Klottey Korle (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Klottey Korle
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniKorle Klottey Municipal Assembly

Municipal chief Executive

Hon. Nii Adjei Tawiah
MantamGreater Accra Region of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MPZanetor Agyeman-Rawlings

Klottey Korle yɛ mpesua nom baako a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbedwam. Wɔyi mmarahyɛbedwanii baako a ne din wɔ abatoɔ nkrataa nom a ɔgyina hɔ ma saa mpɛsoa no. Klottey Korle wɔ Nkran punpuni mantam wɔ Ghana. Mmarahyɛbadwanii a ɔte Klottey Korle mpesua no akonnwa no so seisei ne Dr. Zanetor Agyemang-Rawlings.

Mmarahyɛbadwafoɔ[sesa]

Wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu (1992) mu no Nathan Tetteh Mensah a ɔwɔ EGLE amanyɔkuo mu na ɔtenaa mpesua no akonnwa no so. Kyiniiɛ amanyɔkuo ?National Democratic Congress) anamusini David Lamptey nso peree mpesua no akonnwa no wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996). Nii Adu Daku Mante a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo (New patriotic party) nso peree akonnwa no wɔ mfeɛ mpem mmienu (2000) nom. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe (2008) nom no, kyiniiɛ amanyɔkuo (National Democratic Congress) de anamusini foforɔ a yɛfrɛ no Nii Armah Ashietey ba bɛperee akonnwa no. Kyineeɛ amanyɔkuo (National Democratic Congress) sane de Zanetor Agyemang-Rawlings baa mfeɛ mpem mmienu ne du nsia (2016) nom ma no sane bɛgyina maa mpesua no.

Bere Amanyɔni Amanyɔkuo
1992 Nathan Tetteh Mensah EGLE
1996 David Lamptey National Democratic Congress
2000 Nii Adu Daku Mante New Patriotic Party
2008 Nii Armah Ashietey National Democratic Congress
2016 Zanetor Agyeman-Rawlings National Democratic Congress

Abatoɔ[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu (2020) Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ wɔ Klottey Korle no,[1] nnipa mmiɛnsa na ɛperee mpesua no akonnwa no. Zanetor Agyemang-Rawlings a ɔwɔ kyiniiɛ amanyɔkuo (National Democratic Congress) nyaa mma mpem aduasa nkron, ahasa ne aduanan mmiɛnsa (39,343) a ɛyɛ akyirepɔ aduonum num akyirepɔ aduosia nsia(55.66). Prince Appiah Debrah a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party nso nyaa mma mpem aduasa mmiɛnsa, ɔha ne aduonum nan(31,154) ɛyɛ aduanan nan akyirepɔ nson(44.07). Liberal party of Ghana anamusini Fred Ntow Boateng nyaa mma ɔha ne aduokron(190) a ɛyɛ akyirepɔ aduonu nson(0.27).

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia (2016) Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ wɔ Klottey Korle [2] mpesua no, nnipa nan na ɛperee mpesua no akonnwa no. Zenator Agyemang Rawlings a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nyaa mma mpem aduasa mmiɛnsa, ahansia ne nkron (33,609) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonum akyirepɔ aduonu nkron (50.29). Ɔsono amanyɔkuo New patriotic party anamusini Philip Kojo Addo Addison nyaa mma mpem aduonu nkron, ɔha ne aduonu mmienu (29,122) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduanan mmiɛnsa akyirepɔ aduonum nson(43.57). Nii Noi Nortey Valentino a ɔnni amanyɔkuo biara mu nso nyaa mma mmiɛnsa, ahankron ne du baako (3,911) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu num akyirepɔ aduowɔtwe num(5.85). Mma ɔha ne aduokron nan(194) a ɛyɛ akyirepɔ aduonu nkron (0.29) na Godwin Opare Addo a ɔwɔ akokɔ amanyɔkuo convention people's party nyaeɛ.

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu (2012) Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ wɔ Klottey Korle[3] no nnipa nson na ɛperee mpesua no akonnwa.Nii Armah Ashietey a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nso nyaa mma mpem aduasa nsia, ɔha ne aduonu mmienu (36,122) a ɛyɛ akyirepɔ aduanan nwɔtwe akyirepɔ aduonum num(48.55).

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe (2008) Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ wɔ Klottey Korle[4] no nnipa mmiɛnsa na ɛperee mpesua no akonnwa no.Nii Armah Ashietey a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nyaa mma mpem aduasa, ahansia ne aduasa mmiɛnsa (30,633) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonum akyirepɔ nsia(50.6). Mma mpem aduonu nnwɔtwe ne du baako (28,011) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduanan nsia akyirepɔ mmiɛnsa (46.3) na Samuel J. Adjei Tawiah a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party nyaeɛ. Akokɔ amanyɔkuo convention people's party anamsini Monica Naa Ayao Quarcoopome nso nyaa mma aha ne ahankron (1,900) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu mmiɛnsa akyirepɔ baako (3.1).

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan (2004) Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ nom wɔ Klottey Korle no,[5] nnipa nan na ɛperee mpesua no akonnwa no. Ɔsono amanyɔkuo New patriotic party anamusini Nii Adu Daku Mante nyaa mma mpem aduasa mmienu, ahanu ne aduosia mmiɛnsa (32,263) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduanan num akyirepɔ nsia(45.6).Nii Armah Ashietey a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress sane peree mpesua no akonnwa no biom a ɔnyaa mma mpem aduasa, ahasa ne aduonum baako (30,351) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduanan num akyirepɔ nsia (45.6). Mma mpem mmiɛnsa ne mmiɛnsa (3,003) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu nan akyirepɔ num(4.5) na Godwin Opare-Addo a ɔwɔ akokɔ amanyɔkuo convention people's party nyaeɛ. People's National convention anamusini Richard Addo Buckman nyaa mma ahankron ne du (910) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu baako akyirepɔ nan(1.4).

Wɔ mfeɛ mpem mmienu (2000) mu wɔ Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ wɔ Klottey Korle mpesua so no,[6] nnipa nsia na ɛgyina maa mpesua no. Nii Adu Daku Mante a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party sane peree mpesua no akonnwa no a ɔnyaa mma mpem aduonu nkron, ahanu ne aduanan (29,240) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonum baako akyirepɔ nson(51.7). National Democratic Congress anamusini David Lamptey nyaa mma mpem aduonu, ahanu ne aduonu mmienu (20,222) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduasa num akyirepɔ nson(35.7). H.M Nii Torgbor Cofie-Squire a ɔwɔ United Ghana Movement nyaa mma mpem mmienu, ahanson ne du nson (2,717) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu nan akyirepɔ nnwɔtwe (4.8). Akokɔ amanyɔkuo convention people's party anamsini Godwin Opare-Addo nyaa mma mpem mmienu,ahanu ne aduokron nnwɔtwe (2,298) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu nan akyirepɔ baako (4.1). Emmanuel C. Gustav Lartey a ɔwɔ National Reform Party nso nyaa mma apem, ahasa ne aduanan mmiɛnsa (1,343) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu mmienu akyirepɔ nan (2.4). People's National convention anamusini U. Babamma Mohammed nyaa mma ahanson ne aduanan nson(747) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu baako akyirepɔ mmiɛnsa (1.3).

Wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) mu wɔ Klottey Korle[2] Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ nom no nnipa num na ɛgyina maa mpesua no akonnwa no.David Lamptey a ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress nyaa mma mpem aduonu, ahanan ne aduowɔtwe num(20,485) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduasa mmiɛnsa akyirepɔ du mmienu(33.12). Tei Okunor a ɔnni amanyɔkuo biara mu no nso nyaa mma mpem du nson, ahanu ne num(17,205) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu ahanu nson akyirepɔ aduowɔtwe baako (27.81). Ɔsono amanyɔkuo New patriotic party anamusini Gilbert K. Quartey nyaa mma mpem du nson ne aduokron (17, 090) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu aduonu nson akyirepɔ aduosia mmiɛnsa (27.63). Adolg Lutterodt a ɔwɔ People's Convention party mpem nan, ahannwɔtwe ne aduokron nson (4,897) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu nson akyirepɔ aduokron mmienu (7.92). Kwame Nyarko Akuffo-Mensah a ɔnni amanyɔkuo biara mu no nso nyaa mma mpem mmienu,ɔha ne aduoson mmiɛnsa (2,173) a ɛyɛ ɔhamu nkyekyɛmu mmiɛnsa akyirepɔ aduonum baako (3.51)

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. Parliamentary Results for Korle Klottey". www.ghanaweb.com. Retrieved 19 December 2020.
  2. 2.0 2.1 Election Passport - Providing election data from around the world. -Ghana"(spreadsheet). www.electionpassport.com. Retrieved 19 December 2020.
  3. Parliamentary Results - Korle KlotteyConstituency". www.ghanaweb.com. Retrieved 19 December 2020.
  4. Parliamentary Results Korle Klottey (Greater Accra Region)". www.ghanaweb.com. Retrieved 19 December 2020.
  5. ELECTIONS 2004 - Ghana's parliamentary and Presidential Elections"(PDF). www.fes.de. Electoral Commission of Ghana, with support of the Friedrich Ebert Stiftung. November 2005. p. 171. Archived (PDF) from the original on 27 October 2020. Retrieved 20 December2020.
  6. Electoral Commission of Ghana - Parliamentary Result - Election 2000"(PDF). Official website. Electoral Commission of Ghana. 12 December 2007. p. 33. Archived from the original (PDF) on 26 September 2020. Retrieved 20 December 2020.