Afahyɛ
Afahyɛ yɛ amamerɛ ne amanneɛ soronko bi a yɛn nananom de gyaa abuasua, kuro, ɔsom anaa ɔman na wɔdi no afe biara de yɛ nkaedeɛ. Ɛyɛ dwumadie bi a yɛyɛ no afe no mu na ɛnyɛ afe no nyinaa na wɔde yɛ saa dwumadie no. Ɛwom sɛ ɛkɔ so wɔ berɛ tiawa bi mu deɛ nanso ɛnyɛ da baako na wɔde yɛ saa dwumadie yi. Afahyɛ bɛtumi ayɛ abosome (ɔsram) baako mu dwumadie anaa adaduanan. [1]
Abenfoɔ pii kyerɛ sɛ asɛmfua afahyɛ firi Latinfoɔ kasa mu na nsɛmfua ‘festum’ ne ‘Feria’ na ɛka bom yɛ saa asɛmfua yi. Wɔkyerɛ mu sɛ, Festum asekyerɛ ne “badwam anigyeɛ, osebɔ ne ahurisie”. Afahyɛ yɛ dwumadie bi a ɛyɛ nnipa dodoɔ ho adeyɛ na ɛka nnipa amammerɛ ho na ɛkɔ so wɔ afe ntam.[2]
Afahyɛ yɛ afe dwumadie a ɛka ɔman, kuro anaa ɔsom mufoɔ no nyinaa bom na ma wɔde kae Onyankopɔn, abosom, ahonhom ne nananom sane de anidie ma wɔn wɔ wɔn mmoa ne ahobammɔ.[1]