Francisca Oteng-Mensah
| bɔbeasu | female |
|---|---|
| ɔman a ofiri mu | Ghana |
| name in native language | Francisca Oteng-Mensah |
| din a wɔde ama no | Francisca |
| abusua din | Oteng, Mensah |
| da a wɔwoo no | 14 Ogyefuo 1993 |
| beae a wɔwoo no | Mamponteng |
| languages spoken, written or signed | Asante Kasa, Brɔfo |
| n'adwuma | Amanyɔni, businessperson |
| dibea | Member of the 7th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana |
| educated at | Kwame Nkrumah University of Science and Technology, St Roses Senior High (Akwatia) |
| work location | Kwabre East (Ghana parliament constituency) |
| member of political party | New Patriotic Party |
| candidacy in election | 2016 Ghanaian general election, 2020 Ghanaian general election |
| religion or worldview | Kristosom |
Francisca Oteng-Mensah (wɔwoo no ɔgyefoɔ da ɛtɔ so du nan wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmiɛnsa 1993) [1][2] yɛ amanyɔkuo New Patriotic Party no mu ni ne mmarahyɛbedwani a ɔgyina hɔ ma Kwabre Apueɛ mpesoa so, ɔno ne mmarahyɛbadwani a osua koraa wɔ mmarahyɛbedwakuo a ɛtɔ so nnan no mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia mu.[3][4][5]
Ne mmɔfrase
[sesa]Wɔwoo Francisca wɔ Aboaso Ayaresabea wɔ Mamponteng,[1] a ɛwɔ Asante Mantam mu,[6] wɔ ɔgyefoɔ da ɛtɔ so 14, afe apem ahankron ne aduokron mmiɛnsa 1993. N’awofo ne Owura yere Joyce Oteng[1] ne Dr. Kwaku oteng [7] a ɔyɛ dɔkota ne dwadini, a ɔsan so yɛ ɔkwankyerɛfo ma adwumkuo a ne din de Angel Group of Companies.
Nwomasua
[sesa]Francisca kɔɔ mfiase sukuu ahorɔw miensa. Ɔkɔɔ sukuu a ne din de Manponteng Roman Catholic Sukuu, afei ɔkɔɔ Revival Preparatory sukuu a ɛwɔ Breman. Owie ne mfiase sukuu no wɔ savior international School. Owie ne J H S wɔ Angel Education Complex. Ɔtoa so kɔɔ St, Rpses Senior High Shool, faako a owie ne ntoasioɔ sukuu.
Ne botae a ɛne sɛ ɔbɛsua ade akɔ akyi no boa no ma no toaa so kɔɔ suapɔn a ɛne Kwame Nkruma University (KNUST) mano kosuaa mmaranim.[1] Francisca sii abatoɔ akansie no wɔ afe 2016 mu berɛ a na ɔwɔ ne mfeɛ mmienu soɔ wɔ Kwame Nkrumah University of Science and Technology.[8]
owo ne mfie mienu soo wo Kwame Nkrumah University of Science and Technology.
Nnwuma
[sesa]Ansa na ɔbɛyɛ mmarahyɛ baguani no, na ɔyɛ ɔkyerɛwfo ma adwumakuo a ɛne Angel Group of Companies a ɛwɔ Kumasi.[6] Wɔ ɔpɛnimaa bosome no mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nson 2017 mu no, wɔpaw no sɛ otitenani ma adwumakuo a ɛne National Youth Authority.[9]
Amanyɔsɛm
[sesa]Odii nkunim wɔ kwabre apueɛ a ewɔ asante mantam mu se mmarahyebedwani wo abatoɔ a ekɔɔ so wɔ afe 2016.[10] Sesei, ɔne mmarahyɛedwani a osuaa koraa wɔ mmarahyɛbedwa no a w'adi mfehyia 23.
Ɔsom
[sesa]Francisca yɛ Kristoni a ɔsom wɔ Asembles of God asore.[6]
Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- 1 2 3 4 https://www.ghanastar.com/news/meet-youngest-mp-ms-oteng-mensah/
- ↑ Archive copy, archived from the original on 2023-07-06, retrieved 2022-06-26
{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link) - ↑ http://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/artikel.php?ID=362590
- ↑ Archive copy, archived from the original on 2015-06-18, retrieved 2022-06-26
{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link) - ↑ Archive copy, archived from the original on 2021-05-26, retrieved 2022-06-26
{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link) - 1 2 3 http://ghanamps.com/mps/details.php?id=5334
- ↑ Archive copy, archived from the original on 2022-05-27, retrieved 2022-06-26
{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link) - ↑ https://web.archive.org/web/20150721113256/http://elections.peacefmonline.com/pages/politics/201506/244899.php
- ↑ http://www.ghananewsagency.org/sports/francisca-oteng-mensah-heads-nya-governing-board-126639
- ↑ https://ghanafuo.com/2016/12/meet-francisca-oteng-mensah-younges.html