Nana Konadu Agyemang-Rawlings

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Nana Konadu Agyeman Rawlings
Agyeman-Rawlings in 2016
Ghana ɔbea panyin
Bere
31 December 1981 – 7 January 2001
ƆmanpanyinJerry John Rawlings
OdikanfoFulera Limann
AnanmusiniTheresa Kufuor
Bere
4 June 1979 – 24 September 1979
ƆmanpanyinJerry John Rawlings
OdikanfoEmily Akuffo
AnanmusiniFulera Limann
Ne ho asɛm
Awo bere
Nana Konadu Agyeman

17 November 1948 (1948-11-17) (age 75)
Ghana
Ne manGhanaGhana
NehokaniJerry John Rawlings
Mma4
AdesuaKwame Nkrumah University of Science and Technology
Known forFirst Lady, presidential candidate, and 31st December Women's Movement leader

Nana Konanadu Agyeman-Rawlings (Wɔ woo no 17 November 1948)[1][2] Yɛ ɔman panyin yere a odi wɔ Ghana man mu firi 4 June 1979 kosi 24 September 1979 ne 31 December afe 1981 kosi 7 January afe 2001[2] a na ne kunu ne ɔman Panyin Jerry John Rawlings. Wɔ afe 2016 mu no, ɔbɛyɛɛ obaa a odii kan kɔ pree Gana manpanyin agua.

Ne ho nsɛm[sesa]

Wɔ 7 November, afe 1948 mu no, J. O . T Agyeman ne ne yere woo Nana Konadu. ɔhyɛɛ sukuu ase wɔ Ghana International School ɔtoaa so kɔɔ Achimota School, beae a ohyiaa Jerry John Rawlings. ɔtoaa so kɔ gyee ntete wɔ suapɔn University of Science and Technology na na ɔne Asukuufo no kandifo wɔ Africa Hall. Wɔ afe 1795 mu no,ɔtoaa so kosua senea wosiesie ɔdan mu ma no nyaa abodin Krataa Diploma firii London College of Arts[3]

Nana Konadu ne Rawlings waree wɔ afe 1977 mu. wɔ woo wɔn ba a odikan Zenator wɔ afe 1978. Na Rawlings yɛ srani. Mmaa mienu ne obarima baako toaa so bae a wɔn din ne Yaa Asantewaa, Amina ne Kimathi[4]. Otoaa n'adesua no so mfie pii akyi ma no konyaa abɔdin krataa Diploma wɔ ahosiesie ho firii suapɔn bi a wɔfre o Ghana's Management Development and Productivity Institute wɔ afe 1979. Wɔ afe 1991 mu no[3], onyaa abodin kraa firii suapɔn Ghana Institute of Management and Public Administration

Nana Konadu Agyeman Rawlings bɛyɛɛ Ghana manpanin yere a odi kan bere a ne kunu beyee ɔman panyin wɔ bre tia bi mu wɔ afe 1979. ɔsan nyaa tumi wɔ afe 1981 mu ma no dii ade kosii afe 2001. Nana Konadu ne otitenani ma kuo bi a wɔfrɛ no 31st December Women's Movement. Wɔ afe 1982 mu no, wɔ too aba yii no sɛ otitenani abediakyire a odikan wɔ n'amanyuɔkuo mu bre a National Democratic Congress (NDC) redi adee ne mprenu soɔ wɔ ɔman paynini John Atta Mills bre so. Wɔ afe 2011 mu no, odii nkuguo wɔ bre a ɔne Atta Mills kɔpree amanyɔkuo no kandifoo agua no

Adesua[sesa]

Kwame Nkrumah University of Science and Technology, Kumasi, Ghana. Johns Hopkins University, Institute for Policy Studies, Baltimore

Adwuma ho nsɛm[sesa]

Wɔ nsɛm bi a Americafo Asoeɛ a ɛwɔ Ghana de too dwa mu no, kane manpanyin yere Nana Konadu Agyeman Rawlings kae sɛ ''ɛyɛ me botae sɛ mehu sɛ mma ade wɔn ho wɔ bebiara mu na w'atumi aboa ɔman no mpontuo, na afei nso w'anya kyɛfa wɔ sikasɛm ne amnyosɛm mu wɔ ɔman no mu...Mmaa yɛ ade a wɔboa ma asomdwoe ba mmusua mu , aman mu ne wiase afanaa nyinaa na ɛyɛ ade a ɛsɛ yɛ gye tom. Sɛ eyi betumi ayɛ yie a, ɛho behia sɛ wopagya mmaa wɔ amanyɔsɛm mu na wonya ntete wɔ senea wobetumi ahu na w'aboa mpontunwuma wo ɔman no mu''.

Eyi ne botae esi 31 December Women's Movement aniso, a Nana Konadu Agyeman Rawlings da ano no. Okyerɛkyerɛ mu sɛ, ''ɛyɛ ekuo a ɛnhye aban ase a n'anisoadehu ne sɛ ebenya saa nkoanim yi denam mmaa anoboaboa so''.Eyi da nkyɛn a , ne kuo bi wɔfrɛ no -Two million stron- yɛ ade a w'ate mfitiase sukuu bebro 870 wɔ ɔman Ghana mu, na w'aboa ama mmɔfra mpotuo ne mmusua nhyehyei anya nkoanim bebree.

Ghana kane manpnyin yere kae sɛ ɔbɛkɔso aboa mmaakuo ɛnfa ho sɛ ne kunu nyɛ ɔman panyin biom no. Ne kunu dii abantuguo asrafo anim wɔ afe 1981 mu ma wonyaa tumi, nanso w'amfano ansi so sɛ ɔman panyin kopim sɛ afe a edi hɔ no.ɔman no nyaa nkoanim tee ne ho fii asrafo aban ho maa afe 1992 mu no, abatoɔ kɔɔ so. Nipakuo bi a wɔfrɛ wɔon " the Baltimore Afro-American'' frɛɛ manpanyin yere '' mpontuwnwuma mu kunini'' . Wɔ kae sɛ Ghana adwumyɛfo dodoɔ no ara yɛ mma na ɛyɛ ade wɔpɛ sɛ wonyaa kyefa wɔ mpotuo a na erekɔ so no mu. ''Ansa na December 31, 1981 no, na mma nni nsonsuansoɔ biara wɔ amanyosem mu-mpo wɔ mmara a ɛfa mma ho. ɛde ne nkakra nkakra , maa mma tontɔn wɔn nsaase, wɔn ntama ne wɔn agude na ama w'anya sika.

Mmaa fahodie[sesa]

Wɔ afe 1980 mfiase no, mmaa kakra bi twe bɛn no a na wɔpɛ sɛ wɔte mmakuo nanso, wɔ nhyiamu kakra bi akyi no, hwee ankɔ so. ɔkae sɛ bre a obisaa wɔn nea wɔ pɛ sɛ wɔde saa kuo no yɛ no, ''ɛbɛdaa adi sɛ nea Yehia mmom ne sɛ yɛ hyɛ ase yɛ nneɛma a ebetuim de sika abre wɔn na aboa ama w'atumi aboa wɔn manfo wɔ mpontunwuma mu. Na mmaa no pii hia nneɛma bi te sɛ nsuo. Ekuo no kyerɛkyerɛ Ghana mmaa no senea wɔ yɛ nwuma nya sika, sie sika no bi na wɔde bi nso boa mpontunwuma. ɛhyɛɛ wɔn nkuran sɛ ɛsɛ wotumi ma wɔn ano du beguam wɔ wɔn nkura ase na wɔ kyerɛkyerɛ apɔwmden ne adesua ho nhyehyei mu kyerɛ wɔn. ɛyɛɛ nhyehye maa wonyaa mpanyinfoɔ sukuu mu kyɛfa ma ɛboa wɔn ma wosuaa akenkan ne akyerɛw - na wɔn mu pii yɛ ade wɔn ntumi nkenkan kampesɛ w'akyerɛw. Mmofra aware a na ɛrekɛso no yɛ ade a wɔkasa tiae na nhyehye ahorrɔw a ɛbɛboa ama nnuanepa ne apɔwmoden kɔɔ so. Wɔ afe 1991 mu no, denam Nana Konadu mmoa so no, Ghana beyɛɛ ɔman a edikan gyee Aman nkabom kuo nhyehyei a wɔfrɛ no United Nations Convention on the Right of the Child no too mu.

Denam n’anamontuo no so no, Owura yere Rawlings boae ma wɔgyee mmara bi a wɔfrɛ no  ‘’Intestate Sucession Law’’ a mmara no botae ne sɛ ebedi aboa wɔn a wɔn abuasuafoɔ awu wɔ bre a w’anyɛ nhyehyɛ biara anto hɔ de fa agyapadeɛ ho. Wɔ amamere mu no, Ghana mmaa nni agyapadeɛ biara mu kyɛfa wɔ wɔn kununom wuo akyi. Mmara foforo yi de nsakrae   mae wɔ sɛnea wɔkyɛ agyapadeɛ.

Owura yere Rawlings  Anamontuo no nso akyerɛkyerɛ nkurasefoɔ mmaa no sɛnea wobnya kyɛfa wɔ abatoɔ nsemnsem mu. ‘’ Ye de fuafua wɔn kosii sɛ wobehuu sɛ, hey, yɛmpɛ sɛ obi a onni yɛn motam ha begyina sɛ yɛnto ne so aba’’. ɔka kyerɛɛ Afrikan Report. ‘’ Mmaa no mu pii yɛ ade a wɔka akuo akuo ho wɔ wɔn nkurase ne mpesua ahorɔw so, wɔn mu binom di akuokuo no anim ma wɔyɛ nneɛma…metumi aka sɛ, y’anya wɔn so nsunsuanso na metumi hu sɛ, afei deɛ y’atumi afa ɔhaw kɛse no mu.’’ Wɔ afe 1992 mu no, mmaa 19 yɛ ade a wonyaa ho kwan kɔɔ mmaranhyɛ bugua mu sɛ mmarahyɛ baguafoo..

ɔkyerɛkyerɛ mu sɛnea sikasɛm ho nsɛm yɛ ade a ɛhaw wɔn no, Owura yere Rawlings de too Africa Report anim sɛ, ‘’ Na amanoni aman anamusifoɔ tenabea ahowrɔw ka sɛ yɛn kuo no yɛ amanyɔsɛm kuo ma enti, w’anto wɔn bo ase antie yɛn. ɛgyee bere pii ansa nnipa hyɛɛ ase tee yɛn nsɛm no ase…Mpɛn dodoɔ a mmaa de wɔn ho hyɛ amanyɔsɛm mu no, wiase no yiyie na ɛbɛyɛ esiane sɛ yɛnnwene ɔko ho, na hena na ɔrekɔ akɔyɛ atuo, na hena na ɔrekɔ akɔkum ne yɔnko.  Yɛpɛ sɛ yenya akwanya ahorɔw na yama wiase no ayɛ beae ɛyɛ anigye.’’ ɔyɛ ɔbaa  a ne ho akokwaw na afei nso afoforo pɛ n’asɛm paa.

1995 US nsrahwɛ[sesa]

Wɔ afe 1995 mu no, Ghana manpanyin yere ne ne kunu tuu akwan  kɔɔ nkurow akseɛ mu a ebi ne  New York, Chicago, Atlanta, Washinto, D.c, Houston,   Detroit, Lincoln, Pennsylvania ne Los Angeles a wɔn botae ne sɛ wɔbɛtwe afoforo ama wɔne Ghana abedi nsawɔsoɔ. Ne kunu ne ɔman panyin a odikan nyaa nsrahwɛ ho akwantuo wɔ United States nkuro nyinaa mu.

Ghana manpanyin yere kɔɔ nsrahwɛ wɔ United States nawɔtwe nnum konyaa kyɛfe wɔ nkyerɛkyerɛ bi a ɛkɔɔ so fa aboafoɔ ne nwumakuo ɛnhyɛ aban ase ho, ɛkɔɔ so wɔ sukuupon a wɔfrɛ no Johns Hopkins University a ɛwɔ Baltimore. Onyaa adansidie krataa  wɔ Akwan a  wɔfa so  gyegye sika, toɔ ho nhyehyɛi ne mpɔtam anoboaboa wɔ bre a owie no. Wɔ afe 1995 mu no, suapɔn a wɔfrɛ no Lincoln University a ɛwɔ Pennsylvania no bɔɔ ɔne ne kunu aba so

2016 abatoo[sesa]

Wɔ afe 2016 mu no,  ɔbɛyɛɛ obaa a odikan gyinaa sɛ wɔnto ne so aba nnyi no sɛ ɔman panyin wɔ Ghana man mu.  Wɔka faa ne ho sɛ ɔyɛ ‘’Hillary Clinton sɛsoɔ wɔ Afrika.  Sɛ nka otumi de n’amonyɔkuo foforo no dii nkonim wɔ afe 2016 mu a, na anka ɔbɛyɛ ɔbaa a odikan bɛyɛɛ manpanyin wɔ Ghana.

Nkekaho[sesa]

  1. https://www.ghanaweb.com/person/Nana-Konadu-Agyeman-Rawlings-1940
  2. 2.0 2.1 https://www.myjoyonline.com/
  3. 3.0 3.1 https://www.pulse.com.gh/news/politics/personality-profile-nana-konadu-agyeman-rawlings/24m7f6y
  4. https://www.modernghana.com/news/817210/nana-konadu-agyeman-rawlings-celebrates-69th-birthday.html