Makola Gua

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Makola Gua yɛ gua a agye din a nnipa kɔ hɔ kɔtɔ na w'ɔtɔn ade wɔ Accra a ɛyɛ Ghana kuropɔn.[1][2] W'ɔtɔn nneɛma ahorow pii wɔ gua yi mu ne lɔre kwan ahorow a ɛwɔ gua no ho.[2] Adetɔnfo a wɔdɔɔso wɔ gua no mu yɛ mmea na wɔtɔn nneɛma bi te sɛ aduane mono, aduane a wɔde mmfiri ayɛ, ntaade, mpaboa, adwinnade, nnuru ne nkyɛnsee.[1] Wɔsan nso tɔn agude a wɔde nhene ayɛ wɔ gua no mu.[2] Sɛ wofa Ghana mmea a wɔtɔn ade wɔ gua so a, ɔha mu 70 no 24 tɔn wɔn ade wɔ Makola gua no mu.[1]

Abakɔsɛm[sesa]

Wosii gua no 1924 wɔ Accra na ɛbɛyɛɛ beae a nnipa pii bedi wɔn gua.[2] Na gua no bɛyɛɛ beae a nnipa betu nneɛma kɔtɔn na afoforo nso bɛtɔ wɔ Accra, beae a ɛho hia yiye ma Ghana.[2]

Beae a menyaa mmoa fii[sesa]

 

  1. 1.0 1.1 1.2 https://www.unwomen.org/en/news/stories/2019/6/feature-story-of-change-ghana-market-traders-blaze-trail-on-childcare
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 2.4 https://viewghana.com/shopping/makola-market/