Nii Armah Ashitey

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Nii Armah AshiteyGhana mmaranimni ne ɔmanyɔni . Ɔyɛ mmrahyɛbagua no muni ma Korle Klottey na ɔsan nso yɛ kan ɔmanpanyin a ɔhwɛ adwumayɛ ne adwumayɛfo telations so wɔ Ghana aban mu .

Adwuma[sesa]

Ashietey suaa adeɛ wɔ Kwame Nkrumah Suapɔn a ɛhwɛ Nyansahu ne Mfiridwuma so wɔ Kumasi, Ashanti Mantam ahenkuro wɔ Ghana. Owiee sukuu wɔ 1975 mu na onyaa Bachelor of Arts abodin krataa wɔ asetra ho nyansahu mu . Akyiri yi ɔbɛyɛɛ mmaranimfo wɔ afe 1986 mu bere a osuaa ade wɔ Ghana Mmara Sukuu mu akyi no . Ɔyɛɛ adwuma sɛ Ocerec Company Limited a ɛwɔ Accra no panyin ansa na ɔrekɔ amammuisɛm mu.

Amanyɔsɛm[sesa]

Ashitey yɛ adwumayɛfo panyin wɔ Tema Metropolitan Area fi 1993 kosi 2001. Ɔde ne ho bɔɔ National Democratic Congress na ɔgyinaa wɔn tekiti so wɔ Ghana amansan abatoɔ mu wɔ December 2004 mu, na ɔdii nkoguo ketewaa bi wɔ New Patriotic Party kandifoɔ Nii Adu Daku Mante anim. Mfeɛ nnan akyi no, ɔsan gyinaa nkongua korɔ no ara so, na ɔdii nkonim wɔ abatoɔ 50.6% ne dodoɔ no ara 2,622 (4.3%).

Wɔ afe 2009 mu no, Ɔmampanyin Mills paw no sɛ ɔmantam soafo ma Greater Accra Mantam no . Ɔkɔɔ so traa saa dibea yi mu wɔ Mills wu akyi. Bere a John Dramani Mahama dii nkonim wɔ Ghana amansan abatow mu wɔ December 2012 mu no, wɔpaw no sɛ ɔsomfo foforo a ɔhwɛ adwumayɛ ne adwumayɛfo ntam abusuabɔ so.

Hwɛ nso[sesa]

Korle Klottey

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]