Wassa East (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Wassa East (About this soundpronunciation of"Wassa East" ) yɛ mpɛsoa nom baako a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbedwam. Wɔyi mmarahyɛbedwanii baako a ne din wɔ abatoɔ nkrataa nom a ɔgyina hɔ ma saa mpɛsoa no. Wassa East wɔ mpohor/Wassa East mansini a ɛwɔ Ghana atɔeɛ mantam.[1]

Wassa East District yɛ abatoɔ mpesua du-nan a ɛwɔ Western mantam no mu, wɔ Ghana. Nkane no na saa abatoɔ mpesua yi ka Mpohor/Wassa East mansini no abatoɔ mpesua no ho wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe nwɔtwe mu (1988), a saa mpeusa yi nyinaa nso wɔtete firii nkane Wassa-Fiase-Mpohor mansini no abatoɔ mpesua no mu, ɛfiri berɛ a wɔtee mpesua no anaafoɔ-atɔeɛ fam no firii mu maa yɛbɛnyaa Mpohor mansini no wɔ ayɛwohomumɔ bosome no da a ɛtɔ so aduonu nwɔtwe wɔ afe mpem mmienu ne du-mmienu (2012) mu; ɛnam so ma yɛfrɛɛ abatoɔ mpesua no fa aka no sɛ Wassa East mansini. Abatoɔ mpesua yi hyɛ apuiɛ fam wɔ Atɔeɛ Mantam no mu a wɔn ahenkuro ne Daboase.[2]

Ɛhyeɛ[sesa]

Abatoɔ mpesua ahodoɔ a ɛne Wassa East mansini no bɔ hyeɛ bi ne Prestea-Huni Valley abatoɔ mpesua, Tarkwa Nsuaem abatoɔ mpesua, Shama abatoɔ mpesua, Mpohor Effia-Kwesimintsim abatoɔ mpesua no.[3]

Mmarahyɛbedwafoɔ.[sesa]

Abatoɔ Ekuoba Amanyɔkuo
Mfeɛ mpem mmienu ne du nsia Isaac Adjei Mensah[4] Kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia (2016) mu no, amanyɔkuo pii noa gyina peree mpesua no akonnwa nanso Isaac Adjei Mensah a ɔwɔ kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress na ɔdii nkunim ma no bɛyɛɛ mmarahyɛbedwanii maa Wassa East mpesua no.

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. FM, Peace. "Ghana Election 2016 Results - Wassa East Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2018-04-14
  2. https://en.wikipedia.org/wiki/Wassa_East_District
  3. https://en.wikipedia.org/wiki/Wassa_East_District#/media/File:Districts_of_the_Western_Region_(2019).png
  4. Ghana, ICT Dept. Office of Parliament. "Parliament of Ghana". www.parliament.gh. Retrieved 2018-04-14