Tano North (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Tano North District
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniTano North District
MantamAhafo Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
MPFreda Prempeh

Tano North (About this soundsɛnea yɛbɔ "Tano North" ) abatoɔ mpɛsua no yɛ abatoɔ mpɛsua a ɛwɔ ɔman Ghana mu. Abatoɔ mpɛsua a ɛne Tano North abatoɔ mpɛsua no bɔ hyeɛ bi ne Tano South abatoɔ mpɛsua no. Tano North abatoɔ mpɛsua no wɔ Ahafo mantan no mu. Ɛnkane no na ɛwɔ Bono-Ahafo mantam no mu de bɛsi sɛ abatoɔ kɔmisa kyekyɛɛ mantam ahodoɔ mu. Ɛmaa Tano North abatoɔ mpesua no kɔdii Ahafo mantam.

Tano North abatoɔ mpɛsua no yɛ abatoɔ mpɛsua ahodoɔ nsia a ɛwɔ Ahafo mantan no mu baako. Nkane no na nka mansini no din ne Tano mansini ɛfiri afe apem aha nkron ne aduowɔtwe nwɔtwe (1988) mu de bɛsi afe mpem mmienu ne nan (2004). Ɔpɛnimaa bosome no mu na abatoɔ kɔmisa tee Tano abatoɔ mpɛsua no atɔeɛ fam no firi Tano mansini no mu. Ɛmaa ɛdin no sesa bɛyɛɛ Tano North abatoɔ mpɛsua. Tano North abatoɔ mpɛsua no ahenkuro ne Duayaw-Nkwanta.[1]

Freda Prempeh yɛ mmarahyɛbedwani ma saa mpɛsoa no. Ɛnam Ɔsono amanyɔkuo (New Patriotic Party) so na wɔtoo no so aba yii no a ɔnyaa mma dodoɔ bɛyɛ mpem num, ahankron ne aduonu mmiɛnsa (5,923) [2] de bɛyɛɛ mmarahyɛbedwanii. Na ɔsan nso yɛ anamsini ma saa mpɛsoa no wɔ kwasafoman a ɛtɔso nan no mu.[2]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. https://en.wikipedia.org/wiki/Tano_North_Municipal_District
  2. 2.0 2.1 MPs elected in the Ghanaian parliamentary election, 2008