Barbara Frances Ackah-Yensu

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Justice
Barbara Frances Ackah-Yensu
Ɔtemmuafoɔ Kunini
Mprenpren
Bere
2022
ƆmanpanyinNana Akufo-Addo
Appeal Court Judge
Bere
Ahinime 08, 2012 – Ɔpɛnimaa 2022
ƆmanpanyinJohn Mahama
High Court Judge
Bere
Ɛbɔ 16, 2003 – 2012
Ne ho asɛm
Awo bere
Barbara Frances Ackah-Yensu

Ɔgyefoɔ 02,1955
Ghana
Ne manGhana
Sukuu a w'akɔThe Queen's College, Oxford
N'adwumaƆtemmuafo

Barbara France Ackah-Yensu yɛ Ghanani mmaranimni. Ɔno ne Ɔtɛmmuafoɔ Kunini a ɔwɔ Ghana mprenpren.

N'abrabɔ Ahyɛaseɛ ne Nhomasua[sesa]

Wɔwoo Ackah-Yensu wɔ Ɔgyefoɔ 2, 1955 ɛwɔ Cape Coast. Wɔnyaa ne mmɔfra berɛ mu sukuu nteteyɛ wɔ Christ the King sukuu mu firi afe 1965 kosi 1967. Ɛno akyi no, wɔtoaa so wɔ Wesley Girl's High School de gyee O' level (Ordinary Level) ne A' Level (Advanced Level) abodin nkrataa no wɔ afe 1972 ne 1974 mu. Wɔ afe 1974 mu no, wonyaa hokwan kɔ suaa Psychology ne Sociology wɔ University of Ghana. Wonyaa abodin krataa wɔ Psychology ne Sociology mu wɔ afe 1977 mu. Wɔ berɛ a wowiee suapɔn no akyi no, wɔsan nso kɔsuaa Mmara (Qualifying Certificate in Law) wɔ suapɔn koro no ara mu firi Ɔpɛpɔn bosome no mu wɔ afe 1979 kosi Ɛbɔ bosome no mu wɔ afe 1979. Afei wɔtoaa so wɔ Ghana School of Law, ɛhɔ na wɔpaw no kɔɔ aban mu wɔ afe 1981. Wɔ afe 2010 mu no, wonyaa abodin krataa firii China Europe International Business School, na wɔ afe 2019 mu nso, wonyaa abodin krataa wɔ International Arbitration mu firii The Queen's College, Oxford hɔ. [1]

Adwuma[sesa]

Wɔ Barbara suapɔn nhomasua akyi pɛɛ no, wɔ kɔ yɛɛ Ɔman-atu-ho-ama (National Service) wɔ Ghana Reassurance Organisation a ɛwɔ Nkran no mu sɛ Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ adetɔn so (Marketing Officer) firi afe 1977 kosi 1979. Wɔ berɛ a wɔfrɛɛ no kɔɔ mmara mu no, wɔde ne ho dɔm ankorankorɛ adwumakuo bi te sɛ Lynes Quarshie-Idun & Co., National Investment Bank (NIB), Non-Performing Assets Recovery Trust, Ghanaian Australian Goldfields Ltd, Ashanti Goldfields Ltd, ne World Bank/Non-Performing Assets Recovery Trust a ɛwɔ Uganda.

Wɔ Benada, Ɛbɔ da ɛtɔ so du-nsia afe 2003 no, wɔsuanee Ackah-Yensu sɛ Ɔtɛnmuafo wɔ High Court a ɛwɔ Ghana.[1] Na ɔyɛ n'adwuma no wɔ Tema High Court kosii sɛ wɔde no kɔɔ Commercial Court. Wɔyeree ne ho yɛɛ adwumaden kosii sɛ wɔpaw no sɛ Ɔtɛnmuafo wɔ Appeal Court a ɛwɔ Ghana wɔ afe 2012 bosome Ahinime mu.[2][1]

Kuninin mu Hokwan ne Dwumadie[sesa]

Kitawonsa da a ɛtɔ so nnan afe 2022 mu no, Ɔmanpanin de Judicial Council ne Council of State afutuo yɛɛ adwuma yii Ackah-Yensu kaa atɛnmuafoɔ mmiɛnsa ho (George Kingsley Koomson, Samuel Kwame Adibu Asiedu, and Ernest Yao Gaewu) sɛ wonhwɛ sɛ wofata sɛ wɔyɛ adwuma wɔ Mmarahyɛbadwafie Kunini mu anaa. Wɔ Kitawonsa da ɛtɔ so aduonu-nnum afe 2022 mu no, Mmarahyɛbadwafie Kasamafoɔmmarahyɛbɛdwafie no de too dwa sɛ wɔmpɛɛpɛɛ nnipa nnan mu nhwɛ sɛ wofata ma dwumadie a wɔde rebɛhyɛ wɔn nsa no.[3]

Ahinime da a ɛtɔ so du-nnwɔtwe afe 2022 mu no, wɔtotoo Ackah-Yensu ano de hwɛɛ sɛ ɔfata anaa.[4]Ɔpɛnimaa da a ɛtɔ so nnson afe 2022, wɔgyee Ackah-Yensu ne Samuel Adibu Asiedu toom wɔ mmarahyɛbadwafie.[5] Abɛdwafoɔ no dii nnipa mmienu yi ho adanse sɛ wonim mmara no yie, wɔn ho akokwaw ma dwumadie no, na wɔsan nso wɔ suban pa. Wɔhyɛɛ bɔ sɛ wɔmma kwan mma ehu anaa osuro biara nka wɔn atɛnmuo biara.[6]Ɔpɛnimaa da a ɛtɔ so du-baako afe 2022 mu no, mmarahyɛbadwafie no gyee Ackah-Yensu toom na Ɔkasafoɔ Kunini de kaa ho sɛ Asiedu ne Ackah-Yensu ayɛ adwuma wɔ Mmarahyɛbɛdwafie Kunini hɔ mu akyɛ yie paa ara.[7] Ɔsan de kaa ho sɛ, " Acakah-Yensu yɛ ɔtɛnmuafoɔ a ɔbɔ ne ho mmɔden, ɔsuani a ɔda nsow, na ɔde adwumaden ne ahokeka ada no adi sɛ obi a ne ho akokwaw yie wɔ mmara mu. Minnim nea enti a wɔampaw no ntɛm anka Mmarahyɛbadwafie no mufoɔ ho".

Ɔmanpanin Nana Akufo Addo suanee Ackah-Yensu kɔɔ aban mu Wukuada, Ɔpɛnima da a ɛtɔ so aduonu-nnwɔtwe afe 2022 mu.[8][9][10]

N'asetena mu Nsɛm[sesa]

Ackah-Yensu aware awo mma nnum, mmarima nnan ɛna ɔbaa baako. Ɔyɛ Kristoni mapa a ɔkɔ Roman Catholic asɔre. N'ani gye aduaneyɛ, nnwom, asa, akwantuo ne akenkan ho. [11]

Baabi A Minyaa Mmoa Firii[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 27th-report-of-appointments-committee-on-the-Presidents-nominations-for-appointment-as-JSC.pdf, retrieved 2023-04-03
  2. 27th-report-of-appointments-committee-on-the-Presidents-nominations-for-appointment-as-JSC.pdf, retrieved 2023-04-03
  3. https://www.graphic.com.gh/news/general-news/president-nominates-4-to-supreme-court.html
  4. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Four-Supreme-Court-nominees-to-face-Appointments-Committee-today-1644890
  5. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Appointments-Committee-recommends-approval-of-Ackah-Yensu-Adibu-Asiedu-as-Supreme-Court-Justices-1676291
  6. https://www.graphic.com.gh/news/general-news/appointments-committee-approves-2-supreme-court-justice-nominees-fate-of-2-unknown.html
  7. https://gna.org.gh/2022/12/parliament-approves-nomination-of-justices-ackah-yensu-adibu-asiedu-to-supreme-court/
  8. https://www.businessghana.com/site/
  9. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Akufo-Addo-swears-in-two-new-Supreme-Court-Justices-1687391
  10. https://www.graphic.com.gh/news/general-news/appointments-committee-approves-2-supreme-court-justice-nominees-fate-of-2-unknown.html
  11. https://www.youtube.com/watch?v=L_lhv5r_Mss