Mildred Christina Akosiwor Fugar

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Mildred Christina Akosiwor Fugar
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameMildred, Christina Sesa
date of birth12 Ayɛwohomumɔ 1938 Sesa
place of birthKananga Sesa
date of death9 Ayɛwohomumɔ 2005 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni Sesa

Na Mildred Christiana Akosiwor Fugar a ɔsanso de Mildred Ankrah (12 June 1938 – 9 June 2005) yɛ Ghana Omanpanyin dedaw Joseph Arthur Ankrah yere. Na wɔn atete no wɔ Belgian Congo ne Gold Coast, na ne wura bɛyɛɛ omanpanyin no, ɔyɛɛ adwuma faa asetena nu ntawantawade ne ɔsom mu ade.

Abakɔsɛm ne abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Wɔwoo no da a 3tɔ so du abien wɔ Ayɛwohomummɔ bosome afe dunkron aduosa awotwe wɔ Luluabourg, Belgian Congo (a afei ɛyɛ Kananga, Democratic Republic of Congo) maa Owura Benoni Kwaku Fugar, Ghanani, ne Owurayere Pauline Isombe Edembe Fugar, a ɔfiri Congo. Wɔ mmofra nson mu no na ɔtɔ so anan. Fugar hyɛɛ sukuu ase wɔ Keta Roman Catholic Convent wɔ Gold Coast (a afei ɛyɛ Ghana), wiee ntoaso sukuu wɔ afe dunkron aduonum nson na ɔtoaaso kɔɔ Universal Commercial College, Somenya. Mildred wiee n’adesua wɔ Universal Commercial College no,ɔhyɛɛ adwuma ase wɔ Central Revenue Service, a afei ɛyɛ Ghana Internal Revenue Service.[1] Odiikan hyiaa General Joseph Arthur afe dunkron aduosia abien bere a ne nua bea Florence kɔɔ Burma Camp kɔ kaa Ghana asraafo ho. Florence huu asraafo mpanyinfo abien bisaa wɔn beae a ɔbehu asraafo no panyin paa senea ɔbetumi de ne krataa bɛma no. Florence ho yɛɛ Ankrah anika ara ma ogyaw ne kwan kɔɔ ne fi kɛ huu n’abusua na 3hɔ na ohyiaa Fugar. Ankrah bɔ kɔkɔɔkɔ wɔ afe dunkron aduosia anum na ɛyɛɛ kakraa no wɔwaree.[1] Aban sesae a Ankrah bɛyɛɛ Ghana Omanpanyin no, Fugar nso bɛyɛɛ Ghana manpanyin yere. ɔyɛɛ adwuma titiriw wɔ asetena nu ntawantawade mu ne ɔsom mu.[1]

Owu[sesa]

Mildred wui da a ɛtɔ so nkron wɔ Ayɛwohomumɔ bosome afe mpem abien ne anum na wɔ siee no da a 3tɔ so aduonu nkron wɔ Ayɛwohomumɔ bosome wɔ Osu amusie wɔ Nkran.[2]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 Wives of Military Rulers". 28 February 2007. Retrieved 31 October 2016
  2. "Mildred Ankrah, Ex-First Lady of Ghana". Newsgroup: alt.obituaries.narkive.com. 11 June 2005. Retrieved 31 October 2016.