Evalue Gwira (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Evalue Gwira
Mpɛsoa
a ɛwɔ Ghana mmrahyɛbadwam
MansiniAhanta West Mansini
MantamWestern Region, Ghana of Ghana
Mprenpren mpɛsoa
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MPKofi Arko Nokoe[1]

Kofi Arko Nokoe yɛ mmarahyɛbedwani ma Evalue Gwira mpɛsoa no. Wɔtoo no so aba yii no wɔ berɛ a na ɔwɔ kyineeɛ amanyɔkuo National Democratic Congress mu maa no nyaa mma mpem du nkron, ahannwɔtwe ne aduasa[2] a ɛyɛ mma dodoɔ a ɔde yɛɛ mmarahyɛbedwanii. Ɔdii Catherine Abelema Afeku a ɛbɛyɛɛ mmarahyɛbedwanii wɔ ɔsono amanyɔkuo New patriotic party mu adeɛ.

Abatoɔ[sesa]

Afe mpem mmienu ne aduonu (2020) mmarahyɛbadwam abatoɔ: Evalue Gwira.[3][sesa]

wɔ afe mpem mmienu ne aduonu (2020) abatoɔ mu no, amannyɔkuo ahodoɔ nan na wɔde wɔn ananmusifoɔ bɛgyinaeɛ sɛ yɛnto wɔn so aba ma wɔn mmɛyɛ mmarahyɛbadwafoɔ mma Evalue Gwira abatoɔ mpesua no. NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no de owura KOFI ARKO NOKOE na ɛbɛgyinaeɛ, NPP ɔsono amannyɔkuo no nso de Awuraa CATHRINE ABELEMA AFEKU na ɛbɛgyinaeɛ, amannyɔkuo a yɛfrɛ wɔn sɛ GUM nso de owura ELISHA JOSHUA KABENLAH na ɛbɛgyinaeɛ, amannyɔkuo a yɛfrɛ wɔn nso sɛ NDP nso de owura ASSUMAN FRANK AFFUL na ɛbɛgyinaeɛ.

Abatoɔ no baa awieɛ no, na NDC kyiniiɛ amannyɔkuo no ananmusini owura KOFI ARKO NOKOE anya mma no mu mpem du-nkron, ahanwɔtwe ne aduasa (19,830), a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduonum mmiensa ne akyiri pɔ aduanan mmiensa (53.43%). owura KOFI ARKO NOKOE de mma mpem du-nkron, ahanwɔtwe ne aduasa (19,830), na ɛdii nkunim wɔ Evalue Gwira abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ mu.

saa ara nso na NPP ɔsono amannyɔkuo no nso ananmusini Awuraa CATHRINE ABELEMA AFEKU nso nyaa mma no mu mpem du-nson, ahaanu ne aduowɔtwe nson (17,287), a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduanan nsia ne akyiri pɔ aduonum nson (46.57%). Awuraa CATHRINE ABELEMA AFEKU nso de mma mpem du-nson, ahaanu ne aduowɔtwe nson (17,287), na ɛtɔɔ so mmienu wɔ Evalue Gwira abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ mu.

Amannyɔkuo a yɛfrɛ wɔn sɛ GUM nso ananmusini owura ELISHA JOSHUA KABENLAH nyaa mma no mu hwee (0), a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu hwee ne hwee (0.0%). saa ara nso na amannyɔkuo a yɛfrɛ wɔn nso sɛ NDP nso ananmusini owura ASSUMAN FRANK AFFUL nyaa mma no mu hwee (0), a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu hwee ne hwee (0.0%). Amannyɔkuo yi mmienu nyinaa de hwee na ɛtɔɔ so mmiensa.

KOFI ARKO NOKOE

NDC

mpem du-nkron, ahanwɔtwe ne aduasa (19,830) ɔha mu nkyekyɛmu aduonum mmiensa ne akyiri pɔ aduanan mmiensa (53.43%)
CATHRINE ABELEMA AFEKU

NPP

mpem du-nson, ahaanu ne aduowɔtwe nson (17,287) ɔha mu nkyekyɛmu aduanan nsia ne akyiri pɔ aduonum nson (46.57%)
ELISHA JOSHUA KABENLAH

GUM

0 0.00%
ASSUMAN FRANK AFFUL

NDP

0 0.00%

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. http://www.ghanamps.gov.gh/mps/details.php?id=36
  2. MPs elected in the Ghanaian parliamentary election, 2020
  3. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2020/western/evalue_ajomoro_gwira/