Sissala East (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Sissala East
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniSissala East Municipal
MantamUpper West Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MPHon. Amidu Chinnia

Sissala East(About this soundpronunciation of"Sissala East")  ka mpɛsoa a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbedwam. Wɔyi mmarahyɛbedwanii baako a ne din wɔ abatoɔ nkrataa nom a ɔgyina hɔ ma saa mpɛsoa no. Sissala East wɔ Sissala mansini adantam wɔ atɔeɛ do mantam wɔ Ghana. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ nom na wɔtee saa mpɛsoa no.

Ɛhyeɛ[sesa]

Mpɛsoa no hyɛ Sissala East mansini wɔ Sissala mansini a ɛwɔ atɔeɛ do mantam wɔ Ghana. Burkina Faso na wɔne wɔn bɔ wɔ serɛm. Sissala West mpɛsoa nso deɛ yɛ atifi atɔeɛ ɛna Wa East nso deɛ yɛ anaafoɔ atɔeɛ. Efiri atifi kɔ anaafoɔ a ɛrekɔ apueɛ hyeɛ no so no wobɛhunu Chiana-Paga mpɛsoa a ɛwɔ Kassena/ Nankana mansini ne Builsa North ne Builsa South mpɛsoa a ɛwɔ Builsa mansini,ne nyinaa hyɛ atɔeɛ do mantam mu.

Abakɔsɛm[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan mu no, Ghana abatoɔ kɔmisa tee Sissala West firii saa mpɛsoa nom.[1] Mmarahyɛbedwafoɔ no ne abatoɔ no mma a watwerɛ no ha no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan mu no yɛ Ɛnkane Sissala mpɛsoa dea.

Mmarahyɛbedwafoɔ[sesa]

Alhaji Amidu Sulemana yɛ ekuoba wɔ amanyɔkuo National Democratic Congress mu a wɔtoo ne so aba wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu mu wɔ Sissala East. Wɔ mfeɛ mpem mmienu mu no wɔtoo Moses Dani Baah a ɔno nso wɔ Peope's National convention amanyɔkuo mu so aba wɔ saa mpɛsoa nom. Alhassan Dubie Halutie a ɛno nso wɔ National Democratic Congress mu wɔ Sissala East no wɔtoo no so aba wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe mu.

Bere Amanyɔni Amanyɔkuo
1992 Alhaji Amidu Sulemana National Democratic Congress
2000 Moses Dani Baah People's National Convention
2008 Alhassan Dubie Halutie National Democratic Congress

Abatoɔ[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ no wɔ Sissala East a ɛwɔ atɔeɛ do mantam no, nnipa mmiɛnsa a wɔn firi amanyɔkuo afoforɔ mu na ɛgyinaa hɔ maa mpɛsoa no.Na Alhassan Dubie Halutie gyinaa hɔ maa kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress maa mpɛsoa. Ɔnyaa mma mpem nson ne aduosia a sɛ wode kɔ ɔhamu nkyekyɛmu a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduasa nsia akyirepɔ nkron. Moses Dani Baah nso gyinaa hɔ maa people's National convention a ɔnyaa mma mpem nsia, ahannwɔtwe ne aduanan mmiɛnsa a ɛne ɔhamu nkyekyɛmu aduasa num akyirepɔ nnwɔtwe yɛ pɛ. Saa nso na Ɔsono amanyɔkuo New patriotic party anamsini ma saa mpɛsoa no nso nyaa mma mpem num, ahanu ne aduonu nsia a ɛne ɔhamu nkyekyɛmu aduonu nson akyirepɔ mmiɛnsa yɛ pɛ. Na abatoɔ kɔmisa no de too dwa wɔ aberɛ a ɔde mma no too dwa no sɛ Alhassan Dubie Halutie a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress na woayi no sɛ ɔmmɛyɛ mmarahyɛbedwanii mma saa mpɛsoa no.

2008 Ghana mmrahyɛbadwam abatoɔ:Sissala East
Source:Ghana Home Page
Amanyɔkuo Nea yɛtow ne so aba Abatoɔ % ±%
National Democratic Congress Alhassan Dubie Halutie 7,060 36.9
People's National Convention Moses Dani Baah PNC 6,843 35.8
New Patriotic Party Issah Baworun Ahmed 5,226 27.3
Abatoɔ dodoɔ 217 1.1
Nnipa dodoɔ a ɛtoaba

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Elections 2004: Ghana's Parliamentary and Presidential Elections" (PDF). Friedrich Ebert Foundation and Electoral Commission of Ghana. November 2005. p. 13. Retrieved 2009-05-08.