Effia (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Effia(About this soundpronunciation of"Effia")  yɛ mpɛsoa nom baako a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbedwam. Wɔyi mmarahyɛbedwanii baako a ne din wɔ abatoɔ nkrataa nom a ɔgyina hɔ ma saa mpɛsoa no. Effia wɔ Sekondi Takoradi"Metropolitan Assembly" a ɛwɔ Ghana atɔeɛ mantam.[1]

Mmarahyɛbedwafoɔ.[sesa]

Wɔ afe mpem mmienu ne du nsia (2016) abatoɔ mu no, amannyɔkuo ahodoɔ beberee na wɔde wɔn ananmusini ba bɛgyinaa sɛ yɛnto wɔn so aba ma wɔmmɛyɛ mmarahyɛbadwafoɔ mma Effia abatoɔ mpesua no. Abatoɔ no baa awieɛ no, abatoɔ kɔmisa kyerɛɛ wɔ ne nkrataa mu sɛ, Ɔsono amannyɔkuo New patriotic party ananmusini a wɔde no baeɛ a yɛfrɛ no sɛ Joseph Cudjoe na wabɔ ne ho mmɔden adi nkunim wɔ abatoɔ no mu wɔ Effia abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa no abatoɔ no mu.

Abatoɔ Ekuoba Amanyɔkuo
Mfeɛ mpem mmienu ne du nsia Joseph Cudjoe[2] Ɔsono amanyɔkuo New patriotic party

Abatoɔ[sesa]

Afe mpem mmienu ne aduonu (2020) mmarahyɛbadwam akonnwa abatoɔ; Effia[sesa]

wɔ afe mpem mmienu ne aduonu (2020) abatoɔ mu no, Effia abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa abatoɔ mu no, ɔsono amannyɔkuo NPP de ananmusini a yɛfrɛ no sɛ owura Joseph Cudjoe na ɛbaeɛ, saa ara nso na kyiniiɛ amannyɔkuo NDC nso de ananmusini a yɛfrɛ no owura Michael Otoo na ɛbaeɛ.

Abatoɔ no baa awieɛ no na, ɔsono amannyɔkuo NPP ananmusini a yɛfrɛ no sɛ owura Joseph Cudjoe anya mma no mu Mpem du-nkron, aha nan ne aduoson nsia (19,476), a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduonum nkron ne akyiri pɔ duwɔtwe (59.18%). owura Joseph Cudjoe Mpem du-nkron, aha nan ne aduoson nsia (19,476) na ɛdii nkunim wɔ Effia abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa abatoɔ no mu.

saa ara nso na kyiniiɛ amannyɔkuo NDC nso ananmusini a yɛfrɛ no owura Michael Otoo nso nyaa mma no mu Mpem du-mmiensa, aha nan aduasa mmiensa (13,433), a sɛ yɛde kɔ ɔha mu nkyekyɛmu a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduanan ne akyiri pɔ aduowɔtwe mmienu (40.82%). owura Michael Otoo de mma Mpem du-mmiensa, aha nan aduasa mmiensa (13,433), na ɛtɔɔ so mmienu wɔ Effia abatoɔ mpesua no mmarahyɛbadwam akonnwa abatoɔ no mu.

Ananmusini Mma ɔha mu nkyekyɛmu%
JOSEPH CUDJOE

NPP

Mpem du-nkron, aha nan aduoson nsia (19,476) ɔha mu nkyekyɛmu aduonum nkron ne akyiri pɔ duwɔtwe (59.18%)
MICHAEL OTOO

NDC

Mpem du-mmiensa, aha nan aduasa mmiensa (13,433) ɔha mu nkyekyɛmu aduanan ne akyiri pɔ aduowɔtwe mmienu (40.82%)

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. NCCE holds debate for PCs in Effia Constituency". Today Newspaper. 2016-11-23. Retrieved 2018-04-14.
  2. Ghana, ICT Dept. Office of Parliament. "Parliament of Ghana". www.parliament.gh. Retrieved 2018-04-14.