Adenta (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Adenta
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniAdentan Municipal Assembly
MantamGreater Accra Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
Created2004
AmanyɔkuoNational Democratic Congress(Ghana)
MPMohammed Adamu Ramadan - MP Elect

Adenta(About this soundpronunciation of "Adenta" ) ka mpasua a wɔn ananmusini wɔ Ghana Mmarahyɛbadwafie no ho.Ɛde 'first past the post' abatoɔ nhyehyeɛ no na eyi mmarahyɛbadwani baako. Adenta mpasua no wɔ Adentan 'Municipal ' mansini a ɛwɔ Greater Accra Mantam wɔ Ghana.

Ɛhyeɛ[sesa]

Mpasua no hyeɛ ahodoɔ nyinara wɔ Adentan Municipal Mansini mu wɔ Greater Accra Mantam wɔ Ghana. Wɔtee mpasua no wɔ berɛ a na wɔrebɛto afe 2004 amanpanin ne mmarahyɛbadwafoɔ abatoɔ no. Wɔkyɛɛ Ashaiman mpasua a na ɛwɔ hɔ saa berɛ no mu no mmienu ma no bɛyɛɛ Adenta ne Ashaiman mpasua.[1]

Mmarahyɛbadwafoɔ[sesa]

Abatoɔ Manyɔni Party
2004 Kwadjo Opare-Hammond New Patriotic Party
2008 Kojo Adu Asare National Democratic Congress
2012 Emmanuel Nii Ashie Moore National Democratic Congress
2016 Yaw Buaben Asamoa New Patriotic Party
2020 Mohammed Adamu Ramadan National Democratic Congress

Abatoɔ(2008 Mmarahyɛbadwafoɔ Abatoɔ)[2][2][sesa]

Wɔ mfei mpem mmienu ne nwɔtwe abatoɔ no mu no, Kojo Adu Asare a ɔfiri NDC (National Democratic Congress) ɛyɛ kyinie amanyɔkuo no mu no na ɔgyinaa sɛ mmerahyɛbadbadwamni. Ɔnoara nso na ɔdii nkunim wɔ saa abatoɔ no mu. Ɔnyaa abatoɔ no mu mma mpem aduonu, aha mmienu ne aduasa (20,230) a ɔno gyina hɔ ma ɔha mu abupɛn aduonum nan ne akyiripo mmiensa (54.3%). Deɛ ɔtooso mmienu ne Kwadjo Opare Hammond a ɔsono amanyɔkuo ɛyɛ NPP (New Patriotic Party ) mu na ɔfiri. Wɔ abatooɔ no mu no ɔnyaa mma no mu mpem dunsia, ahansia ne aduanan nsia (16,646) a ɛno gyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduanan nan ne akyiripo nson (44.7%). Na deɛ ɔtooso mmiensa no nso ne Mamshie Omar Bawa a ɔgyina ma CPP (Convention People's Party ) amnyɔkuo no, na ɔnyaa mma no mu aha mmiensa 0ne aduowɔtwe nson (387) a ɔno nso yɛ ɔha mu abupɛn baako ne akyiripo hwee (1.0%).[3] Wɔ mfei mpem mmienu ne nan mu no nso sei na abatoɔ no kɔɔeɛ, Owura Kwadjo Opare Hammond nyaa abatoɔ no mu mma mpem dunson, ahankron ne aduosia nan (17,964) a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduanan nkron ne akyiripo baako (49.1%) na ɔfiri NPP amanyɔkuo no mu. Deɛ ɔdi hɔ biom ne Lt. Col (RTD) Joseph Kabul Davies, ɔnyaa mma no mu mpem adunson ne aduonu (17,020) a ɛno gyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduanan nsia ne akyiripo nsia (46.6%) na ɔgyinaeɛ wɔ NDC amanyɔkuo no din mu. Owura Patrick Offei Addo a ɔgyina wɔ CPP amanyɔkuo no din mu no nso nyaa mma no mu ɔha aduoson ne nan (704) a ɔno yɛ ɔha nkyekyɛmu baako ne akyiripo nkron (1.9%). Na Abdul Manaf Yunus nso nyaa mma no mu ahansia ne aduanan nan (644) a ɔno nso yɛ ɔha mu abupɛn baako ne akyiripo nwɔtwe (1.8%). Na Dr David Pessey a ɔgyinaa wɔ DPP no nso nyaa mma no mu aha mmienu ne aduonu num (225) a ɛno nso yɛ ɔha mu nkyekyɛ mu hwee ne akyiripo nsia (0.6%).[4]

Bea me nyaa mmoa firieɛ[sesa]

  1. http://library.fes.de/pdf-files/bueros/ghana/03610.pdfhttp://library.fes.de/pdf-files/bueros/ghana/03610.pdf
  2. 2.0 2.1 https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/election2008/parliament.constituency.php?ID=220
  3. Ghana Home Page
  4. https://web.archive.org/web/20151103233744/http://the/ Electoral Commission of Ghana