Awareɛ
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu


Awareɛ yɛ amammerɛ kwan a Akanfoɔ fa so ka ɔbaa ne ɔbarima a wɔmfiri abusua korɔ mu, bɔ mu, di ho adanseɛ, gye wɔn to mu sɛ, wɔyɛ ɔyere ne okunu. Akanfoɔ amammerɛ ma ho kwan ma ɔbarima tumi ware ɔbaa baako anaa mmaa dodoɔ biara a ɔpɛ[1].
Ͻdomankoma a ɔbɔɔ adeɛ no ara na ɔbɔɔ awareɛ bataa onipa ho. Akanfoɔ gye di sɛ, awareɛ ka Onyankopɔn mmara no ho:ɛno nti, sɛ wɔyɛ nhyehyɛeɛ a ɛfa awareɛ ho a, na ɛkyere sɛ,wɔredi Onyankopon mmara no so. Akanfoɔ wɔ mmɛ ahodoɔ a, wɔde da wɔn gyidie a wɔwɔ no awareɛ ho no adi.Mmɛ no binom ne "Awareɛ nte sɛ nsafufuo na wɔaka ahwɛ". Wokɔ awareɛ a bisa", "Awareɛ nte sɛ ahwehwɛ", Esie animuonyam ne mmire", "Ɔbaa animuonyam ne ne kunu"[2].
Awareɛ ho Mfasoɔ
[sesa]1. Akanfoɔ awareɛ ka mmusuaban ahodoɔ nan no nyinaa bom. Yeinom ne ɔbarima no papa ne maame abusuafos ɛnna ɔbaa no papa ne ɔmaame abusuafoɔ.
2. Awareɛ boa yi obi firi asetena mu ahokyere mu, se ebia, se ɔbaako yare a, deɛ ɔwɔ ahoɔden no boa no wɔ n'ayaresa mu. Bio, sɛ owuo anaa ohia bi ba baako so a, ɔbaako no boa ma biribiara totɔ yie.
3. Ɛhyɛ ɔbaa no ne ɔbarima no nyinaa animuonyam. Akanman mu no, obi a waware no wɔ animuonyam wɔ n'abusua ne kuro a ɔfiri mu sene sɛbe, obi a ɔdi sigya.
4. Awareɛ boa ma abusua trɛ, ɛmma abusua no ngu da ɛfiri sɛ ɛma awoɔ ntoatoasoɔ.
6. Mmɔfra no a wɔbefiri awareɛ mu bɛba no yɛ animuonyamhyɛ ne banbɔ ma awarefoɔ no. Tete no, sɛ ɔko ba a, wɔn mma na na wɔde wɔn kɔ ako no. Sɛ awarefoɔ no nyini na sɛ wɔntumi nyɛ adwuma a, wɔn mma no na wɔbɛyɛ adwuma anya sika de bi ahwɛ wɔn awofoɔ no.
7. Awareɛ boa ma awarefoɔ no nya ɔhonam mu ahotɔ ne anigyeɛ ɛfiri sɛ ɛma nna mu kwan.
8. Awareɛ boa ma nnipa bɔ ɔbra pa. Ɛboa ma nipa toto biribiara a ɛfa won asetena mu no yie, ne titire ne wɔn sikasem ne agyapadeɛ ahodoɔ a wɔayɛ no[3].
Deɛ Ɛtia Akanfoɔ Awareɛ Mmara
[sesa]1. Obi nware ne busuani.
2. Obaa nware mmarima mmienu.
3. Okunafoɔ a ɔnyɛɛ n' amanneɛ no nware.
4. Ohene nware ɔkɔmfoɔ anaa okunafoɔ.
Akanfoɔ Awareɛ Ahodoɔ.
[sesa]Akanma mu no, awareɛ a ɛntia mmara no gu ahodoɔ pii. Ɛnonom ne asiwa, mpena-wareɛ,awarepa, ayetɛ, kuna-wareɛ,afena-wareɛ, awowa-wareɛ, kuna-wareɛ
Sɛ ɔbaa bi kunu wu na deɛ ɔbɛdi ɔbarima no adeɛ no ware ɔbaa kunafoɔ no a, ɛno ne kuna-ware no[4].
Baabia Mmoa Firi
[sesa]- ↑ G. Owurasah (2015-07), Language of Customary Marriage among Akans (in English), retrieved 2025-08-21
{{citation}}: Check date values in:|date=(help) - ↑ G. Owurasah (2015-07), Language of Customary Marriage among Akans (in English), retrieved 2025-08-21
{{citation}}: Check date values in:|date=(help) - ↑ J. W. A. Amoo (1946-10), "The Effect of Western Influence on Akan Marriage", Africa (in English), vol. 16, no. 4, pp. 228–237, doi:10.2307/1156609, ISSN 1750-0184, retrieved 2025-08-21
{{citation}}: Check date values in:|date=(help) - ↑ J. W. A. Amoo (1946-10), "The Effect of Western Influence on Akan Marriage", Africa (in English), vol. 16, no. 4, pp. 228–237, doi:10.2307/1156609, ISSN 1750-0184, retrieved 2025-08-21
{{citation}}: Check date values in:|date=(help)