Joseph Yieleh Chireh

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Joseph Yieleh Chireh (wɔwoo no 8 Ɔpɛpɔn 1954) yɛ Ghana nnuruyɛfoɔ, mmaranimfoɔ, ɔman nanmusifoɔ ne amanyɔni . Ɔyɛ obi a na anka ɔyɛ mmrahyɛbaguani ma Wa West . Ɔsomm wɔ 4th Republic of Ghana mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nnan, 5, 6 ne 7 mu. Ɔsan yɛ Pan-African mmrahyɛbaguani .

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Chireh wɔ Lassia Tuolu a ɛwɔ Upper West Region wɔ Ghana. Ɔmaa osuaa ne ntoaso sukuu wɔ Navrongo Ntoaso Sukuu a ɛwɔ Upper East Region a osuaa ade maa ne GCE Ordinary ne Advanced level adansedi krataa no nyinaa. Ɔsuaa adeɛ wɔ Kwame Nkrumah Suapɔn a ɛhwɛ Nyansahu ne Mfiridwuma so firi afe 1975 na ɔnyaa Bachelor of Pharmacy abodin krataa wɔ afe 1979 mu. Ɔkɔɔ Ghana Mmara Sukuu wɔ afe 2001 mu na ɔfatae sɛ mmaranimfo wɔ afe 2006.

Amanyɔsɛm ne aman ntam nkitahodi adwuma[sesa]

Ɔyɛ National Democratic Congress no muni. Yieleh Chireh yɛɛ Adetɔ Adwumayɛkuo a PNDC Aban hyehyɛeɛ wɔ afe 1991 mu no Titenani. Sɛ́ oguamtrani no, wɔde anuonyam ma no sɛ odii anim wɔ nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ adetɔ mu nneyɛe bɔne ho wɔ Ministries, Departments and Agencies (MDAs) a wɔapaw mu a ɛda nsow wɔ wɔn mu ne Ministry of Health, Volta River Authority, Electricity Corporation of Ghana ne kan Post & Telecommunications Corporation nso.

Ɔasom wɔ dwumadie ahodoɔ mu firi Ɔmantam soafoɔ, Ɔmanpanin, mmrahyɛbagua muni kɔsi Ɔmanpanin a ɔhwɛ Mpɔtam Aban ne Nkuraaseɛ nkɔsoɔ so ne akwahosan soafoɔ nso.

mmrahyɛbaguani[sesa]

Ɔsii akan wɔ Wa West mantam mu atenaeɛ a wɔabɔ no foforɔ no mu wɔ Ghana mmrahyɛbagua abatoɔ mu wɔ December 2004 mu, a ɔdii nkonim ma ɔdii n’akongua wɔ Fourth Republic mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nnan no mu . Wɔpaw Chireh sɛ mmrahyɛbadwani ma Wa west mantam no wɔ afe 2004 Ghana amansan abatow no mu .[1] Ɔnam saayɛ so gyinaa amansin no ananmu wɔ Ghana republic a ɛtɔ so nnan no mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nnan no mu. Wɔde abatow 13,256 paw no wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 19,980 mu. Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu 66.3% yɛ pɛ. Wɔpaw no sen Vaari Matthew Saa-hi a ofi Nnipa Ɔman Nhyiam no mu ne Edward Yirimambo a ofi Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no mu . Eyinom nyaa abatow 653 ne abatow 6,071 wɔ abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu. Eyinom ne 3.3% ne 30.4% yɛ pɛ wɔ abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu. Wɔpaw Chireh wɔ National Democratic Congress tekiti so .[1] Wɔ saa abatoɔ no mu no, National Democratic Congress dii nkonim wɔ nnipa kakraa bi a wɔka bom yɛ mmrahyɛbagua ananmusifoɔ 94 wɔ nkongua 230 a ɛwɔ mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nnan a ɛwɔ Ghana man a ɛtɔ so nnan no mu.

2008,2012 abatoɔ[sesa]

Ɔkuraa n’akongua mu wɔ afe 2008 mu akyi a ɔdii nkonim a ɔnyaa abatoɔ 10,468 a ɛgyina hɔ ma 50% tiaa n’asɔretiafoɔ a wɔbɛn no paa Dari Daniel Kuusongno a ɔfiri New Patriotic Party, Edward B. Yirimanbo, ɔkannifoɔ a ɔde ne ho a na ɔwɔ abatoɔ 4,455 a ɛgyina hɔ ma 21.3% ne abatoɔ 5,541 a ɛgyina hɔ ma 26.5% na ɛwɔ hɔ. Wɔ mmrahyɛbagua a ɛtɔ so 5 no mu no ɔyɛɛ adwuma wɔ Amannɔne Nsɛm boayikuo, Adwumayɛ, Asetena mu Yiedie ne Ɔman Nnwuma boayikuo mu.

2016 abatoɔ[sesa]

Wɔsan too aba maa Chireh sɛ onnyina Wa West mantam no ananmu mma afe a ɛtɔ so nnan wɔ mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nson no mu. Ɔnyaa abatoɔ 12,658, 42.49% berɛ a n’asɔretiafoɔ titire mmienu Patrick Bandanaa, a ɔyɛ ɔkannifoɔ a ɔde ne ho ne Dari Daniel Kuusongno a ɔfiri New Patriotic Party a ɔhyiaa no wɔ afe 2008 mu no nyaa abatoɔ 8,806, 29.56% ne 7,415%, 24.89%.

Ɔman soafo a ɔhwɛ ɔman so[sesa]

Wɔ Ɔpɛpɔn 2009 mu no, Ghana Ɔmampanyin foforo John Atta Mills paw no sɛ Ɔmanpanyin a ɔhwɛ Mpɔtam Aban ne Nkuraase Nkɔso so. Ɔsom sɛ John Atta Mills aban mpanyimfo kuw no muni. Ɔsomm wɔ hɔ kɔsii 4 Ɔbɛnem 2011, berɛ a Ɔmanpanin, John Evans Atta Mills paw no sɛ Akwahosan ho Ɔsoafoɔ wɔ kabinet nsakraeɛ mu.

Adwumayɛfo fekuw[sesa]

Ɔyɛ Pharmacist a wɔakyerɛw ne din wɔ Ghana Pharmacy Council, ɔyɛ Ghana nnuruyɛ fekuw no yɔnko ne West Africa post graduate college of pharmacist no yɔnko. Ɔsan yɛ mmaranimfoɔ ne Ghana Mmaranimfoɔ Kuo no muni.

FBNBank Ghana no guamtrani[sesa]

Chireh yɛɛ adwuma sɛ board chairman maa FBNBank Ghana, First Bank of Nigeria Limited fa bi mfeɛ mmienu, mfeɛ 6 dii dwuma mfeɛ mmienu a ɛfiri afe 2014 kɔsi afe 2020.

Ankorɛankorɛ[sesa]

Chireh yɛ Kristoni na waware na ɔwɔ mma 4.

Hwɛ nso[sesa]

  • Rawlings aban no
  • Mills aban asomfo din a wɔahyehyɛ
  • Wa West mantam mu

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. 1.0 1.1 Elections 2004; Ghana's Parliamentary and Presidential Elections (PDF). Accra: Electoral Commission of Ghana; Friedrich Ebert Stiftung. 2005. p. 192.