Albert Abongo

Ɛfi Wikipedia

Albert Abongo (wɔwoo no September 15, 1959) yɛ Ghana amanyɔni ne amansan mfididwumayɛni.[1] Abongo firi Bongo mansini a ɛbɛn Bolgatanga kuro no a ɛwɔ Upper East mantam mu, na ɔyɛ kyiniiɛ amanyɔkuo( NDC) no mu kuoba ne mmarahyɛbadwani ma Bongo mansini no.[2][3]

Hon.
Albert Abongo
Member of the Ghana Parliament
for Bongo
Mprenpren
Bere
January 2001
OdikanfoSimon Alangde Asabo
Ɛdɔm keseɛ8,256
Minister for Water Resources, Works and Housing
Mprenpren
Bere
February 2009
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
OdikanfoBoniface Abubakar Saddique
Member of Parliament for Bongo Constituency
Bere
7 January 2005 – 6 January 2009
ƆmanpanyinJohn Kufuor
Ne ho asɛm
Awo bere15 September 1959 (1959-09-15) (age 64)
Gowrie-Bongo
Upper East Region
Ghana
Ne manGhana Ghanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Mma6
Sukuu a w'akɔKwame Nkrumah University of Science and Technology
N'adwumaCivil engineer

Abrabɔ ahyɛase ne nnwomasua[sesa]

Wɔwoo Albert Abongo wɔ afe 1959 mu wɔ Gowrie-Bongo wɔ Upper East RegionGhana.[4] Ɔwɔ Bachelor of Science abodin krataa wɔ civil engineering mu wɔ Kwame Nkrumah University of Science and Technology wɔ afe 1986. Ɔsan nso kɔɔ Trondheim Suapɔn wɔ Norway na osuaa Ports and Coastal Engineering wɔ afe 1992 mu.[3] Ɔyɛɛ adwuma sɛ civil engineer wɔ Ghana Ports and Harbors Authority ansa na ɔrehyɛn amammuisɛm mu. Ɔyɛ Kristoni na waware na ɔwɔ mma baason.

Amanyɔsɛm[sesa]

Abongo yɛ Kyiniiɛ amanyɔkuo (National Democratic Congress) no mu nipa na na ɔyɛ Upper East mantam no mu soafo.[5]Ɔpɛpɔn bosome mu wɔ mfeɛ 2009 mu no, Ɔmampanyin John Atta Mills paw no sɛ Ɔsoafo a ɔhwɛ Nsuo Ho Nneɛma, Adwumayɛ ne Adan So.[4] Ɔnyaa mmirikatuo mpɛn 4 wɔ n’adwuma mu sɛ mmarahyɛ bagua no muni a ɔgyinaa Bongo Mansin ananmu a ɔbaa n’adwuma mu wɔ Ɔpɛpɔn 2001 mu.[1] Na ɔsan yɛ boayikuw a ɛhwɛ Akwahosan, Ofie, Asase ne Kwae so no muni

Abatoɔ[sesa]

Abongo na wɔpaw no sɛ mmarahyɛbadwani ma Bongo mantam a ɛwɔ Upper East Region of Ghana nea edi kan wɔ afe 2004 Ghana amansan abatow no mu. Ɔdii nkonim wɔ National Democratic Congress tekiti so. Na ne mansin no yɛ mmarahyɛ bagua nkongua 9 no fa wɔ nkongua 13 a National Democratic Congress dii wɔ saa abatow no mu maa Upper East Region no mu.[6] National Democratic Congress dii nkonim wɔ nnipa kakraa bi a wɔka bom yɛ mmarahyɛ bagua nkongua 94 wɔ nkongua 230 mu.[7] Wɔde abatow 17,397 na ɛpaw no wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 28,645 mu. Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 60.7% yɛ pɛ. Wɔpaw no sen Abugre Felix a ofi People’s National Convention, Andrews Awuni Aberibire a ofi New Patriotic Party ne Amoro Mpuse a ofi Convention People’s Party mu. Eyinom nyaa abatow 719, 10,311 ne 218 wɔ abatow a wɔtow nyinaa mu. Eyinom ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 2.5%, 36% ne 0.8% yɛ pɛ.[8]

N'ankasa abrabɔ[sesa]

Abongo yɛ kristoni.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 MPs (in American English), retrieved 2023-10-10
  2. https://web.archive.org/web/20181108065632/https://www.pulse.com.gh/bio/albert-abongo-id5394968.html
  3. 3.0 3.1 https://web.archive.org/web/20200705223853/https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/republic/parliamentatian.php?ID=4
  4. 4.0 4.1 Minister for Water Resources, Works and Housing, retrieved 2023-10-10
  5. http://www.ghanalive.tv/2016/03/08/disputes-bane-of-north-albert-abongo/, retrieved 2023-10-10 {{citation}}: Missing or empty |title= (help)
  6. Kwaku Krobea Asante (2016-08-10), Statistics of Presidential and Parliamentary Election Results (in American English), retrieved 2023-10-10
  7. Peace FM (2014-12-17), Ghana Election 2004 Results - President, retrieved 2023-10-10
  8. Peace FM (2014-12-17), Ghana Election 2004 Results - Bongo Constituency, retrieved 2023-10-10