Rebecca Akufo-Addo

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Rebecca Akufo-Addo
Ghana ɔbea panyin
Assumed role
7 January 2017
ƆmanpanyinNana Akufo-Addo
OdikanfoLordina Mahama
Ne ho asɛm
Awo bere
Rebecca Naa Okaikor Griffiths-Randolph

March 12, 1951 (1951-03-12) (age 73)
Ne manGhanaGhana
NehokaniNana Akufo-Addo
Mma5
Parent(s)Jacob Hackenburg Griffiths-Randolph (father)
Frances Phillipina Griffiths-Randolph (mother)
AdesuaWesley Grammar School
Known forRebecca Akufo-Addo Foundation

Rebecca Naa Okaikor Akufo-Addo(About this soundsɛnea yɛbɔ "Rebecca Akufo-Addo" ) (a ne fie din de Griffiths-Randolph a ɔwoo no afe apem ahankron aduonum baako, [1951[1]])[2] no yɛ Ghanani ɔbaa a odikan wɔ Ghana[3][4][5], seisei a ɔyɛ Ɔmanpanin Nana Akufo-Addo yere, manpanin a ɔtɔso num wɔ kwasafoman a ɛtɔso nan wɔ Ghana.[6][7][8]

Abrabɔ Ahyɛaseɛ[sesa]

Akufo-Addo hyɛɛ nadesua ase wɔ Achimota School mfitiase sukuu mu. Ɔwiee Wesley Grammar School a ɛwɔ Dansoman, Ghana nkran mantam mu ha. Nawofoɔ ne asɛmdinin Jacob Hackenburg Griffiths-Randolph a na ɔyɛ ɔkyeamenhene wɔ Ghana ahosodie a ɛtɔ so miɛnsa no mmarahyɛ badwamu ɛnale Frances Phillipina Griffiths-Randolph (a nefiedin de Mann).

Adwumayɔ[sesa]

Rebecca Akufo-Addo toaa nadesua so wɔ Government Secretarial School ma ɔyɛɛ ɔtwerɛfoɔ[9]. Ɔyɛɛ adwuma wɔ Merchant Bank wɔ Ghana ha, na akyire no ɔkɔɔ aburokyire UK. Ɛno akyi no ɔyɛɛ mmara twerɛfoɔ maa Clifford Chance/Ashurst Morris Crispall, a wɔyɛ amanhodoɔ mmaradwuma a ɛwɔ United Kingdom hɔ.[10]

N'afisɛm[sesa]

Ɔwoo Rebecca Akufo-Addo Ɔbɛnem bosome no da a ɛtɔ so du-mmienu (12), wɔ afe apem ahankron aduonum baako,(1951)[11][12] a ɔyɛ Jocob Hackenburg Griffiths- Randolph ba baa a na ɔyɛ mmarahyɛbadwani kyeame wɔ Ghana ɛwɔ kwasafoman a ɛtɔ mmiɛnsa ne Frances Phillipina Griffith's-Randolph (nèe Mann)[13][3]. Ɔkɔɔ Achimota mfitiaseɛ sukuu ne Wesley Grammar sukuu a ne nyinaa wɔ Nkran.[14]

Malaria/ Yarefufuo

Ɔyɛ ahyɛasenin ne titenanin ma Infanta Malaria Prevention Foundation a wɔtee no afe mpem mmienu ne num (2005) sɛ wɔdereboa ɔman nhyehyɛeɛ a ɛrebrɛ motafowa ne mmɔfra atridii yadeɛ ase. Rebecca ne Nana Addo Dankwa Akufo-Addo aware mfeɛ aduonu mmienu (22). Afe mpem mmienu ne du-nson (2017) mu no, na wɔdii wɔn mfe aduonu awareɛ afahyɛ. Wɔwɔ mmabaa enum ne nananom enum.

Wɔsii Rebecca Akufo-Addo nkɔsoɔhemaa wɔ Adamanmu wɔ Ɔsanaa bosome no mu wɔ Afe mpem mmienu ne du-nkron (2019) mu, berɛ a na wɔredi wɔn Asafotufiami afahyɛ a ɛtɔ so aduowɔtwe mmienu (82) no. Ne nkodwadin de Naana Ode Opeor Kabukie I.

Akufo-Addo yɛ Accra Ridge Church asɔreba na ɔyɛ ɔkyitaanin ma Infanta Malaria tuwohoakyɛ kuo a wɔn botaeɛ ne sɛ ɔbɛsi mmɔfra atridii yadeɛ ano kwan.

Rebecca Akufo-Addo Foundation[sesa]

Ɔtee Rebecca Akufo-Addo Foundation wɔ Afe mpem mmienu ne du-nson (2017) mu a ɔde bɛboa aban nnwuma.wɔ mmaa ne mmɔfra ho. Afe mpem mmienu ne du-nson (2017)mu no, Rebecca Foundation ne Licang District Experimental School a ɛwɔ Qindao wɔ China no hyehyɛɛ nkrataa a ɛbɛma wɔn sukuufoɔ edu akɔ wɔn yɔnko manmu afe biara. Wei yɛ nhyehyɛe a wɔpɛɛ sɛ wɔde bɛhyɛ aman mienu yi mu asuafoɔ no akansie, adesua ne amamerɛ mu kena.[15]

Ahineme bosome no mu wɔ afe mpem mmienu ne du-nwɔtwe (2018) mu no, Rebecca Foundation hyɛɛ adwuma a ɔtoo din "Sua akenkan na kekan fa sua adeɛ." Wei yɛ deɛ ɛbɛma mmɔfra ani agye akenkan ho. Dwumadie no botaɛ bi ne sɛ wɔbɛsi akenkanbea bebree wɔ ɔman no mu, na wɔde nhyɛhyɛe ahodoɔ a ɛbɛma akenkan ne adesua ayɛ mmɔfra akɔnnɔ.[16]

Obubuo bosome no mu wɔ afe mpem mmienu ne du-nwɔtwe (2018) mu na wɔpaa dwumadie bi a wɔtoo din "Efirisɛ mepɛ sɛ me yɛ" ho ntoma. Dwumadie no bɛboa sɛ onnibie mmaayewa sukuukɔ bɛkɔ so.na afei wɔn a wɔannwie sukuu nso aboa wɔn adwumasua.[17]

Afe mpem mmienu ne du-nkron (2019) mu no Foundation no sii Pediatric and Intensive Care Unit (PICU) wɔ Korle Bu Teaching Hospital[18]. Ɔpɛpɔn bosome no mu wɔ afe mpem mmienu ne du-nkron (2019) no mu nso na ɔdaa "Free to Shine" adi. Ne botaɛ ne sɛ ɛbɛsi AIDS yadeɛ a ɛna de ma ɔba awoɔ mu no kwan, sɛdeɛ Organization of African First Ladies Against HIV and AIDS (OAFLA) ahyehyɛ no.

Ayɛwohomumɔ bosome no mu wɔ afe mpem mmienu ne du-nkron (2019) mu no Foundation no kyɛɛ ayaresahyɛn nsia maa ayaresabea ahodoɔ a ɛbɛpagya yarehwɛ mu[19]. Wɔn "Save the Child, Save the Mother" dwumadie no sii Baby Care Unit (MBU) ne Pediatric Intensive Care Unit (PICU) wɔ Komfo Anokye Teaching Hospital. Wɔn a wɔboaa Foundation no ne Multimedia Group, Komfo Anokye Teaching Hospital, Manhyia Palace ne Government of Japan. Saa dwumadie yi botaɛ ne sɛ ɛbɛte ɛna ne ɔba wuo awoɔ mu.

Ɛbɔ bosome no mu wɔ afe mpem mmienu ne du-nkron (2019) mu no ɔde adesrɛ a ɔde repɛ mmaa nkɔsoɔ too United Nation General Assembly anim. Ɔhwehwɛɛ sɛ ɛbɛboa mmaa ama wɔatumi ahwɛ wɔn fie ne wɔn mpɔtam yie. Na ɛyɛ nkyɛn dwumadie a Organization of African First Ladies for Development (OAFLAD) yɔɔɛ a wɔtoo din sɛ “Renewing commitment towards enhancing gender equality and women’s empowerment in Africa[20]

Ɔpɛpɔn bosome no mu wɔ afe mpem mmienu ne aduonu (2020) no mu na Foundation no Terema Women Empowerment Initiative dwumadie ne National Board for Small Scale Industries tetee mmaa saminayɔ mu. Ɔgyefuo bosome no mu wɔ afe mpem mmienu ne aduonu (2020) no Rebecca Foundation de nnuane a ɛsom sika GHS15,000 faa Enhancing the Youth through Education and Health (EYEH) "Soup Kitchen" dwumadie so maa mmɔfra a wɔte Accra mmɔnten so.[21] Oforisuo bosome no mu wɔ afe mpem mmienu ne aduonu (2020) yi ara mu no Foundation nam ne 'Relief Boxes Challenge' kyekyɛɛ adom-nnoɔma maa SOS Children's Village. Saa nhyehyɛeɛ yi boaa Ghana aban aduanekyɛ a ɔde faa akuo so maa amanfoɔ korona fietena berɛ no.[22]

Babia menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. http://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/entertainment/7-facts-about-First-Lady-Rebecca-Akufo-Addo-on-her-68th-birthday-729957
  2. [1] "7 facts about First Lady Rebecca Akufo-Addo on her 68th birthday". www.ghanaweb.com. 13 March 2019. Retrieved 2020-01-25.
  3. 3.0 3.1 [2] Kumasi (7 October 2012). "About the NPP: Nana Addo Danquah Akuffo-Addo". Archived from the original on 2013-09-28. Retrieved 7 October 2012.
  4. [3] "Pray for Akufo-Addo and the NPP – Rebecca Akufo-Addo". www.ghanaweb.com. Archived from the original on 2016-12-09. Retrieved 2016-12-09.
  5. https://web.archive.org/web/20130928042301/http://www.newpatrioticparty.org.uk/index.php?option=com_content&view=article&id=160%3Anana-addo-danquah-akuffo-addo&catid=58%3Apast-flag-bearers&Itemid=120
  6. [4] GhanaWeb (7 December 2016). "National Results For Ghana Presidential Election 2016". Ghana. Archived from the original on 9 December 2016. Retrieved 12 December 2016.
  7. Archive copy, archived from the original on 2016-12-09, retrieved 2022-02-21{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  8. Archive copy, archived from the original on 2022-02-23, retrieved 2022-02-21{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  9. https://www.ghanaweb.com/person/Rebecca-Akufo-Addo-3250
  10. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Profile-of-Ghana-s-First-Lady-Mrs-Rebecca-Akufo-Addo-499052
  11. [5] "Rebecca Akufo-Addo, Biography". www.ghanaweb.com. Retrieved 2021-03-13.
  12. https://www.ghanaweb.com/person/Rebecca-Akufo-Addo-3250
  13. https://web.archive.org/web/20130928042301/http://www.newpatrioticparty.org.uk/index.php?option=com_content&view=article&id=160%3Anana-addo-danquah-akuffo-addo&catid=58%3Apast-flag-bearers&Itemid=120
  14. [6] "Meet the incoming first family". kessbenfm.com. 30 December 2016. Archived from the original on 1 January 2017. Retrieved 31 December 2016.
  15. https://www.ghanabusinessnews.com/2017/11/29/rebecca-foundation-secures-exchange-programme-in-china-for-ghanaian-pupils/
  16. https://www.graphic.com.gh/news/education/rebecca-foundation-launches-project-to-inculcate-culture-of-reading-in-children.html
  17. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Rebecca-Foundation-launches-Because-I-Want-To-Be-project-708012
  18. https://starrfm.com.gh/2019/05/first-lady-commissions-new-rebecca-akufo-addo-picu-at-korle-bu/
  19. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Rebecca-Foundation-presents-ambulances-to-six-health-institutions-758518
  20. https://www.graphic.com.gh/news/general-news/empower-women-to-contribute-towards-welfare-of-families-communities.html
  21. https://www.graphic.com.gh/news/general-news/first-lady-supports-street-children.html
  22. https://www.graphic.com.gh/news/general-news/rebecca-foundation-relief-boxes-challenge-donates-to-sos-villages.html

Nkekahoɔ[sesa]