Alban Sumana Bagbin

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Alban Sumana Kingsford Bagbin
Speaker of the Parliament of Ghana
(7th Speaker of the Fourth Republic)
Mprenpren
Bere
7 January 2021
OdikanfoAaron Mike Oquaye
Second Deputy Speaker of Parliament
Bere
7 January 2017 – 6 January 2021
OdikanfoJoe Ghartey
AnanmusiniAndrew Asiamah Amoako
Member of Parliament for Nadowli West Constituency
Bere
7 January 2005 – 6 January 2021
OdikanfoNew constituency
AnanmusiniSumah Anthony Mwinikaara
Member of Parliament for Nadowli North Constituency
Bere
7 January 1993 – 6 January 2005
OdikanfoNew constituency
AnanmusiniConstituency changed
Minister for Health
Bere
26 January 2012 – 6 January 2013
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
OdikanfoJoseph Yieleh Chireh
AnanmusiniHanny-Sherry Ayitey
Minister for Water Resources, Works and Housing
Bere
10 January 2010 – 26 January 2012
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
OdikanfoAlbert Abongo
AnanmusiniE. T. Mensah
Ne ho asɛm
Awo bere24 September 1957 (1957-09-24) (age 66)
Sombo, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Sukuu a w'akɔ
N'adwumaLawyer

Alban Sumana Kingsford Bagbin (Wɔwoo no wɔ afe 1957, ɛbɔ bosome no mu) yɛ Ghana amanyɔni. Na ɔka Ghana mmarahyɛbadwa a edikan, ɛtɔ so mmienu, miɛnsa, ɛnan, ɛnum, nsia, ne nea ɛtɔ so nson no ho wɔ repɔblik nnan (4th Republic) no mu.[1] Na ogyina hɔ ma Bimbilla abatow mpesua a na ɛwɔ Ghana Atifi Mantam. Seisei ɔno nye Ghana mmrahyɛbadwa no kyeame.[2][3][4][5][6] Na Bagbin yɛ apɔwmuden soafo wɔ aban mu fi afe 2012, ɔpɛpɔn bosome no mu kosii ɔgyefo bosome no mu wɔ afe 2013, a Hanny-Sherry Ayittey besi n`ananmu.[7][8] Wɔ afe 2019 mu no, ɔkɔ preɛ manpanyin akonya agua wɔ National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuw no mu, nanso ɔmanpanyin dada John Mahama dii ne so nkonim.[9][10]ɔpɛpɔn bosome no mu, aafe 2021 no, wɔtoo aba yii Bagbin ma no bɛyɛɛ mmrahyɛbadwa fie kyeame wɔ Ghana mmrahyɛbadwa a ɛtɔ so nwotwe(8th parliament) wɔ repɔblik nnan(4th republic) yi mu.[2][11]

Abrabɔ ahyɛase ne skuul[sesa]

Wɔwoo Bagbin wɔ Ɛbɔ bosome ne da ɛtɔ so aduonu nnan (24) wɔ afe 1957 mu wɔ Bimbilla a ɛwɔ Ghana Atifi Mantam.[12] N`awofo nye Sansunni Bagbin(papa) ne Margaret B. Bagbin(maame) a wɔn nyinaa yɛ akuafoɔ. Ɔyɛ wɔn ba ɔtɔ so nnan wɔ wɔn mba nkron no mu na wɔyɛ Dagaaba ahosu kuw no mu fo.[13][14] Ofi sombo abusua a ɛwɔ Ghana atifi atɔei mantam (upper west region) mu. Beaɛ a onyaa n`adesua nteteeyɛ nye Wa ntoasoɔ skuul ne ntoasoɔ skuul a ɛwɔ Tamale. Bagbin nyaa abodin krataa, Bachelor of Arts degree wɔ borofo kasa ne mmra mu wɔ Ghana suapɔn keseɛ no mu wɔ afe 1980.[15]

Alban Bagbin toa ne nhomasua so wɔ Ghana mmranimfoɔ skuul(Ghana School of Law) a ɛwɔ MakolaNkran. Owiee sukuu yi ara pɛ na wɔfrɛɛ no kaa mmranyinfoɔ kuw no ho wɔ afe 1982 mu.[1] Bagbin san nyaa abodin krataa a ɛne, Executive Masters in Governance ne Leadership fii Ghana nteteeyɛbea a wɔfrɛ no, Institute of Management and Public Administration (GIMPA).[16]

N`adwumasɛm[sesa]

Bagbin yɛɛ adwuma sɛ ɔkyerɛwkyerɛwfo de maa Akontaabu adwumakuo (Statistical Service Board) no fi afe 1980 kosii afe 1982.[15] Ansa na Bagbin rokɔ Tripoli a ɛwɔ Lybia akɔkyerɛ ade wɔ wɔn ntoasoɔ skuul a ne din de Suk Juma Secondary School no, ɔkɔ yɛɛ adwuma sɛ ntotoeyɛfo panyin de maa erstwhile State Hotels Corporation, a na ɛyɛ ananmusifo ne ewiase nyinaa ahɔhodan kuw wɔ afe 1982 mu kosii afe 1983.[15]

Aber a Bagbin san baa Ghana wɔ afe 1986 mu no, ɔde ne ho kɔdom mmranyinfoɔ kuw a ne din de Akyem Chambers, na na atɛnbuafoɔ a wɔdi asɛm, ne wɔn a wɔkyerɛkyerɛ mmra mu na ɛwɔ saa kuw yi mu.[15] Ofii ase sɛ Attorney, na nkakrakakra ɔbɛyɛɛ kuw no mu ni. Abere a na ɛreyɛ adwuma wɔ Okyeman Chambers wɔ afe 1989 ne afe 1992 no, woyii no sɛ onyɛ external solicitor ɛmma Nii Ngleshie adehyeɛ abusua a ɛwɔ James Town no, Credit Unions Association of Ghana (CUA) ne ankoranko ndwumakuw ahorow pii a ɛwɔ Nkran.[15]

Aber na w`ayɛ adwuma mfe nson wɔ Okyeman Chambers no, wɔ afe 1993 mu no, ofii hɔ, na de bɛ si nnɛ, ɔyɛ Law Trust adwumakuw no mu ni.[15]

Bagbin yɛ Kristoni.[12]

Amanyɔsɛm[sesa]

Yɛtoo aba maa Bagbin kɔɔ mmarahyɛbadwam wɔ National Democratic Congress amanyɔkuw no din mu. Wɔpaw no de ma Bimbilla abatoɔ mpesua wɔ Ɔpɛnimaa 1996 Ghana abatoɔ mu. Onyaa 13796 mma efi 31169 mma a wɔtoo nyinaa mu; eyi gyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛm aduasa mmienu (32.1%). Wɔn a wɔne no gyinaa wɔ saa abatow no mu ne Aliu Aduna Mahama, Mohammed Ibn Chambas ne Justice K. Grundow. Wonyaa mma 9467 egyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛm aduonu mmienu (22.1%), mma 7488 egyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛm dunsɔn (17.4%), mma 418 egyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛm biako (1.0%). Wɔgyinaa wɔ Convention People's Party(CPP), National Democratic Congress(NDC) ne National Congress Party(NCP).[17]

Mmrahyɛbadwanyi[sesa]

1996 Abatoɔ[sesa]

Wɔ afe 1996 mu no, Bagbin dii nkonim wɔ Nadowli North abatoɔ mpɛsoa no so. Nnipa dodow a wɔtow aba no yɛ 19,485, na Bagbin nyaa mu 12,605 a ɛkyerɛ ɔha mu nhyehyɛmu aduoson nsia ne akyirpɔw aduanan nsia (76.46%), ɛnna Lawerence Banyen a ɔyɛ amanyɔkuw NPP mu ni no nyaa mba no mu 2,213 a ɛyɛ ɔha mu nkyekyɛmu dumiɛnsa ne akyiripɔw aduanan ebien (13.42%), Yuoni Moses Vaalandzeri a ɔyɛ PNC amanyɔkuw mu ni no nyaa mba 1,490, kyerɛ ɔha mu nkyekyɛmu nkron (9.04%) ne NCP amanyɔkuw no mu ni Baslide Kpemaal a ɔno nso nyaa mba no 177, kyerɛ ɔha mu nkyekyɛmu baako (1.07%).[18]

Afe 2000 Abatoɔ[sesa]

Wɔ aba a Ghanafoɔ tow yɛ wɔ afe 2000 mu no, Bagbin san dii nkonim wɔ ne mpɛsoa no so bio sɛ mmrahyɛbadwanyi wɔ Nadwoli North abatoɔ mpɛsoa no so.[19] Nkruɔfo dodow a wɔto maa no no yɛ 9,004, na na ɛyɛ ɔha mu nkyekyɛmu aduonum nwotwe ne akyirpɔw nsia (58.60%) wɔ aba no nyinaa mu.[19][20] Wɔn odii wɔn so nkonim no nye Dr. Anleu-Mwine D.B a na ɔngyina amnyɔkuw biaa akyir, amanyɔkuw Peoples National Congress ba Clement Kanfuri Senchi, amanyɔkuw New Patriotic Party ba Ningkpeng Pauline, John Bayon Boniface Wetol, Domayele Marcel Aston a na woyɛ National Reform Party amanyɔkuw no mu fo a na wofi United Ghana Movement Party kuw no mu.[19]

Afe 2004 Abatoɔ[sesa]

Wɔ afe 2004, aber na worebɛto aba no, wɔkyɛɛ Nadwoli North abatoɔ mpɛsoa no mu ebien, Nadwoli West ne Nadwoli East abatoɔ mpɛsoa. Wɔtow aba maa Bagbin sɛ mmrahyɛbadwanyi wɔ Nadowli West mpɛsoa no so wɔ afe 2004 abatoɔ no mu.[20][21][22] Onyaa aba dodow 11,296, kyerɛ ɔha mu nkyekyɛmu aduonum ne akyirpɔw nnum(50.5%) fii aba 22,349 no mu, kyerɛ Ghanafoɔ dodow a wɔto maa no. Wɔn a odii wɔn nkonim no nye, Clement K. Senchi(aba dodow a onyaa yɛ 625) a ɔyɛ People's National Convention amanyɔkuw no mu ni, Daniel Anleu-Mwine Baga(aba dodow a onyaa yɛ 5,297) a ɔyɛ New Patriotic Party amanyɔkuw no mu ni, Sasuu Bernard Kabawunu(aba dodow a onyaa yɛ 152) a ɔyɛ Convention People's Party amanyɔkuw no mu ni, Bisung Edward(aba dodow a onyaa yɛ 188) a ɔyɛ Democratic People's Party amanyɔkuw no mu ni ne Dapilaa Ishak(aba dodow a onyaa yɛ 4,791) a na ɔngyina amnyɔkuw biara anan mu.[20]

Mmrahyɛbadwa Kyeame[sesa]

Bagbin na seisei ɔyɛ Mmrahyɛbadwa kyeame wɔ repɔblik nnan(4th republic) no mmrahyɛbadwa a ɛto so nwotwe(8th parliament) no mu.[3] Wɔkaa ntam de no sii agua so wɔ Ɔpɛpɔn da a ɔtɔ so nson, afe 2021 mu, aber amanyɔkuw National Democratic Congress(NDC) yii no sɛ ɔnkɔ prɛ mmrahyɛbadwa kyeame agua no.[23] Bagbin dii Mike Oquaye, onii a amanyɔkuw NPP yii no sɛ ɔnkɔ prɛ mmrahyɛbadwa kyeame agua no so nkonim.[24]

N`abrabɔ[sesa]

Alban Bagbin yere nye Alice Adjua Yornas Bagbin, a ɔyɛ UNICEF kuw no fa a ɛwɔ Nkran no dwumadi sohwɛfo wɔ Ghana ha.[15] Bagbin yɛ nyamesomnyi a ɔkɔ asɔre wɔ Roman Catholic som bea.[16]

Beae a minyaa mmoa fii[sesa]

  1. 1.0 1.1 https://web.archive.org/web/20110711092417/http://www.ghanadistricts.com/mps/?r=9&PHPSESSID=0501f293c5cd91e99fadc9f36da77e8e&mpd=182&PHPSESSID=0501f293c5cd91e99fadc9f36da77e8e
  2. 2.0 2.1 https://www.myjoyonline.com/bagbin-elected-speaker-of-parliament/
  3. 3.0 3.1 /, archived from the original on 2021-10-21, retrieved 2022-04-26
  4. https://citinewsroom.com/2021/05/petition-parliament-over-exclusion-from-parliamentary-polls-bagbin-to-sall-residents/
  5. https://www.myjoyonline.com/speaker-alban-bagbin-urges-sall-residents-to-petition-parliament/
  6. https://www.peacefmonline.com/pages/politics/politics/202201/459185.php
  7. https://newsghana.com.gh/4-ministers-sacked-in-cabinet-shake-up/
  8. https://www.peacefmonline.com/pages/local/health/201206/118781.php
  9. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/NDC-presidential-primaries-John-Mahama-secures-landslide-victory-725758
  10. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/ndcvotes2019/
  11. https://www.myjoyonline.com/we-may-never-be-able-to-rely-on-bagbin-for-successful-government-business-deputy-speaker/
  12. 12.0 12.1 https://ghanamps.com/mp/dagmanyi-mpambi-george/
  13. https://yen.com.gh/facts-lifehacks/biographies/200732-alban-bagbin-age-wife-career-political-interests-latest-updates/
  14. https://kwekudee-tripdownmemorylane.blogspot.com/2014/07/dagaaba-dagartidagara-people-socially.html
  15. 15.0 15.1 15.2 15.3 15.4 15.5 15.6 https://citinewsroom.com/2021/01/profile-of-speaker-of-8th-parliament-alban-bagbin/
  16. 16.0 16.1 https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/features/Alban-Bagbin-10-important-facts-about-Ghana-s-8th-Speaker-of-Parliament-1148942
  17. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/northern/138/
  18. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/upperwest/257/index.php
  19. 19.0 19.1 19.2 https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/upperwest/257/index.php
  20. 20.0 20.1 20.2 https://library.fes.de/pdf-files/bueros/ghana/03610.pdf
  21. https://www.modernghana.com/news/31297/bagbin-speaks-on-2004-elections.html
  22. https://www.peacefmonline.com/pages/politics/politics/201806/355076.php?storyid=100&
  23. https://citinewsroom.com/2021/01/ndc-pitches-alban-bagbin-for-speaker-confirms-haruna-iddrisu-as-leader-in-parliament/
  24. https://www.adomonline.com/prof-mike-oquaye-retained-as-speaker-of-parliament/