de ananmusini a yɛfrɛ no sɛ Dominic Akalga na ɛbɛgyinaeɛ.

Ananmusini Mma ɔha mu nkyekyɛmu (%)
EBENEZER KOJO KUM

NPP

Mpem aduonu nson, ahankron ne aduanan nsia (27,946) ɔha mu nkyekyɛmu aduonum baako ne akyiri pɔ aduosia (51.60%)
EMMANUEL OKUMI ANDOH

NDC

Mpem aduonu mmiensa, ahankron ne aduonum nson (23,957) ɔha mu nkyekyɛmu aduanan nan ne akyiri pɔ aduonu nan (44.24%)
ISMAIL BUADII

GUM

Mpem ɔha, aha nson ne aduokron nson (1,797) ɔha mu nkyekyɛmu mmiensa ne akyiri pɔ aduasa mmienu (3.32%)
EBO MENSAH

CPP

ahaanu ne du-nan (214) ɔha mu nkyekyɛmu hwee ne akyiri pɔ aduanan (0.40%)
NATHANIEL ADUSEI

APC

ɔha ne aduasa nkron (139) ɔha mu nkyekyɛmu hwee ne akyiri pɔ aduonu nsia (0.26%)
DOMINIC AKALGA

PNC

ɔha ne baako (101) ɔha mu nkyekyɛmu hwee ne akyiri pɔ du-nkron (0.19%)

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. [2] MPs elected in the Ghanaian parliamentary election, 2008
  2. [1] "Archived copy". Archived from the original on 2010-11-30. Retrieved 2011-04-25.
  3. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2020/western/ahanta_west/