Ernestina Naadu Mills

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Ernestina Naadu Mills
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
name in native languageErnestina Naadu Mills Sesa
given nameErnestina Sesa
family nameMills Sesa
place of birthNkran Sesa
spouseJohn Atta Mills Sesa
languages spoken, written or signedEnglish, Ga Sesa
occupationAmanyɔni, educator, nutritionist Sesa
position heldGhana ɔbea panyin, Second Lady of Ghana Sesa
educated atAburi Girls' Senior High School, University of Ghana Sesa
academic degreediploma, Bachelor of Arts, master's degree Sesa
academic majorfamily and consumer science Sesa
work locationNkran Mantam Sesa
member of political partyNational Democratic Congress (Ghana) Sesa

Ernestina Naadu Mills(née Botchway) yɛ ɛnkane ɔmanpanin yere a ɔdikan wɔ Ghana ɛna ɔsane yɛ Ghana ɔkyerɛkyerɛfoɔ. Na ɔyɛ ɛnkane Ghana manpanin John Atta Mills yere(Kitawonsa bosome da a ɛtɔ so aduonu baako wɔ afe apem ahankron ne aduanan nan dekɔ Kitawonsa bosome da a ɛtɔ so aduonu nan wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu mu),ɛna Health Legend Foundation bɔɔ no abaso maa no gyee Humanitarian abasobɔdeɛ.[1] [2]Ɔsane bɛyɛɛ Ghana manpanin yere a ɔtɔ so mmienu firi afe apem ahankron ne aduokron nsia dekɔ si mfeɛ mpem mmienu ne baako(1996-2001). Ɔkyerɛɛ adeɛ bɛyɛ mfeɛ aduasa mmiɛnsa, a ɔkyerɛɛ adeɛ wɔ Aburi Girls' ntoasoɔ sukuu, Achimota sukuu ne Holy Trinity Cathedral ntoasoɔ sukuu. Ghana ne aman foforɔ ahyɛ no animuonyam wɔ mmoa a ɔde ma mmɔfra nnwomasua.[3][4]

N'abrabɔ ahyɛaseɛ ne nnwomasua.[sesa]

Wɔwoo Ernestina Naadu Botchway wɔ Nkran, a n'awofoɔ ne Cornelius Tete Botchway, a ɔyɛ kookoo krahyenii ne Madam Alberta Abetso Abbey, wɔn mmienu nyinaa firi Prampram kuro a ɛwɔ Nkran punpuni mantam.[5]Mills de nnwomasua nkrataa a kookoo dwumakuo de maa no a seisei deɛ yɛfrɛ no Ghana cocoa Board (COCOBOD) na ɛkɔɔ Aburi Girls'berɛ a ɛtwaa no ne nsɔhwɛ a wɔyɛɛ no wɔ sukuu mu hɔ no. Berɛ a ɔwie ne ntoasoɔ sukuu a ɔnyaa ne nkrataa no, ɔdii mfeɛ mmienu gyee nteteeɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛni wɔ specialist Training College(STC) Winneba.[5][6]

Aberɛ a ɔkyerɛɛ adeɛ wieeɛ wɔ Kotobabi sukuu a mma ne mmarima wɔm bɛyɛ mfeɛ mmienu no ɔsane kɔɔ STC kɔ nyaa Diploma wɔ Home Economics. Wɔ berɛ ɔguso regye nteteeɛ wɔ adekyerɛ mu no, ɔkɔɔ University of Ghana kɔwiee Bakyela of Arts degree wɔ sociology ne Psychology mu. Ɔsane toa ne Master so wɔ Sociology mu, a na ɔhwɛ sɛdeɛ ɔbɛsi asi atuturasɛm ano kwan.[5][7]

Nnwuma[sesa]

Ɔwie ne nkyerɛkyerɛ nteteeɛ no ɔkɔkyerɛɛ adeɛ wɔ Kotobabi (one) a ɛyɛ mma ne mmarima sukuu mfeɛ mmienu. [5]Aberɛ a ɔwiee ne Diploma wɔ Home Economics mu no ɔsane kɔɔ ne ntoasoɔ sukuu a ɔwie wɔ mu, Aburi Girls' kɔkyerɛɛ Home Economics, a ɔkyerɛɛ wɔn faa clothing and textile Design mfeɛ nkron. [6]Ɛno akyire no ɔkyerɛɛ adeɛ wɔ Holy Trinity Cathedral Sukuu ne Achimota sukuu. Ɔkyerɛɛ adeɛ bɛyɛ mfeɛ aduasa mmiɛnsa.[5][6]

Mills sane somm sɛ nwomasua tenetenefoɔ wɔ Nkran punpuni mantam. Wɔ n'adwumam sɛ ɔtenetenefoɔ no ɔne mantam tenetenefoɔ ne mansini tenetenefoɔ num bi na ɛbomm yɛɛ adwuma a ɔtenetene nkyerɛkyerɛ ne adesua ho nnoɔma na wɔsane hwɛ sɛ sukuu a ɛwɔ nkran punpuni mantam bɛkɔ tɔɔtee.[5][6]

N'abrabɔ[sesa]

Ernestina Naadu Mills waree ɛnkane Ghana manpanin John Evans Atta Mills ansana ɔrebɛwu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu mu berɛ a na ɔte akonnwa so. Mills yɛ Kristonio a ɔsom wɔ Legon Interdominational Church (LIC) a ɛwɔ Ghana suapɔn, Legon.[5]

Nnwuma Foforɔ[sesa]

Mills yɛ International Council on Alcohol and Addictions(ICAA) kuoba, ɛkuo a ɛkyerɛ amansan nsunsuansoɔ a ɛwɔ nnubɔne ne nsa mu sɛ obi de ka n'ano.[5]

Animuonyamhyɛ ne Nkaeɛ[sesa]

Wɔbɔɔ Mills abaso a wɔmaa no doctorate of humane nkrataa degree, a Goodwin College, East Hartford ne USA ka bomm de maa no wɔ sukuu no nhyiamudie wɔ Kitawonsa bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du baako sɛ watu ne ho adi hɔ de boa wɔn a anka wɔnni anidasoɔ sɛ wɔbɛkɔ sukuu no nnwomasua na ɔsane boaa mmaa sukuu nnwomasua wɔ Ghana.[1][2]

Wɔ ahinime bosome nom wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nan mu no, wɔmaa no ɔkodeɛ abasobɔdeɛ de hyɛɛ no animuonyam wɔ Honorary Lengendary Aware category firii Apomuden dwumakuo bi mu wɔ n'adwuma ne mmoa a ɔde boa apomuden beaɛ berɛ a na ɔyɛ ɔmampanin yere a ɔdikan ne nea ɛtɔ so mmienu wɔ wɔ Ghana no.[1][8]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 "Spy Ghana". 25 October 2014
  2. 2.0 2.1 Traynor, Melissa (9 June 2011). "Goodwin College Graduates Class Of 471". Courant Community. Retrieved 18 February 2021
  3. College honours Naadu Mills for contributing to child education". Modern Ghana. Retrieved 18 February 2021
  4. "College honours Naadu Mills for contributing to child education". BusinessGhana. Retrieved 18 February 2021
  5. 5.0 5.1 5.2 5.3 5.4 5.5 5.6 5.7 "Meet Naadu Mills - MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com. Retrieved 18 February 2021
  6. 6.0 6.1 6.2 6.3 Amamoo, Joseph (2011). Ghana: 50 Year of Independence. Xlibris Corporation. p. 699. ISBN 978-1-4628-3761-8.
  7. "Meet Naadu Mills". Modern Ghana. Retrieved 18 February 2021.
  8. realbossukule (25 October 2014). "Photos - H.E. Kuffour, Okyeame Kwame, Naadu Mills and more honoured". News Ghana. Retrieved 18 February 2021.