Kofi Arko Nokoe

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Hon.
Kofi Arko Nokoe
Member of Parliament for
Evalue-Ajomoro-Gwira Constituency
Mprenpren
Bere
7 January 2021
OdikanfoCatherine Ablema Afeku
Ne ho asɛm
Awo bere13 May 1983 (1983-05-13) (age 40)
Axim, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
N'adwumaPolitician
N'adwumaAssistant Director
CommitteesSpecial Budget Committee; Foreign Affairs Committee

Kofi Arko NokoeGhana amanyɔni a ɔyɛ Ɔman Demokrasi Mmarahyɛ Badwa (National Democratic Congress) no muni.[1] Ɔyɛ Mmarahyɛbadwani ma Evalue-Ajomoro-Gwira Mmrahyɛbadwam mpɛsoa a ɛwɔ Atɔe Fam mantam mu.[2][3][4]

Ne mmofrase abrabɔ ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Nokoe wɔ Kotonimma bosome da a ɛtɔ so dumiɛnsa (13) afe 1983 mu na ofiri Axim wɔ Ghana Atɔeɛ Mantam mu.[5] Ɔhyɛɛ ne ntoaso sukuu ase wɔ Komenda Nhomasua Kɔlege (Komenda College of Education). Ɔkɔɔ Ghana Suapɔn (University of Ghana), na ɛhɔ na owiee ne Bachelor wɔ Adwinni mu abodin krataa wɔ Amanyɔsɛm adesua mu (Bachelor of Arts degree in Political studies). Nokoe nso wɔ abodin krataa wɔ Nkɔso Ho Adesua mu (master's degree in Development Studies) wɔ Kwame Nkrumah Suapɔn a ɛhwɛ Nyansahu ne Mfiridwuma so (Kwame Nkrumah University of Science and Technology).[6]

Adwuma[sesa]

Na Nokoe yɛ Ɔhwɛfoɔ Panyin (Senior Superintendent) wɔ Ghana Nhomasua Dwumadibea (Ghana Education Service). Na ɔsan yɛ Ɔkwankyerɛfo Boafo (Assistant Director) wɔ Mpɔtam Aban Dwumadibea (Ministry of Local Government).[5]

Amanyɔsɛm[sesa]

Mmarahyɛbadwani[sesa]

Nokoe dii nkonim wɔ mmarahyɛ badwa no mu sɛ obegyina Ɔman Demokrasi Mmarahyɛ Badwa (National Democratic Congress) ananmu ama Evalue-Ajomoro-Gwira Mmrahyɛbadwam mpɛsoa ansa na afe 2020 abatow no reba wɔ 28 Ɛbɔ bosome da a ɛtɔ so aduonu awɔtwe afe 2019 mu bere a ɔtoo abatow 546 a egyina hɔ ma 64.2% akyi a ɔboroo nea ɔne no resi akan titiriw, Herbert Kua Dickson a na ɔwɔ amba 297 a egyina hɔ ma 34.9% no so nkonim.[7]

bosome Ɔpɛnimma afe 2020 mu no, Odii nkonim wɔ Evalue-Ajomoro-Gwira Mmrahyɛbadwam mpɛsoa mu wɔ mmarahyɛ badwa abatoɔ mu a oyii mmarahyɛ badwani a ɔdi tumi seesei Catherine Ablema Afeku a ɔyɛ kan Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Nsrahwɛ, Amammerɛ ne Adebɔ mu (Minister of Tourism, Culture and Creative Arts).[3] Odii nkonim denam abatoɔ 19,830 a ɔnyaeɛ a ɛgyina hɔ ma 53.4% tiaa nea ɔsɔre tia no paa a ɔyɛ mmarahyɛbadwani a ɔdi tumi seesei, Catherine Ablema Afeku a ofiri Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforɔ (New Patriotic Party) a onyaa amba 17,287 a ɛgyina hɔ ma abatoɔ a wɔtoeɛ no mu 46.6%.[3][8] Evalue-Ajomoro-Gwira nkongua no yɛ nkongua a Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforɔ (New Patriotic Party) gyee fii Ɔman Demokrasi Nhyiam Kuw (National Democratic Congress) no nsam wɔ afe 2016 Mmarahyɛ Badwa Abatoɔ mu nanso kuw no antumi ankora so mfeɛ anan (4) foforɔ.

Boayikuw ahorow[sesa]

Nokoe yɛ Budget Boayikuo Titiriw no muni na ɔsan yɛ Amannɔne Nsɛm Boayikuo no muni.[5][9]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Nokoe yɛ Kristoni na ɔsom sɛ Methodistni.[5][10]

Ntotoho[sesa]

  1. "Enough of the thuggery, police inaction, we shall defend ourselves – NDC". Graphic Online (in British English). Retrieved 2021-01-07.
  2. "Investigate Adamus Mines disturbance-Evaloe-Gwira MP". BusinessGhana. Retrieved 2022-11-13.
  3. 3.0 3.1 3.2 "Elections 2020: NDC's Arko Nokoe floors Catherine Afeku in Evalue-Ajomoro Gwira". www.ghanaweb.com (in English). 2020-12-09. Retrieved 2021-01-07.
  4. "Stop the Hypocrisy- Ghana Gas Tells Nzema MPs". DailyGuide Network (in American English). 2022-06-21. Retrieved 2022-11-13.
  5. 5.0 5.1 5.2 5.3 "Parliament of Ghana". www.parliament.gh. Retrieved 2022-11-13.
  6. "How underdog Kofi Arko Nokoe defeated heavyweight Catherine Afeku". www.ghanaweb.com (in English). 2020-12-30. Retrieved 2021-01-07.
  7. "NDC Primaries: Kofi Arko Nokoe Wins Evalue-Ajomoro Gwira Constituency". Modern Ghana (in English). Retrieved 2021-01-07.
  8. FM, Peace. "2020 Election – Evalue Ajomoro Gwira Constituency Results". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 2021-01-07.
  9. "PROFILE: Hon. Kofi Arko Nokoe" (in British English). Archived from the original on 2022-11-13. Retrieved 2022-11-13.
  10. "Nokoe, Arko Kofi". Ghana MPS (in American English). Retrieved 2022-11-13.