Abdul-Rauf Tanko Ibrahim

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Abdul-Rauf Tanko Ibrahim yɛ Ghana amanyɔni, Development Planner/ Architect, Quantity Surveyor na ɔyɛ Fourth Republic of Ghana mmrahyɛbagua a Ɛto so Anan, Anum ne Nson a ɔgyina Yagaba-Kubori Mansin ananmu wɔ North Eastt Region of Ghana wɔ National Democratic Congress tekiti so.

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Abdul-Rauf Ibrahim wɔ 10 Ɔkɔtɔberɛ 1968. Ɔfiri Yagaba a ɛwɔ Ghana Atifi Apueeɛ Mantam mu. Ɔkɔɔ Navrongo Ntoaso Sukuu a ɔnyaa ne GCE ‘A’ Level Certificate wɔ afe 1989.

Adwuma[sesa]

Abdul-Rauf Ibrahim yɛ Tass Kalia Enterprise Limited no kwankyerɛfoɔ panin firi afe 1983 kɔsi afe 2016. Ɔsan nso yɛ Hajj Chairman wɔ Office of the President firi afe 2013 kɔsi 2016. Ɔyɛ Nkɔso Nhyehyɛefo, Ɔdansifo ne Dodow Nhwehwɛmufo .

Amanyɔsɛm[sesa]

Abdul-Rauf Ibrahim yɛ Ɔman Demokrasi mmrahyɛbaguani. Ɔsii akan na ɔdii nkonim wɔ afe 2004 Ghana amansan abatoɔ no mu wɔ National Democratic Congress tekiti so maa Yagaba-Kubori mantam a na ɛyɛ amansin foforɔ a na abatoɔ 6,460 wɔ abatoɔ 12,080 a ɛfata a wɔtoeɛ no mu ma enti ɛyɛ 53.5%. Ɔkuraa n’akongua no mu na ɔbɛyɛɛ mmrahyɛbagua a Ɛto so Anum a ɛwɔ Ghana Aman a Ɛto so Anan no muni wɔ afe 2008 mu. Wɔ afe 2012 mu no, ɔhweree n’akongua sɛ mmrahyɛbadwani wɔ afe 2012 Ghana amansan abatoɔ no mu maa Ussif Mustapha a ɔfiri asɔretiafoɔ Kuo, New Patriotic Party . Ɔsan gyinaa hɔ bio wɔ afe 2016 Ghana amansan abatoɔ no mu na ɔdii nkonim. Ɛno nti, ɔbɛyɛɛ Ghana Ɔmanpanyin a Ɛto so Anan no mmrahyɛbagua a Ɛto so Ason no muni wɔ National Democratic Congress tekiti so .

Na ɔka Atemmuo boayikuo no mufoɔ aduonu baako (21) nso ho, na ɔka Boayikuo a ɛhwɛ Akwan ne akwantuo so a emufoɔ dunan a wɔwɔ nsɛm a ɛfa Akwan ne akwantuo ho nyinaa wɔ ɔkwan a ɛkɔ akyiri so no ho. Na ɔyɛ Daa Nhyehyɛe Boayikuw no muni nso.

Ankorankoro asetra[sesa]

Abdul-Rauf Ibrahim aware a ɔwɔ mma baanum . Ɔyɛ Muslimi wɔ nyamesom mu.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]