Ebenezer Kojo Kum

Ɛfi Wikipedia
Ebenezer Kojo Kum
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
date of birth17 Oforisuo 1967 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni, general manager Sesa
position heldMember of the 7th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Minister of Chieftaincy and Religious Affairs Sesa
educated atGhana School of Law, University of Cape Coast Sesa
academic degreediploma, bachelor's degree, Master of Laws Sesa
residenceDixcove Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa
candidacy in election2016 Ghanaian general election, 2020 Ghanaian general election Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa

Ebenezer Kojo Kum (wɔwoo no Memeneda 17 Ayɛwohomumɔ 1967) yɛ Ghana amammuifoɔ, mmaranimfoɔ a na ɔyɛ Ghana Ɔmanpanin Mmarahyɛbadwa a Ɛtɔ so Nson no muni na seesei ɔyɛ Ghana Ɔmanpanin Mmarahyɛbadwa a Ɛtɔ so Nwɔtwe a ɔgyina Ahanta Atɔeɛ Mansin ananmu no muni wɔ Ghana Atɔe Fam Mantam mu wɔ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no tekiti so.

Mfitiase asetena ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Ebenezer Kojo Kum na ɔfiri Dixcove a ɛwɔ Ghana Atɔeɛ Mantam mu. Ebenezer Kojo Kum nyaa ne Ordinary Level(O - Level) wɔ afe 1984 mu ne Advanced Level(A - Level) wɔ afe 1986. Ebenezer Kojo Kum kɔɔ so nyaa ne Bachelor of Arts(Hons) ne Diploma wɔ Nhomasua mu, a ne nyinaa fi University of Cape Coast wɔ afe 1991 mu na ɔyɛɛ Mmaranimfo (General Practice) wɔ Ghana Mmara Sukuu mu wɔ afe 2020 mu.

Adwuma[sesa]

Ebenezer Kojo Kum yɛ Ɔkwankyerɛfoɔ Abadiakyiri/Amammerɛ sohwɛfoɔ Panyin/Amammerɛ sohwɛfoɔ Panyin firi afe 1992 kɔsi afe 2005 wɔ Ɔman Amammerɛ Asoɛeɛ.

Ebenezer Kojo Kum nso yɛ mmaranimfoɔ kumaa firi afe 2000 kɔsi afe 2002 wɔ Kendicks Law Firm, ɔyɛ Associate partner fi afe 2002 kɔsi 2007 ne General Manager firi afe 2007 kɔsi 2016 wɔ Kendicks Law Firm.

Mprempren Ebenezer Kojo Kum reyɛ adwuma sɛ Mmarahyɛbadwa no muni (MP) ama Ahanta West Abatoɔ Mpasua wɔ Atɔee Mantam wɔ Ghana wɔ New Patriotic Party no tekiti so.

Amanyɔsɛm mu Asetena[sesa]

Ebenezer Kojo Kum sii akan na odii nkonim wɔ afe 2016 NPP mmarahyɛbadwa mfitiaseɛ abatoɔ mu maa Ahanta West abatoɔ mpasua wɔ Atɔe Mantam wɔ Ghana.Ebenezer Kojo Kum kɔɔ so dii nkonim wɔ mmarahyɛbadwa no mu wɔ ne mantam (Ahanta West abatoɔ mpasua) mu wɔ Atɔe Mantam wɔ Ghana wɔ afe 2016 Ghana amansan abatoɔ no mu wɔ New Patriotic Party no tekiti so sɛ wɔbɛka Seventh (7th) Parliament of the Fourth Republic of Ghana a ɔnyaa abatoɔ 30,596 (68.1%) tiaa George Kwame Aboagye(Late) a ɔfiri National Democratic Congress a ɔnyaa abatoɔ 13,784 (30.7%) ne Isaac Kweku Annan a ɔfiri Convention People’s Party(CPP) a ɔnyaa aba 546 (1.2%).

Ebenezer Kojo Kum san sii akan na ɔdii nkonim wɔ afe 2020 NPP mmarahyɛ bagua mfitiaseɛ abatoɔ mu maa Ahanta West Abatoɔ mpasua wɔ Atɔe Mantam mu wɔ Ghana a ɔnyaa abatoɔ 472(65.46%) tiaa Kwesi Biney a ɔnyaa abatoɔ 249 (34.54%). Ebenezer Kojo Kum san kɔɔ so dii nkonim wɔ afe 2020 Ghana amansan abatoɔ no mu wɔ New Patriotic Party no tekiti so sɛ ɔbɛkɔ akɔka Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so awotwe (8) a ɛwɔ Fourth Republic of Ghana no ho a ɔnyaa abatoɔ 27,946 (51.60%) tiaa Dr. Emmanuel Okumi Andoh (a kan Pro-Vice Chancellor a ɔwɔ Takoradi Technical University) a ɔwɔ National Democratic Congress a ɔnyaa abatoɔ 23,957 (44.24%), Ismail Buadii a ɔfiri Ghana Union Movement (GUM) a ɔnyaa abatoɔ 1,797 (3.32%), Ebo Mensah a ɔfiri Convention People’s Party (CPP) a onyaa abatow 214 (0.40%), Nathaniel Adusei a ofi All People’s Congress (APC) a onyaa abatow 139 (0.25%) ne Dominic Akalga a ofi People’s National Convention (PNC) a ɔno nso nyaa abatow 101 (0.18% ).

Ebenezer Kojo Kum yɛ Ɔmanpanyin ne Nyamesom Nsɛm Ho Ɔsoafo.

Boayikuw[sesa]

Ebenezer Kojo Kum yɛ Atemmu Boayikuw no muni . Ɔsan nso yɛ Fourth Republic of Ghana Mmarahyɛbadwa a Ɛto so Awotwe (8) no Aguadi, Nnwuma ne Nsrahwɛ Boayikuw no muni.

N'asetena[sesa]

Ebenezer Kojo Kum yɛ Kristoni na ɔyɛ Anaji Christ the King Methodist Asɔre a ɛwɔ Takoradi no muni. Ebenezer Kojo Kum aware wɔ anigye mu a ɔwɔ abofra.

Adɔeɛ[sesa]

Ebenezer Kojo Kum de aduruyɛ nnwinnade bi maa Ahanta West akwahosan ho adwumayɛbea a ɛwɔ Ahanta West Constituencyon Fida, 24 Ɔbɛnem 2020. Nnwinnade a ne bo yɛ cedis mpempem pii no bi ne moto abien, moto abiɛsa sakre abien (a wɔfrɛ no Mahama Canbu), mpa so ntama asinasin , ne Samsung Television a ne kɛse yɛ nsateakwaa 55, wɔde hyɛɛ Municipal Health Director, Madam Caroline Efah Otoo nsa.

Ebenezer Kojo Kum de Ghana Cedis Mpem Du, Ahanson Aduɔwɔtwe Awɔtwe(10,788) maa Sankor Senior High School a ɛwɔ ne mantam mu (Ahanta West Abatoɔ mpasua) sɛ wɔntɔ agyiraehyɛdeɛ board dumiɛnsa (13) a ɛwɔ graph.

Ebenezer Kojo Kum san dii bɔhyɛ bi a ɔhyɛɛ Kristofo Ɔsoro Asɔre a ɛwɔ Dixcove no so. Ɔde sika ntoboa a ɛyɛ GHS 5,400 maeɛ wɔ asɔre no nsrahwɛ mu ansa na afe 2020 amansan abatoɔ no reba de aboa Awurade adwuma. Eyi sii bere a Ɔsɔfo Panyin, Paul Essien hyɛɛ nkɔm sɛ obedi nkonim wɔ abatow no mu akyi.