Mustapha Ussif

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Mustapha Ussif
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameMustapha Sesa
date of birth16 Ɔsanaa 1979 Sesa
place of birthGhana Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni, financial analyst, teacher Sesa
position heldMember of the 6th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Minister for Youth and Sports Sesa
educated atUniversity of Gloucestershire Sesa
residenceNkran Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa
candidacy in election2020 Ghanaian general election, 2016 Ghanaian general election Sesa
religion or worldviewIslam Sesa

Mustapha Ussif (wɔwoo no 16 Ɔsanaa 1979) yɛ Ghana amanyɔni. Ɔyɛ New Patriotic Party no muni na ɔyɛ Ghana Republic a ɛtɔ so anan (4) no mmarahyɛ badwa a ɛtɔ so awotwe (4) no muni a ogyina Yagaba-Kubori Mmmahyɛbadwa mpɛsoa ananmu wɔ Ghana Atifi Apueeɛ Mantam mu.[1] Wɔ 21 Ɔpɛpɔn afe 2021 mu no, Nana Akufo-Addo yii no sɛ ɔnsom sɛ Mmabun ne Agumadi ho Ɔsoafoɔ (Minister of Youth and Sports).[2][3]

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Ussif wɔ Ɔsanaa bosome da ɛtɔ so dunsia (16) afe 1979. Ofiri Tantaala a ɛwɔ Ghana Atifi Mantam mu. Ɔsuaa adeɛ wɔ Bagabaga Akyerɛkyerɛfoɔ Nteteeɛ Kɔlege (Bagabaga Teacher Training College) ne Anglia Ruskin Suapɔn mu (Anglia Ruskin University) baabi a onyaa ne Bachelor of Arts abodin krataa wɔ Amanaman Ntam Adwumayɛ mu (Bachelor of Arts degree in International Business and Management) wɔ afe 2010. Ɔtoaa so wɔ Gloucestershire Suapɔn mu (University of Gloucestershire) baabi a ɔwiee wɔ afe 2011 mu a onyaa abodin krataa wɔ Sikasɛm mu (master's degree in Finance and Investment).

Adwuma[sesa]

Ussif yɛɛ adwuma sɛ Sikasɛm mu Nhwehwɛmufo (Investment Analyst) wɔ Ray ne Nkitahodifo (Ray and Associates) a ɛwɔ United Kingdom - UK wɔ afe 2010. Saa afe no ara mu no, ɔde ne ho kɔbɔɔ Action Aid UK baabi a ɔyɛɛ adwuma sɛ Freelance Consultant.[4][5]

Amanyɔsɛm[sesa]

Mmarahyɛbadwani[sesa]

Ussif hyɛɛ mmarahyɛbadwa eduma ase wɔ Ɔpɛpɔn bosome da ɛtɔ so nson (7) afe 2013 wɔ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo (New Patriotic Party) tekiti so bere a odii mmarahyɛbadwani a ɔwɔ hɔ mprempren Abdul-Rauf Tanko Ibrahim so nkonim no. Ogyinaa Yagaba-Kubori Mmmahyɛbadwa mpɛsoa ananmu firi afe 2013 kosi afe 2017 wɔ mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nsia (6) no mu nanso ɛno akyi no ɔdii nkoguo wɔ mmɔden a ɔbɔeɛ sɛ wɔbɛsan apaw no akɔ mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson (7) no mu wɔ ne kan sɔretiafoɔ Abdul-Rauf Tanko Ibrahim a ɔfiri Ɔman Demokrasi Mmarahyɛ Badwa (National Democratic Congress) mu wɔ afe 2016 Ghana Amansan abatoɔ no mu.4][5 Wɔ saa mmarahyɛ badwa a ɛtɔ so nsia (6) no mu no, ɔsom wɔ Fam agudie ne Ahoɔden Boayikuw (Mines and Energy Committee) ne Daa Ahyɛde Boayikuw (Standing Orders Committee) no mu.[4][5]

Ogyinaa NPP mmarahyɛbadwa mfitiaseɛ abatoɔ (NPP's parliamentary primaries) a wɔansɔre antia no na wɔpaee mu kae sɛ ɔno ne onipa a ɔbɛgyina akuo no ananmu wɔ afe 2020 Ɔpɛnimma abatoɔ no mu.[6][7] Odii mmarahyɛbadwani a ɔdi tumi seesei (incumbent member of parliament) Abdul-Rauf Tanko Ibrahim a ɔhyiaa no mprenu wɔ abatoɔ a atwam no mu. Ɔde amba 18,153 edi nkonim a egyina hɔ ma 64.01% berɛ a nea ɔne no reko no nyaa amba 9,393 a egyina hɔ ma 33.14%.[1][8]

NSS no Ɔkwankyerɛfo Panyin[sesa]

Wɔ afe 2017 mu no, ɔmampanyin, Nana Akufo-Addo paw no sɛ ɔnyɛ Ɔman Ɔsom Nhyehyɛe (National Service Scheme) no kwankyerɛfo panyin (executive director) wɔ n’aban bere a edi kan no mu.[9]

Mmabun ne Agumadi ho Ɔsoafo[sesa]

Bere a ɔsan dii nkonim wɔ Yagaba-Kubori Mmmahyɛbadwa mpɛsoa atenaeɛ no mu wɔ afe 2020 mu no, Ɔmampanyin Nana Akufo-Addo paw no wɔ Ɔpɛpɔn bosome da ɛtɔ so aduonu baako (21) afe 2021 sɛ ɔnsom sɛ Mmabun ne Agumadi ho Ɔsoafoɔ (Minister of Youth and Sports) wɔ n’ahennie a ɛtɔ so mmienu (2) mu (second term).[2][3] Bere a ɔfaa nhwehwɛmu mu wɔ Ghana Mmarahyɛ Badwa mu na ɔtwam akyi no wɔkaa ntam sɛ ɔbɛdi dwuma wɔ Ɔbɛnem bosome da ɛtɔ so anum (5) afe 2021 ne asomfoɔ foforɔ aduonu nson (27) a wɔayi wɔn wɔ Jubilee House, Accra.[10][11][12]

N'asetra mu[sesa]

Ussif aware wɔ mma baanu. Ɔyɛ Kramoni.