Nkramosom

Ɛfi Wikipedia

Nkramosom (/ˈɪslɑːm/; Arabic: الإسلام, romanized: al-ʿIslām [ɪsˈlaːm]" wobrɛ woho ase ma Onyankopɔn"[1] [2][3]yɛ Abraham ɔsom baako a ɛgyina Qur'an so,ɛsom twerɛsɛm a nkramofoɔ kenkan [4] a ɛyɛ onyankopɔn (Allah) anom asɛm prɛkopɛ sɛdeɛ Muhammad, Nkramosom nkɔmhyɛni titire paa daa no adi no.[5][6] Ɛyɛ ɛsom a ɛtɔ so mmienu wɔ wiase mu a ɛbɛn kristosom a ɛwɔ nnipa bɛboro ɔpepem mmienu a wɔdi ɛsom no akyi a ɛgyina hɔ ma ɔhamu nkyekyɛmu aduonu num wɔ wiase nyinaa mu.[7][8] Nkramosom kyerɛ sɛ Onyankopɔn yɛ mmoburohunufoɔ, ɔwɔ tumi na ɔda sononko,[9] na adiifoɔ pii so atenetene nnipa, da twerɛsɛm no adi na nsɛnkyerɛnne a ɛfiri soro, a Qur'an no gyina hɔ ma ewiase adiyisɛm a ɛtwatoɔ ne Muhammad a ɔgyina hɔ ma " nkɔmhyɛfoɔ a ngosra"(Onyankopɔn nkɔmhyɛni a ɔtwatoɔ).[10][11] Muhammad (Sunnah) nkyerɛkyerɛ ne nnoɔma a ɔyɛ no a wɔde agu tete ho(hadith) ho no ma nkramofoɔ mmara foforɔ bi ma wɔdi so berɛ a Qur'an no ba wieeɛ no.[12] Nkramofoɔ gyedi sɛ Nkramosom na ɛda gyedie mapa a nkɔmhyɛfoɔ pii bi te sɛ Adam, Abraham,Moses ne Yesu ɛdaa no adi mpempii no.[13] saa adiyisɛm yi gyina Judaism ne kristosom so, a Nkramosom hunu no sɛ ɛyɛ yɛn nananom a wɔwɔ gyedie wɔ honhom mu.[14] Wɔsane hwɛ Qur'an no sɛ wɔyɛ ma Arabic no yɛ korɔgyee, a ɛbɛyɛ onyankopɔn adiyisɛm a ɛtwatoɔ ma nnipa.[15]Te sɛ Abrahamic ɔsom afoforɔ no, Nkramosom nso kyerɛ atɛmmuo a ɛtwatoɔ a ahotefoɔ no bɛnya akatua wɔ ɔsoro aheman mu(Hannah) na wɔn a wɔho nte no wɔbɛtwe wɔn aso wɔ ogyatanaa no mu(Jahannam).[16] Nnoɔma a wɔyɛ wɔ ɔsom no mu yɛ nnoɔma num a nkramofoɔ gyina so som, a ɛyɛ ɔhyɛ ma obiara, ne ɔsom no mmara(sharia) yɛdi akyiri, a ɛka abrabɔ ne mpɔtam mu nsɛm biara firi sikasɛm ne yɛn apomuden so dekɔ mmaa dwumadie ne nnoɔma a atwa yɛn ho ahyia.[17][18] Nkuro a ɛwɔ mecca,medi a ne Yerusalem yɛ efie ma beaeɛ mmiɛnsa a ɛyɛ kronkron wɔ nkramosom mu, wɔ n'akɛseɛ mu: Masjid al-Haram, Al-Masjid an-Nabawi, ne Al-Aqsa nkramosom dan.[19] Sɛ yɛhwɛ abakɔsɛm mu a, Nkramosom firi 7th century ahyɛaseɛ wɔ Arabian Peninsula a ɛbɛn mecca.[20] Ɔsom no frɛɛ Arabia abɔntene so berɛ Muhammad firii mu no, wɔ 8th century mu no, umayyad caliphate de mmara baeɛ bɛtoo yɛn so a ɛfiri Liberia Peninsula a ɛwɔ west dekɔ India valley a ɛwɔ apueɛ. Nkramosom Golden Age yɛ berɛ a wɔnam amammerɛ kwan so wahyɛ ato hɔ firi 8th century dekɔ 13th century, wɔ Abbasid caliphate so a na nkramofoɔ no nya abɔdeɛ mu nyansapɛ, sikasɛm, ne amammerɛ a ɛtu mpɔn.[21] [22]Nkuro ahodoɔ pii ne caliphates bi te sɛ Ottoman Empire, dwadie a ano yɛ den ne wɔn a wɔsesa firi wɔn som mu ɛnam Nkramosom nnwuma a wɔdie nti na ama Nkramosom no mu atrɛ(dawah). [23] Nnipa a ɛwɔ wiase a wɔyɛ nkramofoɔ pii no ara ayɛ Nkramosom nsɔre mmienu: a sunni(85-90%) [24]anaa Shia (10-15%); [25]woka bom a wɔ aman aduanan nkron no dɔɔso so paa ara yie. [26]Sunni-shia nsonsonoeɛ no ba wɔberɛ nteaseɛ nyɛ adwuma wɔ nea ɔbɛdi Muhammad na ɔnyaa amanyɔsɛm bi te sɛ adesua ne juridical nkyekyɛmu.[27] Nnipa ɔhamu nkyekyɛmu du mmienu Indonesia,ɔman a nkramofoɔ pii no ara te a agyedin; nnipa ɔhamu nkyekyɛmu aduasa baako te South Asia, [28]nnipa aduonu te Middle East -North Africa; na ɔhamu nkyekyɛmu du num te sub-saharan.[29]nnipa ɛwɔ nkramofoɔ mpɔtam nso ba America,China ne Europe.[30][31]Ɛwɔ sɛ nkramofoɔ yɛ " ekuo a ne som no yɛ hare"wɔ mfeɛ pii a ɛdi yɛn anim no,ɛnam sɛ a nnipa dɔɔso a yɛde torotoro setie a wɔnyɛ ma ɔsom foforɔ.[32]

N'abɔseɛ[sesa]

Wɔ Arabic no , Nkramosom (Arabic: إسلام lit. 'submission [to God]') yɛ edin a ɛfiri adeyɛ سلم (salama), ɛfiri triliteral root س-ل-م (S-L-M), a ɛka bom yɛ nsɛmfua mua a ɛgyina hɔ ma koro, ahofama, nokwaredie ne asomdwoe.[33] Nkramosom yɛ Form IV edin a yɛka no yɛanom a ɛkyerɛ sɛ "ahofama" anaasɛ " wode woho nyinaa ɛma". [34][35]Wɔ ɔsom mu no, ɛkyerɛ sɛ " wode woho ma Onyankopɔn apɛdeɛ". Nkramoni (Arabic: مُسْلِم), edin a yɛde ma obi a ɔwɔ nkramosom mu, active participle ma saa adeyɛ no ara na ɛkyerɛ sɛ "ahofama (de ma Onyankopɔn)" anaa "obi a ɔde ne ho(ma Onyankopɔn)". Edin Nkramosom ("ahofama") no wɔ nkyerɛaseɛ wɔ sɛdeɛ ɛpui wɔ Qur'an mu. Wɔtwe eti asɛm a ɛwɔ Qur'an no mu: "nnipa biara a onyankopɔn pɛ sɛ ɔbɔ ne ho ban no, ɔbui n'akoma ma nkramosom". [35] Afoforɔ nso kyerɛ nkramosom mu sɛ, sɛ woresane akɔ Onyankopɔn hɔ- ɛkyɛn sɛ woregye atom. Wɔ Hadith a ɛwɔ Gabriel mu no, Nkramosom gyina hɔ ma triad fa baabi a oman ka ho(gyedie), ne ihsan(nkunim).[36][37] Edin slim (Arabic: سِلْم) wɔ Arabic mu kyerɛ asomdwoe ne nkramosom.[38] Kasatɔmmɛ a ɛkyerɛ aseɛ ne sɛ 'ɔkɔɔ mu sɛ slim" (Arabic: دَخَلَ فِي السِّلْمِ) a ɛkyerɛ asomdwoe a obi de n'akɛseɛ kɔ onyankopɔn hɔ.[39] Wobɛtumi de edin Nkramosom agyina hɔ ama ahofama anaa ɔkwan nwanwasoɔ bi wɔ ɔsom nom,a wɔfrɛ no as-slim a ɛkyerɛ asomdwoe.[39][37] Tete no na wɔfrɛ nkramosom Mohammedanism wɔ wiase a wɔka borɔfo kasa. Wɔmfa edin no nni dwuma bio na ɛtɔ mmerɛ a wɔsusu sɛ ɛtia mmara, sɛdeɛ wɔka sɛ nnipa yɛ nkramosom fapem kyɛn onyankopɔn, a ɛbɛn Buddha a ɛwɔ Buddhism.[40] Atwerɛfoɔ bi de edin Mohammedanism no di dwuma sɛ adwuma nwanwasoɔ ma ɔsom sɛdeɛ wɔde ma nkramosom adesua a ɛwɔ hɔ no mu.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://www.britannica.com/topic/Islam
  2. https://www.history.com/topics/religion/islam
  3. https://www.dictionary.com/browse/islam
  4. "Archive copy". Archived from the original on 2016-07-29. Retrieved 2022-07-21.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  5. https://doi.org/10.1093%2Facref%2F9780195305135.001.0001
  6. https://doi.org/10.1093%2Facref%2F9780195305135.001.0001
  7. https://worldpopulationreview.com/country-rankings/muslim-population-by-country
  8. "Archive copy". Archived from the original on 2020-06-15. Retrieved 2022-07-21.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  9. https://en.wikipedia.org/wiki/Islam#CITEREFCampo2009
  10. https://doi.org/10.1093%2Facref%2F9780195305135.001.0001
  11. https://doi.org/10.1093%2Facref%3Aoiso%2F9780199812578.001.0001
  12. https://en.wikipedia.org/wiki/Oxford_University_Press
  13. https://books.google.com/books?id=WNId86Eu4TEC
  14. https://www.pbs.org/wgbh/globalconnections/mideast/themes/religion/index.html
  15. https://en.wikipedia.org/wiki/Islam#CITEREFBennett2010
  16. https://en.wikipedia.org/wiki/John_Esposito
  17. https://en.wikipedia.org/wiki/Islam#CITEREFEsposito2002b
  18. https://en.wikipedia.org/wiki/Encyclop%C3%A6dia_Britannica
  19. https://en.wikipedia.org/wiki/Yaroslav_Trofimov
  20. https://books.google.com/books?id=AQUZ6BGyohQC&pg=PA5
  21. https://en.wikipedia.org/wiki/George_Saliba
  22. https://web.archive.org/web/20150402150434/http://www.history-science-technology.com/articles/articles%208.html
  23. https://en.wikipedia.org/wiki/Thomas_Walker_Arnold
  24. https://books.google.com/books?id=D5_N97bAiJ0C&pg=PA3
  25. https://web.archive.org/web/20100706231326/https://www.cia.gov/library/publications/the-world-factbook/fields/2122.html
  26. https://worldpopulationreview.com/country-rankings/muslim-majority-countries
  27. Tayeb El-Hibri, Maysam J. al Faruqi (2004). "Sunni Islam". In Philip Mattar (ed.). The Encyclopedia of the Modern Middle East and North Africa (2nd ed.). MacMillan Reference.
  28. https://books.google.com/books?id=kaubzRxh-U0C
  29. https://www.pewforum.org/2011/01/27/the-future-of-the-global-muslim-population/
  30. https://www.aljazeera.com/amp/features/2018/03/07/islam-in-russia/
  31. https://www.thenational.ae/arts-culture/book-review-russia-s-muslim-heartlands-reveals-diverse-population-1.723230
  32. The Changing Global Religious Landscape
  33. http://www.studyquran.co.uk/20_SIIN.htm
  34. https://archive.org/details/islamreligionpeo00lewi
  35. 35.0 35.1 https://en.wikipedia.org/wiki/Islam#CITEREFGardetJomier2012
  36. https://en.wikipedia.org/wiki/Islam#CITEREFEsposito2000
  37. 37.0 37.1 https://archive.org/details/mosqueheartsubmi00mahm
  38. Archive copy, archived from the original on 2020-06-20, retrieved 2022-07-22{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  39. 39.0 39.1 Archive copy, archived from the original on 2020-06-20, retrieved 2022-07-22{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  40. Wilson, Kenneth G. The Columbia Guide to Standard American English. ISBN 0-231-06989-8. p. 291: "Muhammadan and Mohammedan are based on the name of the prophet Mohammed, and both are considered offensive."