Isaac Kwame Asiamah

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Hon.
Isaac Kwame Asiamah
MP
Minister of Youth and Sports
Bere
February 2017 – 6 January 2021
ƆmanpanyinNana Akufo-Addo
OdikanfoEdwin Nii Lante Vanderpuye
AnanmusiniMustapha Ussif
Member of Ghana Parliament for Atwima Mponua constituency
Mprenpren
Bere
7 January 2005
OdikanfoAkwasi Dante Afriyie
Ne ho asɛm
Awo bere24 December 1975 (1975-12-24) (age 48)
Mampong, Ghana
Ne manGhanaian 
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Mma3
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana, Ghana Institute of Management and Public Administration
N'adwumaResearcher
CommitteesMines and Energy Committee Poverty Reduction Strategy Committee

Isaac Kwame Asiamah (wɔwoo no 24 Ɔpɛnimma 1975)[1][2]Ghanaamanyɔni wɔ Ghana Amansin mu. Ɔyɛ Atwima Mponua Mmrahyɛbadwam mpɛsoa no Mmarahyɛbadwani. Ɔayɛ mmarahyɛbadwani ama Mmrahyɛbadwam mpɛsoa no wɔ mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so anan (4th), anum (5th), nsia (6th), nson (7th) ne awɔtwe (8th) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4th) mu.[3][4][5] Ɔyɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforɔ (New Patriotic Party) no muni. Efi bosome Ɔgyefoɔ afe 2017 kosi bosome Ɔpɛpɔn afe 2021 no, ɔyɛɛ Mmabun ne Agumadi ho Ɔsoafo (Minister of Youth and Sports).

Ne mmofraase abrabɔ ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Isaac Asiamah wɔ Mampong, GhanaƆpɛnimma da a ɛtɔ so aduonu anan (24), afe 1975 mu.[1][6][7] Ɔkɔɔ Ghana Suapɔn (University of Ghana), Legon baabi a onyaa Adwinni mu abodin krataa wɔ Asase ne Amanyɔsɛm mu (Bachelor of Arts degree in Geography and Political Science), wɔ afe 2000. Ɔkɔɔ Ghana Asoɛe a Ɛhwɛ Adwumayɛ ne Ɔmanfoɔ So (Ghana Institute of Management and Public Administration) na hɔ na onyaa ne master’s abodin krataa wɔ Aban ne Akannifo mu (master's degree in Governance and Leadership), na ɔwiee afe 2008.[6]

Adwuma[sesa]

Asiamah anya adwumayɛ ho nimdeɛ ahorow, a nea ɛka ho ne sɛ wɔde no yɛɛ adwuma sɛ Nhyehyɛe Ho Nhwehwɛmufo (Policy Analyst) wɔ Ɔman Ho Dɔ Kuw no Asafo Ti Foforo (New Patriotic Party Headquarters) a ɛwɔ Nkran (Accra) no. Na ɔsan yɛ Ɔman Mmabun Ɔkyerɛwfo (National Youth Secretary) wɔ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo (New Patriotic Party) no mu.[1]

Amanyɔsɛm mu adwuma[sesa]

Asiamah hyɛɛ Ghana amanyɔsɛm mu wɔ ne mmofraase bere a ɔsii akan na odii nkonim wɔ Atwima Mponua Mmrahyɛbadwam mpɛsoa abatow mu wɔ NPP tekiti so wɔ afe 2005 mu.[7] Bere a odii nkonim wɔ atenae no mu no, na wadi mfe aduonu akron (29 years old), na ɔyɛ mmarahyɛbadwani kumaa sen biara wɔ Ghana amanyɔsɛm abakɔsɛm mu.[8][9] Mprempren nea ɔwɔ mmarahyɛbadwani kumaa no abodin ne Francisca Oteng-Mensah a ɛwɔ afe 2016 mu no, wɔpaw no bere a na wadi mfe aduonu mmiɛnsa (23 years old).[10]

Mmabun ne Agumadi ho Ɔsoafoɔ[sesa]

bosome Ɔpɛpɔn afe 2017 mu no, Ɔmanpanyin Nana Akuffo-Addo yii no sɛ ɔmmɛyɛ Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Mmabun ne Agumadi so (Minister of Youth and Sports) wɔ Ghana. Wɔmaa no adwuma sɛ ɔmma agumadi mu nteɛso(sporting disciplines) ne dwumadi ahorow (activities ) a ɛwɔ ɔman Ghana no mu ntu mpɔn denam agumadifo nkumaa (young athletes) a ɔbɛma wɔanya nkɔso no so. Ɔmanpanyin no hyɛɛ no nkuran sɛ ɔmfa nhyehyɛe ahorow (structures) nsi hɔ a ɛbɛma Ghana agumadi ayɛ mmerɛw na ɔde adi dwuma sɛ asɛnka agua a ɔde bɛkyerɛ Ghana agumadifo (Ghanaian athletes) wɔ wiase asɛnka agua so (world stage).[8]

Mmarahyɛ Badwa no mu nhwehwɛmu[sesa]

Mmarahyɛ Badwa no Boayikuw a Wɔpaw Nipa (Appointments Committee) no hwehwɛɛ Asiamah mu wɔ Ɔgyefoɔ bosome da a ɛtɔ so nson (7) afe 2017 mu.[11] Wɔ nhwehwɛmu no mu no, ɔkaa n’adwene wɔ sɛdeɛ wɔbɛtumi ama agumadiɛ atu mpɔn wɔ Ghana. Nsakrae titiriw biako a na wabɔ ne tirim sɛ ɔde bɛba ne sɛ ɔbɛma nneɛma a ɛda adi pefee wɔ ɔman akuw ahorow ne aban no ho dwuma titiriw wɔ sika a wɔde ma ne akatua a wɔde ma agodifo no ho.[12]

Ntam a wɔka[sesa]

Ɔmanpanin Akuffo-Addo kaa ntam sɛ wɔde asoafoɔ a Mmarahyɛ Badwa no apene wɔn so no nyinaa bɛba wɔ Ɔgyefoɔ bosome da a ɛtɔ so du (10) afe 2017 mu.[13] Asiamah ka asoafoɔ foforɔ du a wɔnyaa wɔn asoafoɔ mmara sɛ wɔbɛhyɛ aseɛ ayɛ adwuma wɔ wɔn som adwuma ahodoɔ mu.[14][15][16][17]

Abatow[sesa]

Afe 2004 Abatow[sesa]

Wɔpaw Asiamah sɛ mmarahyɛbadwani maa Atwima Mponua Mmrahyɛbadwam mpɛsoa a ɛwɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana nea edi kan wɔ afe 2004 Ghana amansan abatow no mu.[5][18][19] Odii nkonim wɔ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforɔ (New Patriotic Party) no tekiti so.[18][19] Na ne Mmrahyɛbadwam mpɛsoa no yɛ mmarahyɛbadwam nkongua aduasa nsia (36) no fa wɔ nkongua aduasa nkron (39) a Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforɔ (New Patriotic Party) no dii wɔ saa abatow no mu maa Ashanti Mantam no mu.[20] Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforɔ (New Patriotic Party) no nyaa dodow no ara a ɛyɛ mmarahyɛ badwa nkongua ɔha aduonu awɔtwe (128) wɔ nkongua ahanu aduasa (230) mu.[21] Wɔde amba 30,012 na ɛpaw no wɔ abatoɔ a ɛfata a wɔtoeɛ nyinaa mu 44,217 a ɛne abatoɔ a ɛfata nyinaa mu 67.9% yɛ pɛ.[18][19] Onyaa amba sen John Macitse Oduro H. a ofi Ɔman Demokrasi Nhyiam Kuw (National Democratic Congress) no mu ne Stephen Osei Bossman a ofi Nhyiam Nnipa Kuw (Convention People's Party) no mu.[18][19] Eyinom nyaa abatow a ɛfata nyinaa mu 30.5% ne 1.7%.[18][19]

Afe 2008 Abatow[sesa]

Wɔ afe 2008 mu no, odii nkonim wɔ amansan abatoɔ no mu wɔ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforɔ (New Patriotic Party) tekiti so maa Mmrahyɛbadwam mpɛsoa koro no ara.[22][23] Na ne Mmrahyɛbadwam mpɛsoa no yɛ mmarahyɛ badwa nkongua aduasa anan (34) no fa wɔ nkongua aduasa nkron (39) a Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforɔ no dii wɔ saa abatow no mu maa Ashanti Mantam no mu.[24] Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforɔ no nyaa mmarahyɛ badwa nkongua ɔha nkron (109) wɔ nkongua ahanu aduasa (23)0 mu.[25] Wɔde amba 25,350 na ɛpaw no wɔ abatoɔ a ɛfata a wɔtoeɛ nyinaa mu 44,948 a ɛne abatoɔ a ɛfata nyinaa mu 56.4% yɛ pɛ.[22][23] Onyaa amba sen Amoah Sarpong a ofi Ɔmanfo Ɔman Nhyiam (People's National Convention) no mu, Ali Yeboah a ofi Ɔman Demokrasi Mmarahyɛ Badwa (National Democratic Congress) no mu, Kofi Takyi a ofi Demokrasi Nnipa Kuw (Democratic People's Party) no mu, Appiahhene Peter a ofi Nhyiam Nnipa Kuw (Convention People's Party) no mu ne Raphael Baffour Awuah a ɔyɛ ɔkannifo a ɔde ne ho. Eyinom nyaa abatow a wɔtow no nyinaa mu 0.68%, 32.01%, 0.42%, 1.12% ne 9.37%.[22][23]

Afe 2012 Abatow[sesa]

Wɔ afe 2012 mu no, odii nkonim wɔ amansan abatoɔ no mu wɔ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforɔ (New Patriotic Party) tekiti so maa Mmrahyɛbadwam mpɛsoa koro no ara.[26][27] Wɔde amba 33,961 na ɛpaw no wɔ abatoɔ a ɛfata a wɔtoeɛ nyinaa mu 59,300 a ɛne abatoɔ a ɛfata nyinaa mu 57.27% yɛ pɛ.[26][27] Onyaa amba sen Kwaku Agyemang-Mensah a ofi Ɔman Demokrasi Nhyiam Kuw (National Democratic Congress) no mu ne Frank Tachie Mensah a ofi Nhyiam Nnipa Kuw (Convention People's Party) no mu.[26][27] Eyinom nyaa abatow a wɔtow no nyinaa mu 41.94% ne 0.79%.[26][27] Wɔsan paw no wɔ afe 2016 ne 2020 amansan abatoɔ no mu sɛ ɔmmɛgyina hɔ wɔ Ghana Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so nson (7) ne awɔtwe (8) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) nyinaa mu.[26][27]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Asiamah aware a ɔwɔ mma baasa (3).[3][4] Ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni na ɔyɛ Anglikan Asɔre (Anglican Church) a ɛwɔ Ghana no muni.[3][4]

Hwɛ eyi nso[sesa]

Ntotoho[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 Ghana MPs. "Asiamah, Isaac Kwame". ghanamps.com. ghanamps. Retrieved 18 July 2017.
  2. "Hon. Isaac Kwame Asiamah". Odekro. Archived from the original on 8 August 2017. Retrieved 20 July 2017.
  3. 3.0 3.1 3.2 "Ghana MPs – MP Details – Asiamah, Isaac Kwame". 2016-05-06. Archived from the original on 6 May 2016. Retrieved 2020-08-02.
  4. 4.0 4.1 4.2 "Ghana MPs – MP Details – Asiamah, Isaac Kwame". 2016-04-24. Archived from the original on 24 April 2016. Retrieved 2020-08-02.
  5. 5.0 5.1 "Parliament of Ghana". www.parliament.gh. Retrieved 2020-08-02.
  6. 6.0 6.1 "Governance: Isaac Kwame Asiamah –Youth & Sports". Government of Ghana. Archived from the original on 7 August 2017. Retrieved 20 July 2017.
  7. 7.0 7.1 "Profile : Isaac Asiamah appointed Ghana new Sports Minister @NAkufoAddo". Ghana News Feed. Retrieved 20 July 2017.
  8. 8.0 8.1 "Profile of Isaac Asiamah ...The New Sports Minister". Peace FM Online. 13 January 2017. Retrieved 20 July 2017.
  9. "Youngest MP In Accident". Ghanaweb. 18 December 2006. Retrieved 21 July 2017.
  10. "NPP grabs 24 female MPs". Ghana Web. 16 Dec 2016. Retrieved 20 July 2017.
  11. "Vetting Live: Each Black Stars player earned $21,000 in just ended AFCON". Myjoyonline. 7 February 2017. Retrieved 20 July 2017.
  12. "I won't negotiate Black Stars bonuses – Isaac Asiamah". Pulse Ghana. 7 February 2017. Retrieved 20 July 2017.
  13. "President swears in last batch of sector minis". Ghana WEB. 11 February 2017. Archived from the original on 7 August 2017. Retrieved 20 July 2017.
  14. "Akufo-Addo swears in final batch of Ministerial nominees". Myjoyonline. 10 February 2017. Retrieved 20 July 2017.
  15. "OFFICIAL: Isaac Asiamah Sworn In As Sports Minister". Sports Obama. 11 February 2017. Archived from the original on 7 August 2017. Retrieved 20 July 2017.
  16. "Moys Congratulates Isaac Dobge on his Final Eliminator Victory (press release)". Ministry of Youth and Sports. 24 July 2017. Archived from the original on 7 August 2017. Retrieved 7 August 2017.
  17. "Isaac Kwame Asiamah –Youth & Sports". Government of Ghana. Archived from the original on 7 August 2017. Retrieved 7 August 2017.
  18. 18.0 18.1 18.2 18.3 18.4 FM, Peace. "Ghana Election 2004 Results – Atwima Mponua Constituency". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 2020-08-02.
  19. 19.0 19.1 19.2 19.3 19.4 Elections 2004; Ghana's Parliamentary and Presidential Elections. Accra: Electoral Commission of Ghana; Friedrich Ebert Stiftung. 2005. p. 120.
  20. "Statistics of Presidential and Parliamentary Election Results". Fact Check Ghana (in American English). 2016-08-10. Retrieved 2020-08-02.
  21. FM, Peace. "Ghana Election 2004 Results – President". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 2020-08-02.
  22. 22.0 22.1 22.2 FM, Peace. "Ghana Election 2008 Results – Atwima Mponua Constituency". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 2020-08-02.
  23. 23.0 23.1 23.2 Ghana Elections 2008. Ghana: Friedrich Ebert Stiftung. 2010. p. 59.
  24. FM, Peace. "Ghana Election 2008 Results – Ashanti Region". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 2020-08-02.
  25. FM, Peace. "Ghana Election 2008". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 2020-08-02.
  26. 26.0 26.1 26.2 26.3 26.4 Elections 2012. Ghana: Friedrich Ebert Stiftung. p. 130.
  27. 27.0 27.1 27.2 27.3 27.4 FM, Peace. "Ghana Election 2012 Results – Atwima Mponua Constituency". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 2020-08-02.