Tema East (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Tema East
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniTema Municipal District
MantamGreater Accra Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPDaniel Nii Kwartei Titus Glover

Tema East(About this soundpronunciation of"Tema East" ) mansini a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbedwam no baako. Wɔyi mmarahyɛbedwanii baako a ne din wɔ abatoɔ nkrataa nom a ɔgyina hɔ ma saa mpɛsoa no. Tema East wɔ Tema mansini adantam a ɛwɔ Nkran punpuni mantam wɔ Ghana.

Ɛhyeɛ[sesa]

Mpɛsoa no hyɛ Nkran"Metropolitan" mansini a ɛwɔ Nkran punpuni mantam wɔ Ghana.

Mmarahyɛbedwafoɔ[sesa]

Wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu( 1992)no , Erasmus Aruna Quao na ɔgyina maa mpɛsoa no a ɔwɔ National convention party amanyɔkuo no . Wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia(1996) mu no Ishmael Ashietey a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party mu na ɔgyina maa mpɛsoa no.Samuel Evans Ashong Narh a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party nso gyina maa mpɛsoa no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe (2008) nom. Ɛna Daniel Nii Kwartei Titus Glover a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party nso gyinaa wɔ mpɛsoa nom wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nom(2010).

Wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu 1992)no , Erasmus Aruna Quao na ɔgyina maa mpɛsoa no a ɔwɔ National convention party amanyɔkuo no . Wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia(1996) mu no Ishmael Ashietey a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party mu na ɔgyina maa mpɛsoa no.Samuel Evans Ashong Narh a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party nso gyina maa mpɛsoa no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe (2008) nom. Ɛna Daniel Nii Kwartei Titus Glover a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party nso gyinaa wɔ mpɛsoa nom wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nom(2010).

Bere Amanyɔni Amanyɔkuo
1992 Erasmus Aruna Quao National Convention Party
1996 Ishmael Ashietey New Patriotic Party
2008 Samuel Evans Ashong Narh New Patriotic Party
2016 Daniel Nii Kwartei Titus Glover New Patriotic Party

Abatoɔ[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe(2008) Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ nom wɔ Weija East no nnipa num na ɛperee akonnwa. Samuel Evans Ashong Narh a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party nyaa mma mpem aduanan, ahanan ne aduanan nan(50,444) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduanan nkron akyirepɔ nan(49.4%). Robert Kenyes Ofosuware a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nso nyaa mpem aduasa mmiɛnsa, ne du baako (33,011) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduanan akyirepɔ mmiɛnsa (40.3). Mpem aduoson, ahannwɔtwe ne aduonum mmienu (7,852) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu nkron akyirepɔ nsia(9.6) na Richster Nii Armah Armarfuo a ɔwɔ akokɔ amanyɔkuo convention peoples nyaeɛ. Nii Sai Annan a ɔnni amanyɔkuo biara mu nyaa ahanum ne du nkron(519) a ɛyɛ akyirepɔ nsia(0.6). Stephen Ashitey Adjei a ɔwɔ Democratic people's party anya mma biara.

Wl mfeɛ mpem mmienu ne du nsia(2016) Ghana abatoɔ wɔ Tema East[1] no nnipa na na wɔn din wɔ abatoɔ nkrataa nom a ɛwɔ sɛ yɛto aba ma wɔn. Mpem aduasa baako, ahanson ne aduowɔtwe mmienu(31.782) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonum mmienu akyirepɔ aduowɔtwe mmienu (52.82%) na Daniel Nii Kwartei Titus Glover a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party nyaeɛ. Robert Kenyes Ofosuware a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nso nyaa mma mpem aduonu nson, ahanson ne aduonum nson(27,757) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduanan nsia akyirepɔ du mmiɛnsa. Theophilus Nii Ankamah Densu-Tetteh nyaa mma ahanan ne nnwɔtwe(408) a ɛyɛ akyirepɔ aduosia nnwɔtwe (0.68). Akokɔ amanyɔkuo convention people's party anamsini Richmond Lawer Mensah nso nyaa ahanu ne aduonu nkron (229) a ɛyɛ akyirepɔ aduasa nnwɔtwe.

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. FM, Peace. "Ghana Election 2016 Results - Tema East Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2018-04-14.