Samuel Kwame Adibu Asiedu

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Justice
Samuel Kwame Adibu Asiedu
Ɔtemmuafoɔ Kunini
Mprenpren
Bere
Ɔpɛnimaa 28,2022
ƆmanpanyinNana Akufo-Addo
Appeal Court Judge
Bere
Ɔpɛnimaa 18, 2019 – Ɔpɛnimaa 2022
ƆmanpanyinNana Akufo-Addo
High Court Judge
Bere
Obubuo 22, 2006 – Ɔpɛnimaa 18,2019
ƆmanpanyinJohn Kufuor
Ne ho asɛm
Awo bereOforisuo 09,1966
Ghana
Ne manGhana
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana,Accra Academy, Ghana School of Law
N'adwumaƆtemuafoɔ

Samuel Kwame Adibu AsieduGhana mmaranimfoɔ. Ɔyɛ mmarahyɛni wɔ Ghana Mmarahyɛfie Kunini mu mprenmpren.

Abrabɔ ne Nhomasua[sesa]

Wɔwoo Asiedu Oforisuo da ɛtɔ so nkron, afe 1996, wɔ Nkran. Asiedu nhomasua firii ase wɔ Seventh Day Adventist (SDA) Primary School wɔ Koforidua, Kaneshie North 3 ne 4, Local Authority Primary School, Methodist Primary School wɔ Mangoase, ne Universal Academy Preparatory School wɔ Bubuashie. Asiedu de ne mfitiaseɛ nhomasua no baa awieɛ wɔ afe 1979. Wɔ saa afe koro no ara mu no, wonyaa hokwan firii ntoasoɔ sukuu ase wɔ City Secondary and Business College, ɛhɔ na wonyaa ne Ordinary Level anaa nea wɔtaa frɛ no O' Level Abodin Krataa no wɔ afe 1983. Afei wɔtoaa so wɔ Accra Academy na ɛhɔ na na wonyaa ne Advanced Level anaa nea wɔtaa frɛ no A' Level Abodin Krataa no wɔ afe 1985. Asiedu nyaa hokwan kɔɔ suapɔnUniversity of Ghana, na wɔsuaa Mmara (LLB) nyaa ho abodin krataa wɔ afe 1990 mu. Wɔ saa afe no ara mu no, wɔtoaa ne nhomasua so wɔ Ghana School of Law de nyaa abodin krataa wɔ afe 1992 mu na wɔde Sam Okudjeto Prize maa no bɔɔ n'aba so sɛ osuani a wɔbɔ mmɔden paa wɔ Legal Accountancy mu. Wɔ afe 2009 kosi 2011 mu no, Asiedu suaa Public Administration wɔ Ghana Institute of Management and Public Administration (GIMPA),wɔ afe akyi no, wɔkɔ suaa International Maritime Law wɔ University of Swansea na wonyaa abodin krataa (LLM) wɔ afe 2013. [1]

Adwuma[sesa]

Wɔ ne ntoasoɔ sukuu akyi no, Asiedu yɛɛ ɔman atu-wo-ho-ama adwuma (National Service) wɔ Kinbu Junior Secondary School firi afe 1986 kosi 1986. Akyiri yi, wɔkɔ kaa K. E. Wood and Company adwumayɛkuo no ho sɛ nhomakorafoɔ na wɔyɛɛ adwuma firi afe 1986 kosi 1987. Wɔ berɛ a wɔfrɛɛ nu kɔɔ mmara mu wɔ afe 1992 no, wɔyɛɛ ɔman atu-wo-ho-ama adwuma (National Service) a ɛtɔ so mmienu wɔ Legal Aid/Oyirifie Chambers wɔ Koforidua. [2]

Wɔ afe 1994 mu no, wɔkɔkaa Commission on Human Rights and Adnministration Justice (CHRAJ) adwumakuo ho sɛ aban nnipa a wɔagye no ato mu. Wɔ firii ase yɛɛ adwuma sɛ Magistrate wɔ afe 1996 de maa Judicicial Service of Ghana kosii sɛ wobɛyɛɛ Circuit Court ɔtɛnmuafoɔ. Asiedu bɛyɛɛ Mmarahyɛni wɔ High Court wɔ afe 2006 mu na afei nso wɔyɛɛ n'adwuma no bi nso wɔ Fast Track (Automated) High Court ne Commercial Court a ɛwɔ Nkran.[3] [4] Asiedu yeree ne ho yɛɛ adwumaden kosii sɛ wɔpaw no sɛ Mmarahyɛni wɔ Court of Appeal of Ghana wɔ afe 2019 mu.[5]Wɔ afe 2016 ne 2018 ntɛm no, wɔyɛɛ adwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛnisuapɔn Wisconsin University ne Central University mu. Wɔ berɛ a wɔyɛ adwuma wɔ Appeal Court no, Asiedu sane nso yɛɛ adwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛni panin wɔ Ghana School of Law firii afe 2020 kosii sɛ wɔpaw no sɛ odwumayɛfo wɔ Supreme Court wɔ afe 2022 mu.[1]

Asiedu aka Association of Magistrates and Judges kuo no ho firi afe 1996, wɔaka Institute of Taxation Ghana kuo no ho firi afe 2016 ɛna afei nso wɔyɛɛ Ghana Bar Association kuo no mu ni firii afe 1992 kosi 1996. Asiedu yɛ nnipa a wɔanya ne so mfasoɔ paa ma Judicial Training Institute firi afe 2016.[1]

Berɛ a wɔpaw no kɔɔ Mmarahyɛbɛdwafie Kunini mu[sesa]

Kitawonsa da a ɛtɔ so nnan afe 2022 mu no, Ɔmanpanin Nana Akufo Addo de Judicial Council ne Council of State afutuo yɛɛ adwuma paw Asiedu ne Atemmuafoɔ foforɔ mmiɛnsa a ɛka ne ho (George Kingsley Koomson, Barbara Frances Ackah-Yensu ne Ernest Yao Gaewu) kɔkaa Mmarahyɛfie Kuninin mufoɔ ho. Wɔ Kitawonsa da a ɛtɔ so aduonu-nnum afe 2022 mu no, Ɔkasafoɔ KunininMmarahyɛbadwafie (Speaker of Parliament) de too dwa sɛ wɔapaw Asiedu ne atɛnmuafoɔ a wɔka ne ho no na wɔhwehwɛɛ wɔn mu huu sɛ wofata anaa.[6][7]

Wɔ ɔsram Ahinime da a ɛtɔ so du-nkron afe 2022 mu no, wɔtotoo Asiedu ano de hwɛɛ sɛ ɔfata ma dwumadie a wɔde rebɛhyɛ ne nsa no anaa, [8] na ɛno akyi no, wɔpaw no ne Barbara Frances Ackah - Yensu sɛ wonsom wɔ Mmarahyɛfie Kunini no mu.[9] [10][11] Wodii Ackah-Yensu ne Asiedu ho adanse sɛ wɔnim mmara, wɔwɔ suban pa na afei nso wɔn ho akokwaw ma dwumadie no. Wɔsan nso kaa wɔn ho asɛm sɛ nnipa a wɔte wɔn ho ase na na wɔayɛ krado sɛ wɔde baakoyɛ bɛyɛ adwuma wɔ tebea biara mu.[12]Ɔpɛnimaa bosome no da a ɛtɔ so du-baako afe 2022 mu no, Ghana Mmarahyɛfie nu gyee Asiedu too mu.[13] Owura Alban Bagbin a wɔyɛ Mmarahyɛbadwafie Kasamafoɔno kaa Barbara ne Asiedu ho asɛm sɛ na wofata dadaada sɛ wɔyɛ adwuma wɔ Mmarahyɛbadwafie Kunini no mu. Bagbin sane nso bisaa nea enti a wɔgyaw Asiedu sɛ wɔnyɛ adwuma wɔ High Court berɛ a na wɔfata paa sɛ wɔyɛ adwuma wɔ Mmarahyɛbadwafie Kunini mu wɔ afe 2006 kosi 2019 mu. Owura Bagbin annya nteaseɛ wɔ nea enti a Asiedu anhwehwɛ dibea titiriw biara kosii sɛ wɔpaw no sɛ ƆtɛnmuafoɔMmarahyɛbadwafie Kuninin mu no.[14]

Ɔmanpanin Akufo Addo suanee Asiedu kɔɔ aban mu wɔ Wukuada, Ɔpɛnima da a ɛtɔ so 28 afe 2022 mu.[15][16][17]

Baabi A Minyaa Mmoa Firii[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 https://drive.google.com/file/d/1jQNsN06ZJPPSZKad07aObzUKGOgwAqew/view
  2. https://books.google.com.gh/books?id=pFDAl0ewIoQC&dq=adibu+asiedu&pg=PA14&redir_esc=y#v=onepage&q=adibu%20asiedu&f=false
  3. https://mobile.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Administer-justice-with-clear-conscience-Kufuor-114319
  4. https://books.google.com.gh/books?id=AZ-ebrmHCH0C&dq=asiedu+high+court&pg=PA34&redir_esc=y#v=onepage&q=asiedu%20high%20court&f=false
  5. https://www.businessghana.com/site/
  6. https://www.graphic.com.gh/news/general-news/president-nominates-4-to-supreme-court.html
  7. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Four-Supreme-Court-nominees-to-face-Appointments-Committee-today-1644890
  8. https://www.youtube.com/watch?v=jXsA2z3ABi4
  9. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Appointments-Committee-recommends-approval-of-Ackah-Yensu-Adibu-Asiedu-as-Supreme-Court-Justices-1676291
  10. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Appointments-Committee-recommends-approval-of-Ackah-Yensu-Adibu-Asiedu-as-Supreme-Court-Justices-1676291
  11. https://www.myjoyonline.com/appointment-committee-recommends-approval-of-2-out-of-4-justices-nominated-to-the-supreme-court/
  12. https://www.graphic.com.gh/news/general-news/appointments-committee-approves-2-supreme-court-justice-nominees-fate-of-2-unknown.html
  13. https://gna.org.gh/2022/12/parliament-approves-nomination-of-justices-ackah-yensu-adibu-asiedu-to-supreme-court/
  14. https://www.ghanabusinessnews.com/2022/12/11/speaker-bagbin-asks-why-elevation-of-judges-delays/
  15. https://www.businessghana.com/site/
  16. https://www.myjoyonline.com/akufo-addo-inducts-two-new-supreme-court-judges-into-office/
  17. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Akufo-Addo-swears-in-two-new-Supreme-Court-Justices-1687391