Okaikwei Central (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Okaikwei Central
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniAccra Metropolitan Area
MantamGreater Accra Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPPatrick Yaw Boamah

Okaikwei Central(About this soundpronunciation of "Okaikwei Central" ) Okaikwei mfinfini do fam ka mpasua a wɔn wɔ ananmusini wɔ Ghana Mmarahyɛbadwafie no ho.Ɛde 'first past the post' abatoɔ nhyehyeɛ no na ɛyii mmarahyɛbadwani baako. Okaikwei Central mpasua no wɔ Greater Accra Mantam wɔ Ghana.

Mpasua no hyeɛ ahodoɔ nyinara wɔ Accra Metropolis Mansini mu wɔ Greater Accra Mantam wɔ Ghana.

Ahyeɛ[sesa]

Mpasua yi, yɛbɛ hunu wɔ Nkrae Metropolis Mansini no mu wɔ Nkrae Mantam Keseɛ no mu wɔ Ghana. Saa mpasua yi ahyeɛ nyinaa wɔ Nkrae a ɛwɔ Nkrae Metropolis Mansini mu (Accra Metropolis District ) wɔ Nkrae Mantam kɛseɛ no mu wɔ Ghana.

Mmarahyɛbadwafoɔ[sesa]

Wɔ mfei mpem mmienu ne du nsia no mu no, wɔ Ghana mmerahyɛ badwam abatoɔ a yɛ too wɔ Ghana man yi mu no, Patrick Yaw Boamah a ɔgyinaa mu maa NPP(New Patriotic Party) ɛyɛ ɔsono amanyɔkuo no na edii nkunim. Onyaa aba a wɔn tooeɛ no mu mma mpem aduonu nwɔtwe, ahanum ne num (28,505) a ɛno gyina hɔ ma ɔha mu abupɛn aduosia baako ne akyiripo aduasa mmiensa (61.33%). Neɛ ɔtooso mmienu ne Abdul Rashid Issah a ɔgyina mu maa NDC (New Democratic Congress ). ɛyɛ kyinie amanyɔkuo no, na ɔno nso nyaa aba a wɔn tooeɛ no mu mma apem dunson ahansia ne aduasa (17,630) a ɛno nso gyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduasa nson ne akyiripo aduokron nson (37.97%). Deɛ ɔtooso mmiensa no nso nya aha mmienu ne aduanan nsia (246) a ɛno nso gyina ma ɔha mu nkyekyɛmu hwee ne akyiripo aduonum mmiensa (0.53%) a ne din ne Michael Mireku Sasu a ɔno na ɔgyina maa PPP amanyɔkuo no. Ne kora kora no deɛ ɔtooso nan no ne Sophia T.Annan a ɔgyina maa CPP amanyɔkuo no na ɔno nso nyaa mma no mu aduokron nan (94)a ɛno gyina hɔ ma ɔha mu abupɛn hwee ne akyiripo aduonu (0.20%)[1]

Abatoɔ Manyɔni Amanyɔkuo
2016 Patrick Yaw Boamah New Patriotic Party
2016 Ghana Mmarahyɛbadwafoɔ Abatoɔ: Okaikwei Central [2][2]

Source: Peacefmonline
Amanyɔkuo Akansifoɔ Mma %
NPP Patrick Yaw Boamah 28,505 61.33
NDC Abdul Rashid Issah 17,630 37.93
PPP Michael Mireku Sasu 246 0.53
CPP Sophia T. Annan 94 0.20

Beae A Minyaa Mmoa Firii[sesa]

  1. peacefmonline.com
  2. 2.0 2.1 https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2016/greateraccra/okaikwei_central/