Tripoli

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Tripoli(About this soundpronounciation of "Tripoli" ) (طرابلس‎‎) yɛ kuro titiriw a ɛwɔ Libya. Ɛno ne ɔman no Ahenkro ne afei kurow a ɛso paa wɔ Libya man no mu. Wɔ afe 2019 mu no, na nnipa a wɔwɔ kurow nom dodow yɛ ɔpepepem baako ne akyire.[1] Wobɛhu saa kurow yi wɔ Libya atifi fam wɔ anweatam no n'ano.[2] Nneɛma atitiriw a wobɛhu wɔ hɔ no bi nye Tripoli Po so Hyɛn gyinabea, ɔman no mfir dwuma bea a ɛso paa wɔ ɔman no mu, Tripoli Suapɔn ne beaɛ a Bab al-Azizia asraafo fie wɔ. Afei nso hɔm na wɔn manpanyin dada Muammar Al-Gaddafi n'abusua fie wɔ na asraafo fie hɔ na na ɔte bu ɔman no.

Nkurɔfo a wɔtee Tripoli man yi wɔ Sɛntri 7 BC mu no din de Phoenicians, na akyiri wode maa Libyco-Berber(Tete Libyafo) no ansa na ɛrebedi Greekfo nsam.[3] Esiane kurow sɛ kurow no wɔ abakɔsɛm pii nti, wɔwɔ nhomakroabea ne abakɔsɛm mbeaɛ pii wɔ mu.[4]Wɔnyaa edin Tripoli no fii Greek kasa mu a ɔkyerɛ nkurow mmieɛnsa.[5]

Tripoli Abakɔsɛm[sesa]

Phoenicianfo na wɔtee kurow no na wɔmaa no edin Libyco-Berber esiane sɛ na wodwen sɛ na saa beaɛ no yɛ kurow dada bi a na wɔfrɛ no Berber ananmu.[6] Nea ɛmaa saa nkorɔfo yi ani gyee beaɛ no nye Ɛpo sohyɛn gyina bea a na wobenya ne ahobanbɔ a na ɛwɔ hɔ esiane asaase no yɛbea ne nsu a na atwa wɔn ho akyia na ɛbɛma wɔahu wɔn Atanfo koraa ansa na woadu hɔ no maa wosoɛ hɔ.[7] Ɛkyiri wɔde kurow no hyeɛ Greek nkorɔfo nsa nanso ankyɛ na wɔde maa Carthaginians fo no.

Beaeɛ a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. https://www.macrotrends.net/cities/21782/tripoli/population
  2. https://www.whereig.com//libya/where-is-tripoli.html
  3. https://phdessay.com/history-colonization-libya-itsindependence/
  4. "tourist-attractions-of-libya/#:~:text=The%20first%20site%20that%20most%20tourists%20visit%20while,occupies%20the%20east%20quadrant%20of%20the%20old%20city". Archived from the original on 2022-01-23. Retrieved 2022-02-03.
  5. https://afrolegends.com/tag/meaning-of-tripoli/
  6. "https://www.tripolives.com/english/about-tripoli#:~:text=The%20Phoenicians%20founded%20Tripoli.%20It%20originally%20comprised%20three,Island%2C%20hence%20the%20name%20"Tripolis"%2C%20meaning%20"triple%20city"". Archived from the original on 2022-02-03. Retrieved 2022-02-03. {{cite web}}: External link in |title= (help); Unknown parameter |dead-url= ignored (help)
  7. https://www.weather-forecast.com/locationmaps/Tripoli-1.12.gif